• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Adwene mu haw ahodoᴐ mmieεnsa binom

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
02/25/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Adwene mu haw ahodoᴐ mmieεnsa binom
0
SHARES
78
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sε sintᴐ bi ba onipa bi adwene mu, n’atenka mu anaa ne suban/nneyεeε mu na sε εyε adeε a apᴐmuden mu nsεm bi taa akyire a, yεka no sε onipa no anya adwene mu haw. Mpεn pii no, εtaa ne nnipadua akwaa a εho hia yie wᴐ nnipa dwumadie mu ho haw anaa kyematᴐ na εnam. Adwene mu haw gu ahodoᴐ bebree. Yεbεtumi ato adwene mu haw din sε dwene mu yareε, nanso adwene mu yareε yε kyinniε kεseε a adwene mu haw ne nneyεeε anaa suban mu haw ahodoᴐ, nnipadua no dwumadie mu kyematoᴐ anaa εdᴐmdie (sε onipa bi redi ne ho anaa afoforᴐ  awu) hyε aseε.

Sε yεbᴐ adwene mu haw so a, yεn mu dodoᴐ no ara hunu no sε εyε wᴐn a sεbe wᴐabᴐ adagya nenam mmᴐnten soᴐ no nko ara. Nnipa pii ahyehyε ntadeε akek wᴐn ano atom, nanso wᴐn adwene mu ha wᴐn.

Nhwehwεmu kyerε sε, sε yεde nnipa 8 gyina hᴐ a, wᴐn mu baako wᴐ adwene mu haw. Nhwehwεmu korᴐ yi ara ka sε, afe 2019 mu no, na wiase yi mu nnipa ᴐpepe 970 na na wᴐwᴐ adwene mu haw a agye din pa ara a εnonom ne, ehu anaa suro adwene mu haw ne ateetee ne awerεhoᴐ adwene mu haw. Adwene mu haw ahodoᴐ mmiεnsa binom na εdidi soᴐ yi;

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

  • Ateetee ho Adwene Mu Haw

Nhwehwεmu kyerε sε, afe 2019 mu no, na nnipa  ᴐpepe 301 na na wᴐwᴐ ateetee ho adwene mu haw a na εmu ᴐpepe 58 yε mmᴐfra nketewa ne mmᴐfra a wᴐn ani rema soᴐ. Ɛsu a obi da no adi wᴐ saa haw yi mu ne sε, εhu ne ahohaw tumi hyε ne so pa ara. Sε obi nya saa haw yi bi a, εha no pa ara ma εduru baabi mpo a, ᴐntumi nyε deε εsε sε ᴐyε. Ateetee ho adwene mu haw gu mu ahodoᴐ. Obi wᴐ hᴐ a, ᴐdwennwene boro so. Ehu tumi hyε obi so ma no yare, anaa ᴐtwa hwe mpo. Ewiase ne asetena mu nsεm tumi de ehu mmorosoᴐ brε obi. Obi wᴐ hᴐ a, sε ᴐbεte ne ho afiri nnipa binom a wᴐda n’akoma soᴐ ho no ma ehu kεseε kyekyere no.

  • Atoyerεnkyεm/Asiane/Asεm huhu bi mu adwene mu haw (PTSD)

Sε yεhwε saa adwene mu haw yi ne adwene mu haw no mu dodoᴐ no ara a, mpεn pii no, εyε a nnipa taa nya no berε a ntᴐkwasεm, asiane, anaa asεm huhu bi a εboro so asie. Sε nsεm bi a ani yε nyan, anaa ano yε den na εyε hu taa toto obi a, onipa no tumi nya saa adwene mu haw yi. Sε obi nya saa haw yi bi a, deε yεtaa hunu wᴐ ne ho ne sε, εsiane sε deε εtoo no no ahyε ne so nti, mpεn pii no n’adwene twa no mfonin de no kᴐ n’akyi ma εyε sεdeε saa asεm no ara na εreto no no. Ɛnam so koraa ma no tumi so daeε bᴐne. Εba no saa a, εha nnipa no dwumadie ahodoᴐ, εfiri sε n’adwene da so ara wᴐ asεm dada no so. Saa nipa no tumi nso hyε ne ho ara sε biribi mma no nkae saa asεm no. Ɛno nti, εyε a ᴐmpε sε ᴐbεhunu saa asεm no bi anaa biribi a εte saa. Afei εma nnipa no da suban bi adi te sε deε saa asεm no resane ato no no. Sε wei toa so wᴐ nnawᴐtwe bi mu a, εtumi ha adwene no dwumadie.

  • Skisofrenia

Nnipa ᴐpepe 24 na saa skisofrenia yi tumi yε wᴐn wᴐ afe mu, anaa sε wᴐyi nnipa 300 biara a, wᴐn mu baako wᴐ saa haw yi bi. Sε yεde nipa a wᴐwᴐ saa haw yi mfeε toto afoforᴐ deε ho a, wᴐn mfeε a εsε sε wᴐdi no wᴐ asase yi soᴐ no so tumi te 10-20. Skisofrenia yε adwene mu haw a sε εyε obi a, ᴐntumi nnwene nhwε kan, anaa n’adwene no ntumi nyε adwuma papa. Ne suban  ne ne nneyεeε nso sesa. Deε εma wei da adi ne sε, onipa no dwennwene nneεma binom a εntumi nyε hᴐ anaa εnyε yie ho sε εbεma mu anaa ᴐbεyε, n’adwennwene no nsisi so, ne nneyεeε mfa kwan mu, anaa ᴐgye akyinnye mmorosoᴐ wᴐ nneεma binom a εnyε nokware ho. Wᴐn a wᴐanya saa adwene mu haw yi  adwene mu dwumadie nkᴐ so, anaa εnkᴐ yie.

Yεwᴐ adwene mu haw ahodoᴐ pii wᴐ deε m’abobᴐ soᴐ yinom akyi a yεbεka ho asεm akyire yi. Deε εwᴐ mu ne sε, deε m’abobᴐ soᴐ yinom nyinaa wᴐ ayaresa, nanso mpεn pii no, εsiane sε yεtete saa nnipa yinom nti, εyε a wᴐde awerεhoᴐ ne yaw ma no yε kεse, anaa wᴐfiri mu.

Momma yεnhyε no nso sε, adwene mu haw yε adeε a εtumi to obiara wᴐberε biara mu.

Tags: Adwene mu haw ahodoᴐAteetee ho Adwene Mu HawAtoyerεnkyεm/Asiane/Asεm huhu bi mu adwene mu haw (PTSD)Skisofrenia
Deɛ atwam

Saa mu yadeɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm - Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?