• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/21/2022
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom
0
SHARES
2.7k
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Hwan ne Ɔkanni? Ɔkanni ne obi a ɔbɔ abusua ne ntɔn, na ɔdi ade kɔ ne na, anaa ne maame abusua mu. Yei kyerɛ sɛ, abusua anaa abusubɔ yɛ Ɔkanni biara ho adeɛ. Abusua gyina hɔ ma nnipakuo bi a wɔfiri mogya baako mu, na wɔto wɔn nkyi kɔsi ɛna baako so. Obi frɛ obi sɛ ne busuani a, na ɔrekyerɛ obi a ɔne no afa kwan bi so aka abɔ mu sɛ nnipa baako, sɛ ɛnam mogya so anaa awareɛ mu, mpo ne mmienu nyinaa mu.

Abusua a wɔto ana firi ɔbaapanin baako mogya mu no, yɛfrɛ no “Bogya Busua”. Saa abusua yi nyinaa wɔ mogya mu nkutahodie. Deɛ yɛtumi si bo ka sɛ ɛyɛ mogya (bogya) abusuabɔ no ne deɛ ɛda ɔbarima anaa ɔbaa bi ne ne maame ne papa, nuammaa ne nuammarima ne wɔfaase/ mma ne maame nua mmarima, sewaanom, maame nuanom ntam nso ka abusuabɔ yi ho.

Akanman mu no, sɛ obi tumi to ana de kɔ akyiri sɛ deɛn na yɛhwɛ na mogya bi di afra wɔ mu baabi a, yɛka sɛ ɔyɛ busuani a bronin bɛkyerɛ mu sɛ “kinsmen” a ɛwɔ abusua tenten mu. Ebinom frɛ no “ntɛtɛbusua”. Edin a yɛde ma no ne “abusua santene” anaa “abusua a ɛkwan da ntam”. Abusuabɔ no fa bi nso nam agya, ɔyere, ne mma afam (Abusua ketewa).

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Akanfoɔ wɔ mmusuakuo ahodoɔ nnwɔtwe. Abusua biara wɔ n’akraboa ne ne piesie. Wɔwɔ nkyea ne nnyesoɔ nso. Akanfoɔ mmusua no ne; Asakyiri, Agona, Aduana, Asona, Ɔyokoɔ, Ɛkoɔna, Biretuo ne Asɛneɛ.

  • Asakyiri

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Asakyiri yɛ abusua a Onyankopɔn dii kan bɔeɛ. Yei nti ɛyɛ abusua a akyɛre pa ara, nanso nnipa a wɔwɔ mu nnɔɔso. Wɔn akraboa ne kɔkɔsakyi (ɔpɛtɛ). Wɔn piesie ne Asare a ɔfiri Akorokyerɛ. Wɔn nuabaa ne Pɔne. Wɔn nnyesoɔ ne “Ofori-na”, anaa “Ofoona”. Wɔn nkuro bi ne Ayase, Abɔfoɔ, Afiduase ne Adukurom.

Agona

Agona na ɛtɔ so mmienu a ɛmu nnipa dɔɔso pa ara. Wɔn akraboa ne ako. Wɔn nnyesoɔ ne “Ago-Nana”. Wɔn piesie ne Ampɔnsɛm a ɔfiri Denkyira. Wɔn maanu ne Ɔware Adu a ɔfiri Akyem–Ɔda. Wɔn mɛnsa ne Bɔdwesango Boahemaa Adu Gyamfi. Wɔn nuabaa ne Toa. Wɔn nkuro no bi ne Denkyira, Tafo, Akyem Soɛduro. Agonafoɔ ho yɛ fɛ na wɔn ano ate nso.

 Aduana

Abakɔsɛm korɔ no ara kyerɛ sɛ, Aduana na wɔde ogya ne sika baeɛ. Wɔn akraboa ne ɔkraman anaa ɔtwea. Wɔn piesie ne Dɔmaa Kusi a ɔfiri Dɔmaa. Wɔn maanu ne Asumegya Kwabi. Wɔn mɛnsa ne Kumawu Tweneboa Kodua. Wɔbɔ wɔn mmrane sɛ; “Aduegyafoɔ”. Wɔn nnyesoɔ ne “Adu-na”. Wɔkyerɛ sɛ, Aduanafoɔ gyentia a ɛdi kan no da so da Dɔmaa Ahenkuro de bɛsi ɛnnɛ. Wɔn nkuro no bi ne; Dɔmaa Ahenkuro, Akyem-Tafo, Wasa Akuropɔn, Aburi, Kwahu, ne Kumawu.

