• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Nwomasua mu ntenesoɔ

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔkyerɛkyerɛni a ɔkuta abaa

0
SHARES
888
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɔkyerɛkyerɛni biara te sɛ ɔwofoɔ a ɔtete abɔfra. Yei nti, adekyerɛ yɛ abateteɛ fa bi a ɛho hia pa ara. Sɛdeɛ ɔwofoɔ biara daeɛso ne sɛ ne ba bɛtumi anyini abɛyɛ ɔpanin pa a ne so wɔ mfasoɔ wɔ n’abusua ne ne man mu no, saa ara na akyerɛkyerɛfoɔ nso tete mmɔfra wɔ saa kwan yi ara so.

Akyerɛkyerɛfoɔ wɔ akwan ahodoɔ bebree a na wɔfa so twe sukuu nkwadaa aso berɛ a wɔato mmara wɔ sukuu mu. Saa asotweɛ yi mu bi ne sɛ, wɔtumi ma wɔbu nkotodwe, wɔtwa adɔ ma wɔn, wɔma wɔpue firi adesuadan mu kɔgyina abɔntene kakra, anaasɛ wɔtwa wɔn mpire.

Ɛtɔ da na abɔfra bi mfomsoɔ no yɛ deɛ ani yɛ nyan pa ara a, wɔtumi yi no firi sukuu no mu koraa anaasɛ wɔma no kɔtena fie kɔsi sɛ wɔbɛsan afrɛ no aba sukuu no mu bio.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmerɛ bi a atwam no, na wɔde saa ntenesoɔ yinom nyinaa di dwuma wɔ sukuu ahodoɔ mu, na na ɛboa wɔ akwan bebree so. Nanso ɛnnɛ yi deɛ, wɔayɛ nsakraeɛ wɔ akwan a wɔfa so twe asukuufoɔ aso yi mu. Nsakraeɛ no mu baako ne sɛ, ansa na ɔkyerɛkyerɛni bi bɛtumi atwa sukuu abɔfra bi mpire no, gye sɛ ɔhyehyɛ krataa bi de srɛ kwan firi sukuupanin no hɔ ansa na watumi ayɛ saa.

Krataa no mu no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni no kyerɛ mfomsoɔ pɔtee a sukuuni no yɛeɛ ne asotweɛ a ɔde rema no wɔ saa mfomsoɔ no ho. Ɛkɔba sɛ ɔkyerɛkyerɛni bi amfa saa kwan yi so na ɔtwa abɔfra biara mpire a, wɔbɛtumi de no afa mmara kwan so ama ne ho akyere no. Yei nti, akyerɛkyerɛfoɔ nha wɔn ho mpo sɛ wɔde abaatwa asotweɛ no bɛtenetene sukuu mmɔfra bio.

Ebia, ahunu bi pɛn nti na mpanimfoɔ ayɛ saa nhyehyeɛe yi. Nanso, sɛdeɛ ɛteɛ biara, na abaatwa asotweɛ no boa wɔ akwan bebree so.

Akwan yi mu baako ne sɛ, ɛsiane sɛ asukuufoɔ dodoɔ no ara suro abaatwa nti, na ɛma wɔsuro nso sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛnna ne kwan mu ama wɔatwa wɔn mpire. Ne saa nti, na wɔdi mmara so berɛ biara.

Abaatwa asotweɛ a wɔayi afiri sukuu mu no de nsunsuansoɔ bebree na aba. Saa nsunsuansoɔ yinom mu bi na ɛdidi soɔ yi.

Deɛ ɛdi kan ne sɛ, na abaatwa asotweɛ no boa ma asuafoɔ ba sukuu ntɛm. Kane no, na akyerɛkyerɛfoɔ kan asuafoɔ dodoɔ a wɔbɛba sukuu ntɛm no nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe wɔn a wɔntaa mma sukuu ntɛm no aso ama wɔasakra afiri saa suban no ho. Ɛsiane sɛ na abaatwa ka saa asotweɛ yi ho nti, na ɛboa pa ara ma asukuufoɔ no pere ba sukuu ntɛm sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrennye mpire biara. Nanso ɛnnɛ a abaatwa asotweɛ afiri sukuu mu yi deɛ, berɛ a asuafoɔ dodoɔ no ara pɛ biara na wɔkɔ sukuu ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ obiara rentwa wɔn mpire biara.

