• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwadie mu nsɛm

Aban no awe ahinam so sɛ ɔbɛma sidi no agyina ne nan so bio – Ken Ofori-Atta

Ghana sikasɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
11/08/2022
wɔ Adwadie mu nsɛm, Amanyɔsɛm
0 0
0
Aban no awe ahinam so sɛ ɔbɛma sidi no agyina ne nan so bio – Ken Ofori-Atta
0
SHARES
53
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ghana sikasɛm so, Ken Ofori-Atta de ato dwa sɛ aban no reyɛ deɛ ɛbɛtumi biara sɛ ɛbɛma Ghana sidi no ahoɔden akɔ soro ama yɛn sikasɛm atu mpɔn ansa na afe 2022 yi akɔ awieeɛ.

Ɔkyerɛɛ mu sɛ, aban no ne Ghana sikakorabea baatan no aka wɔn ntoma abɔ ano de nneɛma binom regugu akwan mu a ɛbɛboa ama wɔatumi asi nnipa a wɔtɔn sika wɔ kwammɔne so no kwan wɔ ɔman yi mu. Ɔka kaa ho sɛ, ɔno deɛ, ɔgye di pa ara sɛ sidi no ahoɔden a ɛso ate bum no nyinaa firi sɛdeɛ nnipa binom fa sum ase tɔn aman foforɔ so sika wɔ ɔman yi mu nnansa yi no.

Berɛ a na ɔrehyɛ mpanimfoɔ a wɔdeda nnwumakuo ahodoɔ ano wɔ Ghana no nkuran wɔ nhyiamu bi a Ghana Nnwumakuo Nkabom Kuo yɛeɛ ase no, Owura Ofori-Atta ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛwom sɛ sidi no ahoɔden a aba fam no aka nnwumakuo ahodoɔ no nyinaa deɛ, nanso ɔwɔ awerɛhyɛmu pa ara sɛ ɛrenkyɛ biara sidi no bɛsan agyina ne nan so bio ama ɛde anigyeɛ ne akomatɔyam abrɛ nnwuma wuranom a wɔwɔ ɔman yi mu no nyinaa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nsɛm a ɔde too dwa no bi ne sɛ, “Makɔyɛ ɔsoafoɔ a mehwɛ Ghana sikasɛm so yi deɛ, ɛnsɛ sɛ obi bɛka kyerɛ me anaa obi de ne nsa wɔ m’ani ansa na mahunu sɛdeɛ sidi no ahoɔden a aba fam no de ɔhaw kɛseɛ abɛto nnwumakuo ahodoɔ a ɛwɔ ɔman yi mu no so na asan nso ama asetena mu ayɛ den ama temmamufoɔ nyinaa ɛfiri sɛ, obi nse turodoo mma toa.”

Owura Ofori-Atta san kyerɛɛ mu sɛ, Amerika dollar no ama ne mu kɔ soro pa ara na aka aman foforɔ so sika akɛseɛ binom te sɛ, Yen, Pound ne Euro no.

Ɔsan hyɛɛ nnwuma wuranom no nyinaa nkuran sɛ, wɔntrɛ wɔn ahyeɛ mu na wɔmmuebue nnwuma pii nka deɛ wɔwɔ no ho sɛdeɛ ɛbɛboa ama nnipa dodoɔ no ara nso atumi anya nnwuma ayɛ wɔ ɔman yi mu ɛfiri sɛ, “yɛntumi nyɛ ɔman a daa yɛkra nnoɔma firi aman foforɔ so.”

Ɔmaa wɔn nhwɛsoɔ binom sɛ, anyɛ yie koraa no, afe 2022 yi, ɔman no akra nsuomnam bɛyɛ sidisi ɔpepepem 4, akokɔnam bɛyɛ sidisi ɔpepepem 1.9 ne mogyanam bɛyɛ sidisi ɔpepem 487.

Nnipa a wɔkɔɔ saa nhyiamu yi bi ne mpanimfoɔ a wɔda nnwumakuo a ɛdidi soɔ yinom ano, Nestle Ghana, Nandis Limited, Hollard Ghana, Unilever Ghana, Poly Plus Limited ne Metalex Limited.

Tags: Cedi DepreciationEconomy of GhanaFinance MinisterJoseph AboagyeKen Ofori-Atta
Deɛ atwam

Yɛbɛma Ghana sika ɔpepem $500 de aboa ɔman no nkɔsoɔ

Deɛ ɛdi hɔ

FDA ada no adi sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam a wɔakra aba ɔman yi mu no ho.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu
Adwadie mu nsɛm

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/10/2023
Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana
Adwadie mu nsɛm

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/09/2023
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie
Adwadie mu nsɛm

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/07/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
FDA ada no adi sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam a wɔakra aba ɔman yi mu no ho.

FDA ada no adi sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam a wɔakra aba ɔman yi mu no ho.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?