• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/20/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.
0
SHARES
77
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mmaa dodoɔ a wɔafa monaatofoɔ nsam no binom hwere akwannya kεseε a anka wɔbεtumi nam so ama mmara ne saa nnipabɔnefoɔ yi adi no kwa. Ꜫnyε wɔn mfomsoɔ, wɔn mu bebree nnim weinom ho nimdeε. Ansa na kɔɔto bεgye atom sε ampa obi adi bɔne anaa wayε mfomsoɔ no, εnnyina kasa kεkε so mmom εgyina adanseε so. Ꜫno nti mpεn pii no εyε a na εyε den yie sε wode monaatoɔ ho asεm bεto obi so ama afoforɔ agye adi wɔ berε adanseε biara ntaa akyire. Nneεma atitire binom a εho hia pa ara na εtwa sε yεhyε no nso fa monaatoɔ ho no na yεrebεhwε no εnnε.

Monaatoɔ akyi no, εtwa sε nipa a wɔato no monaa anaa deε ɔbεn deε wɔato no monaa no hwε sε ntεm pa ara wɔbεkɔ ayaresabea ama wɔayε nhwehwεmu ahodoɔ a εsε nyinaa, na εno akyi wɔkɔbɔ apolisifoɔ amanneε ansa na nnɔnhwere 72 a εyε nna mmiεnsa aduru. Botaeε a εtaa wei akyi no yε sεdeε εbεyε a wɔbεtumi asi nyinsεn, nna mu yadeε ne owuo ano, na wɔahwε ahunu sε monaatoɔ no ho adanseε bi te sε deε ne ho aka no ataadeε rensεe, na wɔatumi abɔ beaeε a monaatoɔ no kɔɔ so no ho ban sεdeε εbεyε a adanseε ahodoɔ a wɔbεtumi anya no wɔ hɔ no nso nsεe, na wɔasane ahwε ahunu sε deε wɔato no monaa no bεnya mmoa wɔ adwenem nso.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Monaatoɔ no akyi, hwɛ sɛ wobɛkɔ akɔhunu wo dɔkota ansa na nnɔnhwere 72 aduru.

Hyε no nso sε, berε a monaatoɔ no asi awie a wonnya nkɔɔ ayaresabea no, bɔ mmɔden sε womfa biribiara mpepa wo hanam fa baabiara. Wei kyerε sε worentumi nware mpo. Afei bɔ mmɔden sε woremfa atadeε a na wohyε no ngu nsuo mu anaasε wonsi. Mmom, pε aduradeε anaa krataa a atwerε biara nni so fa fam ho anaa fa kyekyere ho. Hwε sε woremfa atadeε anaa sɛbe drɔɔso no nhyε rɔba biara mu. Anyε saa a εbεtumi ate mfifire ama adanseε a εwɔ mu no asεe. Mfa dawubɔ krataa krataa biara nso nkyerekyere ho εsiane sε nnuro bi wɔ ho εno nso bεtumi asεe adanseε no saa ara. Afei bɔ mmɔden nso sε worensesa biribiara wɔ faako a monaatoɔ no kɔɔ so no, mpra hɔ, mpepa hɔ, εnhyehyε biribiara wɔ hɔ. Gya hɔ sεdeε εhɔ ayε no ara. Woyε weinom nyinaa a wobεtumi abɔ adanseε ahodoɔ bi tɛ kɔndɔm, nwi ne deɛ ɛkeka ho a apolisifoɔ bεhia de aboa wo no ho ban.

Ɛnsesa biribiara wɔ faako a monaatoɔ kɔɔ so no.

Berε a wobεkɔ ayaresabea hɔ no, adɔkotafoɔ no bεyε nhwehwεmu ahodoɔ wɔ deε ne ho aka no mogya, ne dwonsɔ ne sεbe n’ase nsuo mu. Wɔbεma no nnuro ahodoɔ anom mmerε kakra a εbεsi HIV ano, εbεtumi aba sε na monaatofoɔ no wɔ saa yadeε yi bi. Wɔma no aduro foforɔ nom de si nyinsεn ano kwan, gye sε nipa no ayε krado sε nyinsεn wɔ mu mpo a ɔbεwo. Afei wɔhwε ma apɔmuden mu afotufoɔ no ne no twetwe nkɔmmɔ sane tu ne fo sεdeε monaatoɔ no nni n’adwene mu dεm na ɔmfa ateetee pii mu. Berε a wobεduru apolisifoɔ no hɔ nso, wɔbεbisa wo nsεm ahodoɔ a wɔhia ho anoyie na aboa wɔn wɔ wɔn nhwehwεmu no mu. Hwε sε woremfa biribiara nsie wɔn wɔ w’anoyie no mu, mpo biribia a wɔammisa wo nanso wogye sε εbεboa wɔn ama wɔn adwuma no ayε mmerε na ayε ntεm no, mfa nsie.

Bɔ mmɔden nso sɛ woremfa biribiara nsie apolisifoɔ no wɔ wɔn nsɛmmisa ne wo nyiano no mu.

ꓛman Ghana mmara mu no, obi to monaa a wɔde no to afiase εfiri mfeε nson kɔsi mfeε aduonu nnum. Wei yε mmara a εyε adwuma ankasa, εno nti momma yεnhwε sε abɔnefoɔ a wɔdi saa abɔnefosεm yi bεnenam hɔ kwa a wɔn bɔne no ho hu biara ntɔ wɔn so mpo. Nnipa pii taa ka no wɔ wɔn kasa mu sε ntaadeε nketewa a mmaa hyε yiyi wɔn ho no na εde monaatoɔ ba, akyinnye nni ho deε. Nanso εnyε monaatoɔ nyinaa na εfiri mmaa ahosiesie a ankɔ yie mu. Mmarima binom tumi to nkwadaa nketewa pa ara wɔnnim ahosiesie biara monaa, ebinom to wɔn ankasa yafunu mu mma monaa. Ne nyinaa firi ahohyεsoɔ a εwɔ fam ntira. Yεtu fo sε mmaa bεfa wɔn ho na wɔakata wɔn ho asie sεdeε edin aketeesia teε no ara, nanso obi ahosiesie a εnkɔ yie no mma wo kwan sε wotumi to no monaa. Ghana mmara kasa tia.

Hyɛ wo ho den na toa ɔbra no so.

Megye di sε atwerε yi ama woasua biribi foforɔ. Bɔ mmɔden sε wobεkyε ama afoforɔ nsa aka bi. Afei wowɔ obi a wafa monaatoɔ ho ateetee mu a, twe bεn no na wone no mmɔ nkɔmmɔ pii, hyε no nkuran, na ma n’ani nnye. Wei bεboa ate ne yea no so pii. Wo a wɔato wo monaa no nso, mma wo werɛ nho pii. Asiane na aba, ɛno nkyerɛ sɛ w’abrabɔ aba n’awieeɛ. Nya awerɛkyekyerɛ, hyɛ wo ho den. Na toa ɔbra no so.

Tags: adɔkotafoɔafiaseahobaa nsuoAsɛnnibeakɔndɔmMonaatoɔ
Deɛ atwam

Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm

Deɛ ɛdi hɔ

Nsutɔ berɛm kaaka ho akwankyerɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsutɔ berɛm kaaka ho akwankyerɛ

Nsutɔ berɛm kaaka ho akwankyerɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?