• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Adesua yi firi Owura Desmond Manu.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
0
SHARES
216
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛba apɔmuden mu a, nneεma ahodoɔ a εtaa ha mmarima dodoɔ no ara na wɔdwennwene ho kεse yε wɔn mpa mu agodie mu ahoɔden anaa mmɔdemmɔ a aba fam. Nna mu nkitahodie yε adeε baako a εtumi ma awareε gyina na εyε anika nso εsiane sε εno nso ka awadeε fapem ho. Nanso anigyesεm ne sε ɔhaw biara a εda adi wɔ mmarima ho fa nna mu nkitahodie ho no, εda adi ntεm ma wɔpε ho aduro ntεm a adɔkotafoɔ tumi sɔ ano ma no yε yie.

Yεka sε ɔbarima bi ntumi mmɔ ne ho mmɔden wɔ mpa mu anaasε n’ahoɔden wɔ fam a na yεpε sε yεkyerε sε, ɔne ɔbaa bi ahyia na ne ho antumi ansεpε no anaasε wantumi amma ɔbaa a ɔne no ahyia no ho ansεpε no wɔ nhyiamu no mu. Ne papa mu pa ara no, εsε sε anka ɔbaa ne ɔbarima no nyinaa ani tumi gye wɔ nna mu nhyiamudie no akyi, nanso sε ɔbarima bi antumi annya saa anigyeε no a yεka sε ne mpa mu ahoɔden wɔ fam.

Ͻbarima ahoɔden wɔ nna nkitahodie mu wɔ fam a, εtumi ma awadeε anigyeε firi mu.

Mpεn pii no, sei na εkɔ so wɔ ɔbarima ho ansa na watumi ne obi ahyia. Sε ɔbarima hunu ɔbaa bi na ne kɔn dɔ no sε ɔpε sε ɔne no nya nhyiamudie a, nsuo bi di kan kyinkyim de kɔ adwene no mu ma barima no nya adwene bi sε ɔpε sε ɔne ɔbaa no hyia. Ɛno akyi no, ntinintini a εfam ɔbarima no barima ho no nso keka ne ho ma ɔbarima no barima no sɔre anaasε εkanyan ne ho. Ɛno akyi nso ntini bi wɔ hɔ a εma atenka, εfiri aseε keka ne ho na εno na εma ɔbarima no te dεw bi wɔ nkitahodie no mu. Ntini a mogya nam mu no nso di mu ntintimman. Ɛtwa sε saa nneεma yinom nyinaa gyina tebea papa mu ansa na ɔbarima no atumi agyina ne nan so. Sε emu biara ho te kyema a, ɔbarima no rentumi mmɔ ne ho mmɔden wɔ mpa mu sεdeε εsε sε εyε no. Ɛkɔba no saa a yεka sε saa ɔbarima no yε mmerε wɔ mpam.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Nna mu nkitahodie mu mmerεyε yε nsεnkyerεnneε titire a εkyerε sε yadeε foforɔ bi wɔ nipadua no mu.

Hyε wei nso, sε ɔbarima bi ahoɔden wɔ nna mu nhyiamudie mu wɔ fam a, εtumi nya nsunsuansoɔ wɔ n’anigyeε so. Ɛmma n’ani nnye sεdeε εsε sε εyε no. Ɛsane nso yε nsεnkyerεnneε a εkyerε sε ɔhaw foforɔ bi wɔ nipadua no mu anaasε adwene no mu. Ɛno nti wohwε nneεma ahodoɔ a εda adi wɔ ɔbarima apɔmuden ho a, εno na εyε nsεnkyerεnneε a εdi kan a εma yεhunu sε yareε foforɔ bi wɔ nipadua no mu anaasε adwene no mu. Mpa mu mmɔdemmɔ a εwɔ fam no tumi kɔfa adwenemuhaw kakra ba. Ne saa nti yεtu fo sε wohunu nsesaeε bɔne biara wɔ wo mpa mu mmɔdemmɔ mu anaasε wohunu sε w’ahoɔden wɔ ho no rekɔ fam a, yε ntεm na kɔhunu wo dɔkota εsiane sε εbεtumi aba sε εyε yadeε foforɔ bi na εreda ne ho adi ama εho nsunsuansoɔ abεka wo mmɔdemmɔ.

Nsεkyerεnneε bεn na εda adi berε a ɔbarima bi ahoɔden aba fam wɔ mpa mu no?

Sε ɔbarima bi yε krawa anaasε ɔdɔ benada a, εda ne ho adi wɔ akwan ahodoɔ nnan so.

Deε εdi kan ne sε ɔbarima no anigyeε a ɔwɔ ma ɔbaa ba fam. Ɛtumi ba sε ɔnnya atenka mma ɔbaa biara anaa ne yere sε ɔne no nnya nna mu nkitahodie, a εmfa ho ne deε ɔbaa no bεyε no biara. Obi a ɔwɔ saa haw yi no mpo tumi de ne ho kame ne yere anaa ɔbaa biara bεboro abosome mmienu, a ne nyinaa firi anigyeε anaa atenka biara a ɔnnya sε ɔne ɔbaa bi nhyia mu nti.

Deε εtɔ so mmienu yε sε ɔbarima no barima ntumi nsɔre nnyina so. Sεdeε atwerε no adi aka no, ansa na ɔbarima bi bεtumi ne ɔbaa anya nna mu nhyiamudie no, nsuo bi kyinkyim, mogya nso bεgyina ntini a εwɔ ɔbarima no barima ho no mu sεdeε εbεboa ama no atumi agyina so kama. Nanso mmarima binom wɔ hɔ a saa ntinintini yi a εsε sε mogya fam no anya ɔhaw. Wei mma wɔn barima no ntumi nsɔre nnyina so bεyε simma mmienu koraa na asane adwodwo, εba no saa a yεtumi ka sε ɔbarima no mpa mu ahoɔden wɔ fam.

Deε εtɔ so mmeεnsa nso yε sε berε a nna mu nhyiamudie rekɔ so no, εsε sε ɔbarima no tumi de n’ahobaa nsuo gu ɔbaa no mu. Ebinom barima tumi dwodwo mpo wɔ berε a ɔnnya ne ɔbaa no nhyiaeε no. Sε ɔbarima ne ɔbaa nya nhyiamudie sei na ɔbarima no ntumi nto n’ahobaa nsuo ngu ɔbaa no mu a, na kyerε sε saa ɔbarima no wɔ ɔhaw.

Deε εtwa toɔ yε sε ɔbarima bi ne ɔbaa bεhyiam nanso ne ho ntumi nsane no anaasε ne ho ntumi mma.

Wohunu nsεnkyerεnneε ahodoɔ yi mu biara a, yε no ntεm kɔhunu wo dɔkota.

Ɛyε sε woahunu nsεnkyerεnneεa εda adi ma wohunu sε woyε krawa anaasε εnte saa. Ɛba sε wohunu saa nsεnkyerεnneε yi mu bi wɔ wo ho a, mesrε wo mmu w’ani ngu so. Mma w’abam mmu nso. Hwε yie nso na wo ankasa woankɔpε w’aduro annom, mmom kɔhunu wo dɔkota ma ɔnhwε wo yie na ɔmmoa wo. Kae sε wobεkyε ama afoforɔ nso, εbεtumi aboa wo nua bi

Tags: ahobaa nsuodɔkotanna mu nhyiamudienna mu yadeεntinintini
Deɛ atwam

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Deɛ ɛdi hɔ

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?