Asona

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ Asona ne abusua a ɛmu nnipa dɔɔso pa ara. Wɔn akraboa ne anene (kwaakwaadabi), ne asona wɔ. Saa ɔwɔ yi yɛ kɔkɔɔ, ɛnna tuntum sesa ne mu. Wɔkyerɛ sɛ, ɛyɛ musuo sɛ Asonani bɛhunu saa ɔwɔ yi. Wɔn piesie ne Kuntunkununku a ɔfiri Adanse Sebeneso. Wɔn nnyesoɔ ne “Aso-na” anaa “Ofori-Na”. Wɔn nuabaa ne Dwamena. Wɔn nkuro bi ne Ɔfenso, Bɔnso, Bonwire, Kɔnɔngo, Kukurantumi, Dwesi ne Akyem Wankyi.

Ɔyokoɔ

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ saa abusua yi mu fa kɛseɛ no ara firi Asante ne Akyem. Wɔn akraboa ne akorɔma. Wɔn piesie ne Asantehene a Ɔte Kɔkɔɔ Soɔ. Wɔn maanu ne Dwabenhene Nana Yaw Sapɔn. Wɔn mɛnsa ne Nsutahene Nana Amankwaa. Wɔn nnyesoɔ ne “Obiri-Nana (Obiri-na)” anaa “Oburu”. Wɔn nkuro bi ne Bɛkwae, Pampaso, Takyiman, Dwaben ne Dwaaso.

Ɛkoɔna

Ɛkoɔna yɛ abusua a wɔn mu nnipa no fa kɛseɛ no wɔ Mfanteman mu. Mfantefoɔ frɛ saa abusua yi Abiradze. Wɔn piesie ne Fante Eguafo Nana Gyima Yɛboafo. Wɔn maanu ne Nana Afriyie Bonsra a ɔfiri Adanse Fɔmena. Nana Nsutahene yɛ wɔn mɛnsa. Wɔn akraboa ne ɛkoɔ. Wɔn nnyesoɔ ne “Doku-Nana” anaa “Adeɛ-na”. Wɔn nkuro no bi ne Oguaa, Asɔkɔre, Berekum, Pakyi, Asaaman ne Nkwantanan.

Asɛneɛ

Asɛneɛ yɛ abusua bi a wɔkyerɛ sɛ ɛmu nnipa ani yɛ den pa ara, na wɔn ano nso ate. Wɔn akraboa ne asee ne ampan. Wɔn piesie ne Akosa Berempɔn a ɔfiri Kumase Amakom. Wɔn maanu ne Nana Gyekyɛ Birempɔn a ɔfiri Dompoase. Wɔn mɛnsa ne Nana Otibo a ɔfiri Fante Nyankomase. Wɔn nnyesoɔ ne “Adu-Nana” anaa “Adu-Na”. Wɔn nkuro no bi ne Dompoase, Amakom, Agona, Antoa, Mpatase, Nkoransa ne Kofiase.

Biretuo

Biretuo yɛ abusua bi a wɔn mu nnipa wɔ akokoɔduro. Wɔn akraboa ne etwie anaa ɔsebɔ. Wɔn piesie ne Barima Kwadwo Ofori Brempɔn. Tete no, na wɔfrɛ saa abusua yi “Sabarima” anaa “Brempɔn”. Wɔn nnyesoɔ ne “Otwie-Na”. Wɔn nkuro no bi ne Asante Mampɔn, Ayaase, Afigyaase, Ahensan, Kwahu, Abomasu ne Yɔnso.

Hunu w’abusua a wodam, ɛsiane sɛ abusua na ɛkyerɛ nipa ko a obi yɛ. Akanfoɔ amammerɛ da nso, na ɛyi wɔn adi ma wɔdam fua, na abusua ka wei hu. Mpanin se; “Sɛ wo werɛ firi wo kurom hene mmɛntia, woyera wɔ adwabɔ ase.

MMOA NWOMA

Asomah, K. (2017). Ɛfiri Tete. Methodist Senior High/Tech School: Berekum, Brong-Ahafo.

Tags: AbakɔsɛmAkan mmusuakuo ahodoɔ
Deɛ atwam

Sɛdeɛ sohyia midia aka yɛn amammerɛ ɛnnɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛ nti a Asantefoɔ di Adɛɛ Kɛseɛ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛ nti a Asantefoɔ di Adɛɛ Kɛseɛ

Deɛ nti a Asantefoɔ di Adɛɛ Kɛseɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?