• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ahonidie ho nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ woyɛ no da biara

Apɔmuden ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
02/19/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Ahonidie ho nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ woyɛ no da biara
0
SHARES
197
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ahonidie yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa ɛfiri sɛ, ɛboa ma yɛnya apɔmuden pa na ɛsan nso bɔ yɛn ho ban firi nyarewa ahodoɔ ho. Ahonidie yɛ suban, ɛnna suban nso yɛ nneyɛɛ. Yei nti, sɛ yɛka ahonidie a, ɛkyerɛ nneyɛɛ binom a yɛyɛ ma yɛn ho ne yɛn atenaeɛ ho te sɛdeɛ yɛde bɛbɔ yɛn ho ban afiri nyarewa bebrebe ho. Yɛrebɛhwɛ nneyɛɛ binom a yɛbɛtumi ayɛ no da biara ama yɛn apɔmuden adi mu na yɛabɔ yɛn ho ban afiri nyarewa ho.

Ahonidie mu nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ no da biara na ɛdidi soɔ yi.

Sua sɛ wobɛhohoro wo nsa berɛ ano berɛ ano. Ɔkwan titire baako a wobɛtumi afa so ama w’ahonidie adi mu pa ara ne sɛ wobɛhohoro wo nsa berɛ biara. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, sɛ wohwie nsuo gu wo nsa so na wode samina ka ho hohoro wo nsa berɛ biara ansa na woadidi anaa berɛ a woayɛ biribi awie a, ɛbɛtumi abɔ wo ho ban. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ, mmoawa nketenkete binom tumi ba yɛn nsam ne yɛn nsa ho a, sɛ wɔkɔ yɛn yam a wɔbɛtumi ama yɛayare. Nanso, wɔkyerɛ sɛ, sɛ wode nsuo ne samina hohoro wo nsa yie a, ɛtumi kum saa mmoawa no sɛdeɛ wode wo nsa didi a, worennya yareɛ biara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yei nti, ɛho hia pa ara sɛ, berɛ biara a worebɛdidi, woadidi awie, wofiri agyananbea so aba, woabɔ ɛwa anaa woahem awie no, wode nsuo ne samina bɛhohoro wo nsa yie.

Siesie wo fie ne wo tenabea. Ahonidie ho nneyɛɛ no mu baako nso ne sɛ, wobɛsua sɛ wobɛsiesie baabi a wote kamakama. Mpɛn pii no, sɛ wotumi di wo fie anaa w’atenaeɛ ni a, ɛmma mmoawa nketenkete a wɔde nyarewa ba no ntena wo fie. Yei bɛtumi abɔ wo ne w’abusuafoɔ nyinaa ho ban afiri nyarewa ahodoɔ binom ho. Deɛ wobɛtumi ayɛ ne sɛ, wode nnuro bɛpopa apono ahodoɔ a modidi so no nyinaa so, wode bi nso bɛtwitwi adwareeɛ, wode bi bɛpopa fam, na w’ahohoro wo nkyɛnsee nyinaa mu kamakama. Afei pra wo dan mu berɛ biara na siesie hɔ.

Worebɔ ɛwa a, fa adeɛ bi anaa wo nsa kata w’ano. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ, sɛ onipa bɔ ɛwa a nsuo bi tumi firi n’anom anaa ne hwenem ba. Nsuo yi fra mframa mu a, ɛbɛtumi ama onipa a ɔbɛn hɔ biara ahome akɔ ne mu, na wafa mu ayare. Yei nti, ɛbɛyɛ papa pa ara sɛ wode biribi anaa wo nsa bɛkata w’ano berɛ biara a wobɛbɔ ɛwa.

Twitwi wo nse yie da biara. Onipa anom nka yɛ biribi a ɛtumi ma n’anim gu ase pa ara. Sɛ nsɛm a ɛfiri w’anom ba no yɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ na sɛ w’anom yi nka a, obiara ntie wo nsɛm no. Yei nti, ɛho hia pa ara sɛ wosiesie wo nse ne w’anom yie. Deɛ wobɛtumi ayɛ ne sɛ wobɛtwitwi wo nse yie mprenu da biara. Wobɛtumi nso de aduro a wɔayɛ sɛ yɛmfa nhohoro yɛn anom no bi ahohoro w’anom na abɔ wo ban afiri kaka ne nyarewa afoforɔ ho.

