• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Aban no de nhyehyɛeɛ ahodoɔ 13 binom a ɔde rebɛtete ɔman no kabɔ so wɔ 2023 abɛto dwa

Aban ahunu sɛ ɛka a ɔbɔ no ɔman no ho no dɔɔso yie, ne saa nti ɔde nhyehyɛeɛ 13 binom agu akwan mu a ɔde bɛtete saa ka no so ama ɔman no ho atɔ no. ℇno na ɛdidi soɔ yi

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/25/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Aban no de nhyehyɛeɛ ahodoɔ 13 binom a ɔde rebɛtete ɔman no kabɔ so wɔ 2023 abɛto dwa
0
SHARES
69
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Aban nam Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm soɔ, Ken Oforo-Atta so de nhyehyɛeɛ 13 binom ato dwa, a ɛbɛboa ama wɔatumi akyerɛkyerɛ ɔman no kabɔ nhyehyɛeɛ mu wɔ 2023 mu.

Ↄkyerɛ sɛ, saa nhyehyɛeɛ yi yɛ asoafoɔ mpanimfoɔ ne ɔmanpanin fotufokuo no akwankyerɛ a wɔrehwɛ anim sɛ ɛbɛhyɛ aseɛ Ↄpɛpɔn 2023 mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Berɛ a abadwafoɔ fa bi kasaa pii sɛ aban no nhwɛ na ɔntete ɛka a ɔbɔ no soɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi agye ɔman yi sikasɛm ne ne mpontuo a agyigya no nkwa no akyi na saa nyehyɛeɛ yi baeɛ.

Mprempren yi, ɔman no sikasɛm da ahokyerɛ kɛseɛ ase. Ne saa nti ama asetena mu ayɛ den yie, na nneɛma nso boɔ kɔ soro pa ara.

Owura Ofori-Atta kaa no berɛ a na ɔde 2023 sikasɛm nhyehyɛeɛ no reto dwa wɔ Yawoada, Obubuo 24, 2022 mu no sɛ, wei ne anammɔntuo a ɛdi kan a wɔde bɛkyerɛkyerɛ ɛkabɔ nhyehyɛeɛ no mu.

Nhyehɛeɛ 13 no na ɛdidi soɔ yi:

  1. ℇsɛ sɛ Mansini Nketewa, Mansini Akɛseɛ, ne Nwumakuo a ɛyɛ Ↄman no deɛ hwɛ na wɔtete fagoo a wɔde ma wɔn a wɔayiyi wɔn sɛ wɔnni amanyɔsɛm mu dwuma ne mpanimfoɔ a wɔdeda saa Mansini yinom ano no so 50%. Saa akwankyerɛ yi ka fangoo a wɔde ma wɔn wɔ kwan biara so a deɛ a ɛboa ma wɔtete nneɛma boɔ so ma wɔn, ne nneɛma binom a aban no ma wɔn ho mmoa nyinaa ka ho. Saa pɛpɛɛpɛ nso na wɔde 50% a wɔyi sii hɔ de maa fangoo wɔ afe 2022 a atwa mu sikasɛm nhyehyɛeɛ mu no  bɛyɛ Mansini Nketewa, Mansini Akɛseɛ, ne Nwumakuo a ɛyɛ Ↄman no deɛ no ho dwumadie a mmara hyɛ ma ho kwan;
  2. Wɔbɛbara V8/V6 ahyɛn no anaa ɛhyɛn biara a ɛnne no yɛ pɛ no twie, agye sɛ ɛyɛ akwantuo a wɔde rekɔ nkurase no nko ara. Wɔde nɔma pleeti a n’ahosuo yɛ ahaban mono a GV sɔ nɔma no soɔ na ɛbɛtwerɛ ahyɛn no ho nsɛm firi Ↄpɛpɔn 2023 rekorɔ;
  3. Wɔbɛtete sikasɛm nhyehyɛeɛ no fa a wɔde totɔ ahyɛn no so yie. ℇsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsi akyinnyegyeɛ ho kwan nti, ahyɛn mono a wɔbɛtotɔ no nyinaa bɛyɛ ahyɛn a ɛtoɔ a ɛdeda ne tɔ soɔ no wowɔ fam, na ɛho nneɛma no ho nyɛ na ɛbɛboa ama ɔman no sikasɛm no agyina brane;
  4. Aman foforɔ so akwantuo a mmara ma ho kwan a ɛho hia a Nwumakuo a ɛyɛ Ↄman no deɛ no ka ho bie nko ara na wɔbɛma ho akwannya. Abadwafoɔ no mu nnipa biara nni wɔ a wɔbɛma no ɔman foforɔ so akantuo a mmara ma ho kwan ho akwannya. ℇsɛ sɛ aban nnwumakuo no nyinaa de wɔn akwantuo ho nhyehyɛeɛ a wayɛ de ama 2023 wɔ akwantuo a wɔrehwɛ anim nyinaa no brɛ Ↄpanin Pa a Ↄhwɛ Aban Dwumadie ne ne Nkitahodie soɔ (Chief of Staff) no wɔ Ↄpɛnimma bosome no mpaemu.
  5. ℇsɛ sɛ wɔyɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛyɛ nhyiamu ahodoɔ ne nkyerɛkyerɛ ahodoɔ wɔ mmeaeɛ anaa aban no adan a mmara ma ho kwan no mu;
  6. ℇsɛ sɛ wɔtwe nteteeɛ a wɔnya firi abɔntene ne adwumayɛfoɔ nteteeɛ dwumadie a aban sɔ asene a ɛkɔ so wɔ Ↄmampanin no Atenaeɛ, Mmarahyɛbadwafoɔ Akakye ne Nwumakuo a ɛyɛ Ↄman no deɛ mu no sensɛn wɔ afe 2023 sikasɛm no mu;
  7. Sɛ wɔbɛtete ka a wɔbɔ no wɔ adwuma mu nnipa fa ho, ɛnna sɛ wɔntoto akatua mu ne sɛ wɔretwe alawanse bi te sɛ adansie, nsuo ka ne nkanea ka ne efie aka nketenkete binom, ne ntadeɛ, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa asensɛm no nso ka ho bi.
  8. Wɔbɛgyae bu a wɔbu wɔn ani gu ɛtoɔ afoforɔ a anka ɛsɛ sɛ aman afoforɔ so nnwumakuo a ɛwɔ ɔman yi mu no tua no na wayɛ nhwehwɛmu wɔ nnwumakuo bi te sɛ agudetufoɔ, fangoo, ne mframagya adwumayɛkuo a wɔayi wɔn afiri ɛtoɔ tua mu a wɔntua toɔ no mu;
  9. Wɔbɛgyae aban adwumayɛfoɔ binom a wɔnka bammɔ adwumakuo no ho no fa;
  10. Wɔnsisi aban adwumakuo foforɔ biara wɔ 2023 mu;
  11. Wɔmma akyɛdeɛ kɛntɛn a nneɛma ahyɛ no ma biara wɔ 2022 mu;
  12. Mansini Nketewa, Mansini Akɛseɛ, ne Nwumakuo a ɛyɛ Ↄman no deɛ no nyɛ nwoma nketewa a wɔtwerɛ mu, nnabuo pono anaa bibibiara a ɛbɔ mansini no ho dawuro mma afe 2024.
  13. ℇsɛ sɛ wɔtwe mpuntudwuma a ɛho nhyɛ da nhia nyinaa sensɛm wɔ afe 2023 sikasɛm no mu.
Tags: ℇkaNhyehyɛeɛ 13Nneɛma so teteSikasɛm
Deɛ atwam

Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so

Deɛ ɛdi hɔ

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?