• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Adesua yi firi Owura Gideon Acheampong.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
0
SHARES
668
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Berε bi asi wɔ w’abrabɔ mu a na w’abam abu na wopεε sε wohwere wo nkwa pεn? Aane, εtumi ba no saa. Nnipa dodoɔ no ara tumi kɔ saa haw yi mu. Awerεhoɔ mmorosoɔ tumi tɔ obiara so, εno nti yεbεhwε kwan ahodoɔ a obi bεtumi afa so adi so nkonim.
Mpεn pii no εyε a abammuo ne awerεhoɔ mma kwa, εwɔ biribi a εkɔtwe no de ba. Ɛtumi firi brε a obi abrε aboro so, sε obi ammɔ ne ho mmɔden wɔ nsɔhwε mu, sε wowɔ yareε bi mu anaasε worehwere wo dɔfo anaa busuani bi. Ɛba no sei a ebinom tumi su yie, na wɔnnya anigyeε biara sε wɔnkɔ wɔn nnwuma so εfiri sε wɔn anidasoɔ nyinaa asa.

Mpεn pii no εyε a saa awerεhoɔ yi nkyε nni nna pii. Nsusuiε pa, nkuranhyε a εfiri afoforɔ hɔ ne berε tumi boa nipa no ma saa awerεhoɔ no firi hɔ. Nanso εtɔ da a obi werε tumi ho pii ma no kyε yie, εba no saa a ne kɔn nnɔ aduane, ɔntumi nna na εtɔ da mpo a ɔpa aba wɔ abrabɔ mu na ne kɔn dɔ sε ɔbεwu afiri wiase. Sε obi kɔ saa tebea yi mu a yεka sε awerεhoɔ mmorosoɔ da saa nipa no so.

Sε obi werε ho pii ma no kyε na n’anigyeε firi nneεma ahodoɔ bebree mu a, yεka sε ɔwɔ awerεhoɔ mmorosoɔ mu.

Awerεhoɔ mmorosoɔ retɔ obi so no da nso firi sε obi werε ahoɔ ho. Awerεhoɔ mmorosoɔ yi yε deε εyε hu pa ara. Ɛtumi nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ nipa no adwuma, n’abusua ne mpo n’apɔmuden so. Obi a awerεhoɔ mmorosoɔ hyε ne so no hia mmoa te sε deε wɔn a wɔwɔ yadeε afoforɔ te sε mogyaborosoɔ nya no ara. Wei nti εho hia pa ara sε wobεhunu berε a awerεhoɔ mmorosoɔ da obi so sεdeε wobεtumi aboa wɔn ama wɔasi wɔn dada mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Awerεhoɔ mmorosoɔ ahodoɔ mmeεnsa no.

1. Awerεhoɔ mmorosoɔ yi gu mu ahodoɔ mmeεnsa. Deε εdi kan yε deε εnyε hu kεse. Wɔn a wɔwɔ saa tebea yi mu no binom tumi yε dinn sene sεdeε wɔteε ankasa, na wɔkɔ awerεhoɔ mu. Ebinom nso hyε aseε pε kasa pii de ne ho hyε dwumadie ahodoɔ mu sεdeε εbεyε a ɔrennwennwene deε εma wɔn werε εhoɔ no ho, nanso wɔn akoma mu ankasa deε awerεhoɔ mmorosoɔ hyε wɔn so. Wɔn a wɔn deε no nyε hu no tumi toa so yε wɔn nnwuma sane hwε wɔn abusua kama.
Mmom sε saa awerεhoɔ mmorosoɔ a εhyε wɔn so yi firi aseε sε εreyε kεse a, εhyε aseε sesa sεdeε onipa no bɔ ne bra ankasa. Ɛbεtumi aba sε wɔn anigyeε a wɔwɔ wɔ adwuma mu no bεfiri hɔ, wɔbrε ansa na wɔatumi ada anadwo. Wɔn anigyeε wɔ nna mu nkitahodie ho no bεtumi afiri hɔ. Ɛbεtumi nso aba sε wɔbεnom nsa pii na wɔatwe wɔn ho afiri afoforɔ ho.

Wɔn a wɔwɔ tebea a εtɔ so mmienu mu no tumi hyε aseε nom nsa, na wɔtwe wɔn ho firi afoforɔ ho.