Afei, na abaatwa boa ma akyerɛkyerɛfoɔ adwuma no yɛ mmerɛ ma wɔn. Kane a na abaatwa di sukuu mu ntenesoɔ mu akotene no, na asuafoɔ ho popo wɔ akwankyerɛ a akyerɛkyerɛfoɔ de ma wɔn no nyinaa ho. Berɛ a wɔyii abaatwa firii sukuu mu yi deɛ, asuafoɔ dodoɔ no ara asoa wɔn mmɛn wɔ wɔn mmatiri so asan abubu nnua agu wɔn asom ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ deɛ wɔbɛyɛ biara no, akyerɛkyerɛfoɔ no rentumi ntwa wɔn mpire.

Bio, abaatwa asotweɛ a wɔayi afiri sukuu mu no ama asuafoɔ dodoɔ no ara ahokeka wɔ adesua mu no aba fam. Kane no, sɛ na osuani bi anyɛ sukuu mu dwumadie ne efie dwumadie bi a, akyerɛkyerɛfoɔ no tumi twa no mpire de twe n’aso sɛdeɛ ɛbɛma wahunu hia a ɛhia sɛ ɔde ne ho hyɛ sukuu mu dwumadie biara mu. Na yei boa ma asuafoɔ no keka wɔn ho wɔ sukuu mu ne efie dwumadie nyinaa mu pa ara. Ɛnnɛ yi deɛ, ɛsiane sɛ abaatwa asotweɛ biara nni hɔ nti, asuafoɔ dodoɔ no ara nha wɔn ho wɔ sukuu mu ne efie dwumadie nyinaa ho bio.

Ɔkyerɛkyerɛni bi retwa sukuuni bi mpire wɔ ne nsam

Ɔhaw foforɔ nso ne sɛ, abaatwa asotweɛ a wɔayi afiri sukuu ahodoɔ mu no nti, sukuu mmɔfra dodoɔ no ara mmu wɔn akyerɛkyerɛfoɔ bio. Yɛyɛ nnipa yi deɛ, adeɛ baako a ɛboa yɛn ma yɛdi mmara so ne asotweɛ ho suro a ɛda yɛn so no. Saa ara na asuafoɔ no nso, na adeɛ baako a ɛboa wɔn ma wɔbu wɔn akyerɛkyerɛfoɔ ne sɛ, na wɔnim sɛ wɔbu wɔn animtia a, akyerɛkyerɛfoɔ no bɛtumi atwa wɔn mpire.

Yei nti, abaatwa ho asotweɛ a afiri sukuu mu no ama asuafoɔ dodoɔ no asoa wɔn mmɛn wɔ akyerɛkyerɛfoɔ no so. Ebinom mpo deɛ, wɔde wɔn akyerɛkyerɛfoɔ ne mpanimfoɔ afoforɔ anim yɛ ntomago twitwiri fam ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ obiara rentwa wɔn mpire biara.

Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ abaatwa ho asotweɛ a afiri sukuu mu no adi yɛn nya pa ara.

Tɔfabɔ

Ɔbɔadeɛ no mpo nim sɛ ntenesoɔ te sɛ abaatwa ho hia wɔ mmɔfra nteteɛ mu pa ara. Ɛno nti na Ɔmaa wɔtwerɛɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 22:15 sɛ, “Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho; ntenesoɔ abaa na ɛbɛyi afiri ne ho akɔ akyirikyiri” no. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:24 nso si so dua sɛ, “Deɛ ɔkora n’abaa tan ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, ɔhwɛ tene ne so.” Afei, Mmebusɛm 29:15 wie asɛm no sɛ, “Abaa ne kasakyerɛ na ɛma nyansa, na ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwuo.”

Ne tiawatwa mu no, abaatwa yɛ ntenesoɔ a ɛho hia pa ara wɔ mmɔfra nteteɛ mu. Yei nti, sɛ akyerɛkyerɛfoɔ de ɔdɔ ne tema twa mmɔfra mpire berɛ a wɔato mmara wɔ sukuu mu a, ɛbɛboa ama mmɔfra no asua suban pa anyini abɛyɛ mpanimfoɔ pa wɔ ɔman yi mu.

Tags: abaatwaAsotweɛGhana sukuu mu nsɛmntenesoɔNwomasua mu ntenesoɔSukuu mo asotweɛ
Deɛ atwam

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Deɛ ɛdi hɔ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?