• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/12/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den
0
SHARES
188
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ԑdan han ho nsԑnsԑm ne Ghana efiewurafoᴐ nhyԑ a wᴐde to wᴐn a wᴐhan wᴐn adan soᴐ wᴐ ԑdan akatua ho no yԑ adeԑ a ԑha ᴐman mma no yie. Mpԑn pii no, yԑtaa ka wei ho asԑm, nanso ne nkaeԑ no nsi pᴐ. Sԑ yԑbᴐ so a, na yԑagya no ama no asensԑn hᴐ saa ara. Ԑrekame ayԑ sԑ efiewurafoᴐ a wᴐwᴐ ᴐman yi mu mpԑ sԑ wᴐde ԑdan han mu mmara no bԑdi dwuma sԑdeԑ ԑsԑ. Wᴐfa nyansa kwan so bᴐ wᴐn a wᴐhan wᴐn adan ԑboᴐ bum a ԑyԑ ahomete de twe sika firi wᴐn ho.

Wei mu na Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm wᴐ Ghana de afotuo rema ᴐmanfoᴐ ne wᴐn a wᴐhan dan nyinaa sԑ, sԑ woyԑ obi a w’akatua nnuru GH¢ 1000 a, ԑnte sika a ԑboro GH¢ 300 mfiri w’akatua no mu nhan dan bosome. Ne tiawatwa mu no, wᴐkyerԑ sԑ, sԑ woyԑ obi a w’akatua nnuro sika a yԑabᴐ soᴐ wᴐ soro hᴐ yi a, hwԑ sԑ ԑdan no a wote mu no mmoro GH¢ 300 bosome, ԑfiri sԑ sԑ wotete firi mu a, wontumi nsie sika papa biara wᴐ afe no mu.

Sԑ yԑyi sika bum a efiewurafoᴐ gye firi wᴐn a wᴐhan wᴐn adan nkyԑn wᴐ ԑdan han din mu no firi hᴐ a, wᴐhwehwԑ sԑ nnipa a wᴐhan wᴐn adan no tua mfeԑ mmienu ne mfeԑ mmiԑnsa sika to hᴐ ansa na wᴐde ԑdan no ama wᴐn ahan. Ebi mpo wᴐ hᴐ a, bosome biara wᴐtumi to ԑdan no boᴐ mu de firi GH¢ 500 de kᴐ GH¢ 700, na ne nyinaa mu no, wᴐhwehwԑ sԑ onipa no bԑtua mfeԑ mmienu anaa mmiԑnsa deԑ ansa na wᴐde ԑdan no ama no ahan.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nanso sԑ yԑhwԑ amammara no fa a ԑkasa fa ԑdan han ho no a, ԑkyerԑ sԑ ԑyԑ mmaratoᴐ sԑ efiewura bi mpo bԑgye onipa a ᴐhan dan aboro abosome nsia. Wᴐkyerԑ mu a, akᴐ soro koraa no, anka ԑyԑ abosome nsia, nanso ԑdeԑn na yԑhunu? Ԑsiane sԑ nnipa a wᴐhan dan wᴐ nkuro akԑseԑ mu no nni wei ho asԑm biara ka, na wᴐnni biribiara yԑ, agye sԑ wᴐtua nti, wᴐde amemenemfe bobᴐ boseԑ de ᴐhyԑ tua, ԑfiri sԑ sԑ wᴐntua a, wᴐbԑda abᴐntene.

Nanso wei nyinaa akyiri no, adwumakuo a ԑhwԑ ԑdan han soᴐ a wᴐn dawubᴐni ne Emmanuel Hovey Kportsu de ato dwa sԑ, ԑmfa ho ne ᴐbrԑ a saa nnipa yinom rekᴐ mu no, mpanin se “Anoma hwԑ ne ho ansa na wanwene ne buo” enti wᴐnhwԑ wᴐn ho ansa na wᴐapam wᴐn kaba (wᴐnhwԑ wᴐn akatua mu ansa na wᴐahwԑ sika a wᴐbԑyi atua ԑdan ka).

Ↄsii so dua sԑ, sԑ wo bosome akatua nnuru GH¢1000 a, ԑnte mmoro GH¢ 300 nhan ԑdan. Ↄkyerԑԑ sԑ ԑwom sԑ amammara tia saa nneyԑeԑ yi deԑ, nanso efiewura foᴐ abu nnua agu wᴐn asom wᴐ saa asԑm yi ho. Ↄkyerԑ mu a, wᴐntumi ne saa efiewurafoᴐ yi nni ԑfiri sԑ wᴐn a wᴐhan dan no mfa nsԑm binom a ԑte sԑԑ mmԑdan wᴐn. Ↄhyԑԑ ᴐmanfoᴐ nkuran sԑ, sԑ ebi to obi saa a, ᴐmfa mmra wᴐn asoԑeԑ, na wᴐde saa nnipa yinom bԑgina mmara anim.

Saa nsԑnsԑm yi ara mu nso, nnipa binom ne adwumakuo yi nyԑ adwene sԑ wᴐkaa sԑ wᴐntumi ne efie wura foᴐ no nni no. Ↄtwerԑtwerԑfoᴐ panin a ᴐda wᴐn a wᴐhan amanfoᴐ adan ano, Fredrick Opoku kyerԑ sԑ, ᴐne Owura Kportsu nyԑ adwene  baabiara wᴐ saa nsԑm a ᴐde too dwa yi mu ԑfiri sԑ adwumakuo no nyԑ wᴐn adwuma yie. Ↄsusuu sԑ ԑsiane sԑ wᴐnyԑ wᴐn adwuma yie nti, ԑsԑ sԑ aban gu saa adwumakuo no.

Wei ara mu nso na ԑsiane sԑ yԑn nyinaa yԑhan dan nti, yԑn nso yԑrebisa sԑ, adwumakuo no dwumadie ne sԑn? Ԑsԑ sԑ aban no nam adwumakuo yi so de n’ani di akyire yi saa efiewurafoᴐ yi de wᴐn fa mmara kwan so? Ԑdeԑn na aban no reyԑ aboa ne manfoᴐ wᴐ wei ho ama wᴐn kᴐn mu adwo wᴐn? Saa asԑm yi yԑ ahometesԑm a Ghanafoᴐ adi ho abooboo akyԑ. Yԑnam saa akwanya yi so resrԑ aban no sԑ, ᴐnkᴐ ne manfoᴐ mmoa, na ᴐmfa adwumakuo yi so nnye ᴐmanfoᴐ no mfiri wᴐn nkonnua ase. Afotuo a wᴐde ato dwa yi yԑ deԑ, nanso ᴐmanfoᴐ no nni biribiara yԑ sene sԑ wᴐde wᴐn kakrawa a wᴐnya no bosome no mu no nyinaa bԑhan dan na wᴐne wᴐn abusua ada kᴐm mpo, megye di sԑ ԑsi mpo dada.

Tags: Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm wᴐ GhanabosomeEfiewurafoᴐGH¢ 1000GH¢ 300sikaԑdan han
Deɛ atwam

Sereɛ so mfasoɔ

Deɛ ɛdi hɔ

Klɛptomania: Korɔnobɔ yadeɛ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Klɛptomania: Korɔnobɔ yadeɛ

Klɛptomania: Korɔnobɔ yadeɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?