• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Nwomasua mu ntenesoɔ

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Wɔde adɔ atwe asuafoɔ binom aso

0
SHARES
629
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Adɔ firi tete, Odomankoma pɛn so. Yɛn nananom nnwuma mu titire baako pa ara ne no.

Ɛno da nkyɛn a, adɔ ayɛ ne ho nnwuma mu ɔbaatan pa a ɔma nnipa nsa kɔ wɔn ano. Yei nti, ɛyɛ adwuma a ɛho hia na mfasoɔ kɛseɛ wɔ so pa ara.

Akanman mu deɛ, tete no, na abɔfra biara, titire ne ɔbarima, sua adwuma a n’agya yɛ. Yei kyerɛ sɛ, sɛ abarimaa bi papa yɛ okuani a, sɛdeɛ ɛteɛ biara na ɔno nso bɛyini abɛyɛ okuani saa ara. Sɛ agya no yɛ ɔbɔmmɔfoɔ nso a, na abɔfra no bɛnyini abɛyɛ ɔbɔmmɔfoɔ saa ara, na saa ara na mmarima a wɔn papanom yɛ nnwuma afoforɔ no nso bɛynini abɛyɛ nnwuma a wɔn papanom yɛ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nsɛm yinom nyinaa di adanseɛ sɛ adɔ anaa kuayɔ yɛ adwuma a ɛsom bo pa ara. Nanso deɛ ɛteɛ ne sɛ, atenetene a akyerɛkɛyerɛfoɔ de ma mmɔfra wɔ sukuu ahodoɔ mu no, adɔ yɛ mu baako. Mpɛn pii no, sɛ osukuuni bi to mmara wɔ sukuu mu a, wɔtaa twa sukuu asase no fa bi ma no dɔ de yɛ asotweɛ ma no.

Saa asotweɛ yi so mfasoɔ baako ne sɛ ɛboa ma sukuu mmɔfra twe wɔn ho firi mmaratodeɛ a ɛmaa wɔtwee wɔn aso no ho. Bio nso, ɛbɔ asuafoɔ nkaeɛ no kɔkɔ wɔ mmaratodeɛ korɔ no ara ho.

Sɛdeɛ berɛboɔ biara abɔnwono bata ho no, saa ara na adɔ a wɔde yɛ asotweɛ ma sukuu mmɔfra no nso tumi nya nsunsuansoɔ bɔne bi wɔ mmɔfra no so. Saa nsunsuansoɔ yi mu baako ne sɛ, ɛma asuafoɔ no hunu adɔ sɛ ɛyɛ asotweɛ.

Asuafoɔ mmienu binom redɔ

Mpɛn pii no, ɛbɛwie akyire no na sukuufoɔ a wɔde adɔ atwe wɔn aso wɔ sukuu ahodoɔ mu no bu kuayɛ sɛ ɛyɛ biribi a nnipa a wɔn ho aka mu nko ara na wɔyɛ. Yei nti, ɛmfa ho sɛdeɛ kuadwuma atu mpɔn nnansa yi nyinaa akyi no, asuafoɔ yinom ani nnye ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ kuadwuma mu.

Ɔhaw foforɔ nso ne sɛ, ɛma asuafoɔ binom tumi bɔ ko wɔ sukuu mu. Mpanimfoɔ se, deɛ ɔda fam nsuro ahweaseɛ nti, sɛ sukuuni bi nim adɔ, na n’ani nnye sukuu ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛbɔ ko afiri sukuu mu.

Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔnim adɔ na ɔmpɛ adesua nti, ɔtumi bu sukuu mu mmara no so berɛ a ɔpɛ biara ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ adɔ ara na wɔbɛtwa ama no, adɔ yi nso a, ɔnsuro.

Afei, adɔ a wɔde yɛ asotweɛ ma sukuu mmɔfra no mmoa mma mmɔfra a wɔn ho aka mu no adesua ntu mpɔn.

Mpɛn pii no, wɔtaa ma sukuu mmɔfra a wɔretwe wɔn aso no firi adesuadan mu kɔdɔ berɛ a asuafoɔ nkaeɛ no resua adeɛ. Yei tumi ma saa asuafoɔ anaa osuani a ne ho aka mu no ka akyi koraa wɔ adesua mu.

Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ, adɔ a wɔde yɛ asotweɛ ma sukuu mmɔfra no bɛtumi de asuafoɔ no nkwa ato asiane mu.

Wɔtwa sukuu no fa bi a afu yie pa ara ma sukuu abɔfra bi sɛ ɔnnɔ a, ɛbɛtumi ama mmoa binom a wɔn ho yɛ hu te sɛ wɔwɔ, sakasaka, ana, ne deɛ ɛkeka ho aka abɔfra no akɔfa ɔhaw abɛto n’awofoɔ ne n’abusuafoɔ so.

Ɛsiane nsɛm a yɛabobɔ so yinom nti, ɛbɛyɛ papa sɛ akyerɛkyerɛfoɔ hwehwɛ akwan afoforɔ binom a wɔbɛfa so atwe asuafoɔ a wɔto mmara wɔ sukuu mu no aso sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wɔdwene asuafoɔ daakye ho.

Tags: AdɔAsotweɛKuayɔSukuu mu mmaratoɔ
Deɛ atwam

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Deɛ ɛdi hɔ

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?