• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Adwoa Safo asane aba Mmarahyɛbadwam

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/12/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Adwoa Safo asane aba Mmarahyɛbadwam
0
SHARES
42
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnipa a ɔgyina mu ma Dome-Kwabenya wɔ Mmarahyɛbadwam a ne din ne Sarah Adwoa Safo asane aba mmarahyɛbadwam.

Berɛ a Mmarahyɛbadwam nnipa no agyinaeɛsie no mu kyɛɛ mmienu no akyi wɔ berɛ a Dɔmkuo Kɛseɛ no rehwehwɛ sɛ anka Akwanya Agyinatufoɔ nsusuiɛ a wɔde too dwa sɛ wɔpɛ sɛ Sarah Adwoa Safo firi mu no bɛyɛ agyinaeɛsie a ɛtwa toɔ no akyi na asɛm yi siiɛ.

Dɔmkuo Kɛseɛ no redwene ho mpo dada sɛ wɔbɛtwe Mmarahyɛbadwam Kasamafo, Alban Bagbin de no akɔpue asɛnnibea kɛseɛ no anim wɔ Dome Kwabenya mmarahyɛbadwani no asɛnnie no ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Owura Bagbin asɛnnie no kɔsii sɛ, wɔde Akwanya Agyinatufoɔ no nsusuiɛ no bɛto wɔn nyinaa anim wɔ Mmarahyɛbadwam hɔ ama wɔasi ho gyinaeɛ.

Osei Kyei-Mensah Bonsu a ɔyɛ Dɔmkuo Kɛseɛ no kandini no kyerɛ sɛ asɛnnie no ankɔ yie, a na ɔreka sɛ ebia Ↄkasamafo no anhunu mmara no nkyerɛmu sɛdeɛ ɛsɛ.

Awuraa Safo sane baa ne nkyi no nso, yɛhunu no sɛ biribiara rekɔ so bɔkɔɔ ma no. Ↄka kyerɛɛ nsɛntwerɛfoɔ sɛ ɛyɛ no ahomeka sɛ wasane aba, ɛnna ɔkwan a wɔfaa so gyee no no yɛ deɛ ɛsɔ ani yie. Ↄkaa saa asɛm yi Obubuo 11 a na ɛyɛ Fiada. Ↄkyerɛɛ mu sɛ waba sɛ Mmarahyɛbadwani rebɛtoa ne dwumadie no so, na ɔrehwehwɛ sɛ nna a ɛdi akyire no bɛyɛ papa ama no.

Ansa na ɔrebɛfiri Mmarahyɛbadwam no, Akwanya Agyinatufoɔ no too nsa frɛɛ no mpɛn pii wɔ deɛ nti a wɔyi ne ho firi Mmarahyɛbadwam atenaseɛ no mu, nanso wankɔ wɔn frɛ no, ne saa nti Owura Bagbin twee n’asɛnnie no sensɛnee kakra a na ɔredennwene ho ahwɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde to dwa sɛ Dome Kwabenya adwa no da mpan a.

Ↄkasamafo no danee Adwoa Safo, Henry Quartey, Ayawaso Mfimfini Fam Mmarahyɛbadwani ne Kennedy Ohene Agyapong, Assin Mfimfini Fam Mmarahyɛbadwani no asɛm no maa Akwanya Agyinatufoɔ no wɔ yi a wɔyii wɔn ho firii Mmarahyɛbadwam atenaseɛ 15 a ɛkɔɔ soɔ no mu berɛ a wɔansrɛ kwan no ho.

Na saa atenaseɛ yi yɛ deɛ ɛdi kan wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so Nnwɔtwe no mu.

Agyinatufoɔ no antumi amma wɔn nhyiamu a na wɔreyɛ afa wɔn nsusuiɛ a wɔde baa sɛ ɛsiane sɛ wayi ne ho afiri atenaseɛ no mu nna 15 no nti wɔmfa nto dwa sɛ n’adwa no da mpan no anwie pɛyɛ; wantumi anyɛ anokorɔ ansi gyinaeɛ.

Nanso Dɔmkuo Kɛseɛ no deɛ, wɔhwehwɛ sɛ wɔde bɛto dwa sɛ n’adwa no da mpan wɔ berɛ a wɔntwentwɛn so koraa sɛdeɛ Amammara no da no adi no.

ℇkyerɛ sɛ Awuraa Safo amfa akwanya bebrebe a wɔde maa no sɛ ɔmfa nyi ne ho ano sɛ ɔyii ne ho firii atenaseɛ no mu a obiara mmaa no kwan no anyɛ hwee.

Wei nyinaa mu no nso, Dɔmkuo kɛseɛ no Mmarahyɛbadwafoɔ no de 1992 Amammara no fa 97 (1) (c) ne Prof. Stephen Kwaku Asare ne Ↄmampanin Futufoɔ no ntam asɛnnie no agyinaeɛsie no ayɛ nhwɛsoɔ wɔ saa asɛm yi mu.

Dɔmkuo Ketewa Mmarahyɛbadwafoɔ a wɔka Agyinatufoɔ no ho no nso kyerɛ sɛ mmara no nhyehyɛeɛ fa bi kyerɛ sɛ ɛsiane sɛ yɛntee Awuraa yi anum asɛm wɔ asɛm yi ho no nti, ɛnni kwan sɛ wɔde to dwa sɛ n’adwa no da mpan.

Agyinatufoɔ kyerɛɛ sɛ, nkyerɛkyerɛmu a n’afɛfoɔ baanu a na wɔka ne ho, Owura Agyapong ne Owura Quartey de maeɛ sɛ wɔyi wɔn ho firii mu no yɛ deɛ ɛtɔ asom na nyansa wɔ mu.

Tags: Adwoa SafoAkwanya AgyinatufoɔAmammaraDome-KwabenyaDɔmkuo ketewaDɔmkuo kɛseɛMmarahyɛbadwamMmarahyɛbadwam atenaseɛMmarahyɛbadwam Kasamafo
Deɛ atwam

Mensah Sarbah Abasobɔ no ne Alɔyafoɔ a wɔawie wɔn adesua nnansa yi ara no mu deɛ ne mmɔdemmɔ sɔ ani wɔ 2022 mu: Sabina Sabia Bolsong

Deɛ ɛdi hɔ

Ɔmanpanin Akuffo Addo ayi Owura Charles Adu Boahen adi

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ɔmanpanin Akuffo Addo ayi Owura Charles Adu Boahen adi

Ɔmanpanin Akuffo Addo ayi Owura Charles Adu Boahen adi

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?