Si wo ntaadeɛ na hyɛ ntaadeɛ a ani da hɔ. Ntaade fi bɛtumi afa mmoawa binom awura wo nipadua mu ama woayare. Ne saa nti, ɛho hia pa ara sɛ wobɛsi wo ntaadeɛ nyinaa kamakama, na berɛ biara woahyɛ ntaadeɛ a ani da hɔ na ɛho te.

Dware mprenu da biara na dware yie. Sɛdeɛ nsuo ne samina a yɛde hohoro yɛn nsa bɔ yɛn ho ban firi nyarewa ho no, saa ara na nsuo ne samina a yɛde dware no nso bɔ yɛn ho ban firi nyarewa ho. Ɛno nti, ɛho hia pa ara sɛ wobɛgye berɛ adware mprenu da biara, na woadware yie nso. Wobɛtumi de ankwaatwadeɛ atwitwi w’ammɔtoam ne w’ahaam sɛdeɛ ɛbɛtumi ayi nka bɔne biara afiri wo ho.

Twitwa wo mmɔwerɛ berɛ biara a ɛbɛfu. Wotwitwa wo nan ne wo mmɔwerɛ berɛ ano berɛ ano a, ɛtumi bɔ wo ho ban firi mmoawa nketenkete binom a wɔbɛtumi awurawura wo mmɔwerɛ no mu akɔfa nyarewa aberɛ wo no ho. Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛkeka yɛn mmɔwerɛ ɛfiri sɛ, ɛbɛtumi ama efi a ɛwɔ mmɔwerɛ no mu ne mmoawa nketenkete a yɛntumi mfa yɛn ani nhunu wɔn no akɔ yɛn nipadua mu ama yɛayare. Yei nti, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yiwan mono berɛ biara de twitwa yɛn mmɔwerɛ.

Pɛ baabi papa to wo nwura gu. Yɛpɛ sɛ yɛn ahonnidie no di mu pa ara a, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛtoto nwura agu basabasa. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛhyɛda tu amena anaa yɛpɛ biribi si hɔ a yɛbɛtumi de nwura a yɛyɛ no yɛn afie mu no agu mu. Yei mu nso, ɛsɛ sɛ adeɛ a yɛde nwura no regu mu no yɛ biribi a yɛbɛtumi akata so yie. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛma nwura no si hɔ kyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛmporɔ nkɔfa mmoawa biara mma yɛn afie mu.

Wɔ paneɛ a ɛbɛbɔ wo ho ban afiri nyarewa binom ho. Ɔkwan foforɔ a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛdi yɛn ho ni na yɛn apɔmuden ho hia yɛn pa ara ne sɛ yɛbɛkɔ ayaresabea berɛ ano berɛ ano akɔhwehwɛ yɛn nipadua mu, na yɛawɔ mpaneɛ a wɔde bɔ nipadua ho ban firi nyarewa ho no bi. Mpaneɛ no bi bɛtumi ayɛ deɛ ɛbɛbɔ wo ho ban afiri papuu, ntoburo, atiridii ne nyarewa afoforɔ ho. Yɛtumi yɛ yei a, ɛbɛbɔ yɛne aforoɔ nyinaa ho ban afiri nsaayareɛ ahodoɔ binom ho.

Wotumi di saa ahonidie ho nneyɛɛ a yɛaka gho nsɛm yinom so a, ɛbɛbɔ wo ne w’abusuafoɔ nyinaa ho ban afiri nyarewa ho, na ama moatumi anya anigyeɛ ne apɔmuden pa nso. Hwɛ w’apɔmuden so yie ɛfiri sɛ, mpanimfoɔ se, “Wowɔ nkwa a, na woɔ adeɛ.”

Tags: ahonidieapɔmuden pa
Deɛ atwam

Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.

Deɛ ɛdi hɔ

Ↄman a εdii kan bεdii Ghana so wᴐ nkoasom mu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ↄman a εdii kan bεdii Ghana so wᴐ nkoasom mu

Ↄman a εdii kan bεdii Ghana so wᴐ nkoasom mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?