2. Awerεhoɔ mmorosoɔ yi mu foforɔ a εtɔ so mmienu no nso tumi ma nipa no kɔ awerεhoɔ ne awerεhoɔ mmorosoɔ mu da koro, afei ɔtumi si ne dada mu bio te sε deε hwee nna ne so no, nanso adeε bεkye na adwennwene yi asane abεtɔ ne so bio a εnni farebae biara. Saa awerεhoɔ mmorosoɔ yi fa yi yε deε εyε hu yie pa ara, na εsε sε deε ɔbεn saa nipa no bɔ ne ho mmɔden sε ɔbεboa no.

3. Deε εtɔ so mmeεnsa no tumi ma εhu bɔ nipa a awerεhoɔ mmorosoɔ da ne so no wɔ nnipa anaa nneεma bi ho. Wɔtete nne wɔ wɔn asom, na εtɔ da mpo a εyε wɔn sε obi di wɔn akyi anaasε obi rehwε wɔn wɔ berε a εnte saa. Ɛba no sei a εtwa sε ayaresafoɔ ne afotufoɔ a a wɔwɔ yadeε yi ho nimdeε yie no bεn ɔyarefoɔ no na wɔtumi boa no.

Ɛdeεn na εde Awerεhoɔ mmorosoɔ ba?
Wɔn a awerεhoɔ mmorosoɔ da wɔn so nyinaa yε wɔn a wɔahyia ɔhaw bi wɔ wɔn abrabɔ mu. Ɛbεtumi ayε ne dɔfo bi a wawuo, n’awadeε a agu anaa mpeantweε a ankɔwie yie, adwuma a wahwere, yadeε bi, nnamfoɔ bi a wahwere, ɔko, sε obi ntumi nhwε n’abusua mma wɔn biribi nni ne deε εkeka ho.

Worekyerε ɔdɔ akyerε nipa a awerεhoɔ mmorosoɔ da ne so, worehyε no nkuran, woreda ayamyε adi akyerε no, worenya ntoboaseε ama no na woaboa no wɔ ne haw mu no boa ma no tumi si ne dada mu bio.
Ɛho hia sε obi a awerεhoɔ mmorosoɔ da ne so no ne afoforɔ te sε ne yɔnko bi a n’adwenem dɔ, ne kyerεkyerεni anaa ne sɔfo di ho nkɔmmɔ εsiane sε wɔbεtumi aboa no. Sε wei nyinaa akyi adwennwene no kɔ so ara yε kεse a, εho bεhia sε wobεboa saa nipa no ama no akɔhunu apɔmuden ho dwumayεni bi a ɔbεtumi aboa no. Ɛtɔ da a εnyε nsεm a akɔfa adwennwene abrε wɔn no nyinaa na wɔtumi ka εsiane sε wɔnnya atenka biara saa berε no sε wɔne ɔfoforɔ nkyε asεm pɔtee no.

Yεnim obi a awerεhoɔ mmorosoɔ reku no a, momma yεmmεn no, yεnkyerε wɔn ɔdɔ na yεnhyε wɔn nkuran.

Hyε no nso sε awerεhoɔ mmorosoɔ tumi tɔ mmabunu ne mmɔfra nketewa so nso bi. Nsεm a εkɔ so wɔ abusua mu no tumi nya nsunsuansoɔ kεseε pa ara wɔ mmɔfra so. Ɛtɔ da wɔn nnamfonom teetee wɔn, εnam saa nti wɔn werε ho pii ma εtumi de awerεhoɔ mmorosoɔ to wɔn so.

Taa hyε wɔn a wɔbεn wo no nso yie, hunu sεdeε wɔteε ankasa na aboa wo ama woahunu no ntεm berε a biribi asesa wɔ wɔn ho no. Wonim obi a awerεhoɔ mmorosoɔ da ne so nso a boa no, yε woafam deε wɔ ne ho ma ɔntumi nsi ne dada mu, Wo mmoa no pem na ɔda so ara wɔ saa tebea no mu a, boa no ma ɔnkɔhunu ɔyaresafoɔ. Kyε wei ma afoforɔ na wɔn nso nnya adesua yi mu kyεfa.

Tags: AdwenenmuhawApɔmudendɔkota
Deɛ atwam

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Deɛ ɛdi hɔ

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?