• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

So, honam mpᴐeε wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ honam no ne apᴐmuden so?

Momma yεnhwε nsunsuanso bᴐne binom a ᴐpᴐ de nam, ne ᴐhaw a εde ba honam no so

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/17/2023
wɔ Adesua
0 0
0
So, honam mpᴐeε wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ honam no ne apᴐmuden so?
0
SHARES
177
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Seeisei, honam mpᴐeε abεyε adeε a agye din pa ara, na sε yεhwε nku ahodoᴐ a εwᴐ edwaman soᴐ no a, nku a yεde pᴐ wedeε no fa mu fa dodoᴐ no ara. Nhwehwεmu kyerε sε, afe 2020, na wᴐn a wᴐtᴐn nku a wᴐde pᴐ wᴐn ho no nkota ne wᴐn sika nseseeε nenam ᴐpepepe$ 1.8. NPR foᴐ nhwhwεmu mu nsεm a wᴐde too dwa kyerε sε, mfeε nsia a εdi anim, εfiri afe 2020 de reba mu no, εbεtumi apagya akᴐ ᴐpepepe $12.3.

Wei ma no da adi pefee sε wᴐn a wᴐpere hwewhwε nku a εpᴐ wedeε dᴐᴐso pa ara, nanso nsεm pii wᴐ ho a yεnkasa mfa ho. Wei nyinaa yε mfeafeaho, na asεm pa ara ne sε, honam mpᴐeε de apᴐmuden mu kyemateε a εyε hu na εba. Adᴐkotafoᴐ a wᴐakwadare wᴐ honam no ne εho nsεnsεm ne deε εsε sε wode ka honam no kyerεm sε, gyidie ne anisᴐ a nnipa nni wᴐ ne wedeε no fε ho na εma wᴐyε wᴐn adwene sε wᴐbεpᴐ.

Adeε baako a εyε hu wᴐ ᴐpᴐ mu ne sε, εma ho kwan ma awuduro a εwᴐ adeε bi a wᴐfrε no mercury mu no ho kwan ma εka obi ntεm so. Wᴐkyerε sε, nku ne nneεma a wᴐde pᴐ no binom wᴐ hᴐ a saa mercury yi bi wᴐ mu. Sε obi bεn mercury yi pii a, εtumi sεe n’ahrawa ne ne saa. Adeε a εma nnipa tu di nku a wᴐde pᴐ akyi yε adwene a wᴐnya, berε a wᴐredwene deε εma honam no tᴐ so, yε fε na εyε nahanaha ho no. Na deε a εwᴐ mu ne sε, nku no bi wᴐ hᴐ a, sε wode ka wo wedeε a, εbεgye wo, a wonnya ho nsunsuansoᴐ biara, sε wᴐn a wᴐakwadare honam mu nsεm ne deε εsε sε wode ka no kyerεkyerε wo εho akwan a. Nanso, εnnε yi, wᴐtᴐn saa nku ne asradeε yi no pii no ara wᴐ mmᴐtene so baabiara, ne intanεte so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Deε εdidi soᴐ yinom bi ne nsunsuanso bᴐne a εwᴐ asra a εpᴐ ho;

  • Mogyaborosoᴐ
  • Ↄbrε ne mmerεyε
  • Biribi ketewaa bi a εka wo a εnsε sε wote yaw ka wo a, wote yaw
  • Wo honam no baabi tumi yε titiritii, anaa tumi wu
  • Adwene mu nsεnsεm bi te sε worehwere adwene no fa a εde nsεm sie ma wokaakae ne deε εkeka ho
  • Saa mu yareε
  • Ahrawa mu yareε
  • Ԑma honam ani kokoram akwannya kεseε

Nku ahodoᴐ a wᴐde pᴐ a ani nni ho no bi wᴐ hᴐ a, nnuro bi a wᴐfrε wᴐn hydroquinone ne topical steroids wowᴐ mu. Sε saa nnuro yinom mmienu ka bᴐm na wᴐde ka honam no a, εma adeε a εboa honam no na εbᴐ ho ban firi owia ne nneεma a ano yε hye ho no gyae honam no mu ba. Wᴐfrε saa adeε no melanin, na εyε nsuo bi a εma wedeε no nya ahosuo. Sε εkᴐ wedeε no mu pii a, berε rekᴐ anim no, εbεtumi ama wedeε no ahosuo asesa ayε nsonso, bibire, ne ahosuo a εkeka ho pii a εnyε, afebᴐᴐ. W’adwene bεyε wo sε wode reka no berε tiawa bi mu ahwε deε εde bεba, nanso wanhyε yie a εbεsεe honam no afebᴐᴐ.

Afei sε wode saa nku ne asradeε yinom ka wo honam wᴐ berε a wonim wᴐn asea, εtumi de etwa, honam ani ne anim nsaa ne εborᴐ ahodoᴐ ba honam no so. Saa nku yinom si deε εma melanin no ba honam no mu no kwan, na sε εsi no kwan saa na sε εmma mmεyε n’adwuma a εsε sε εyε bio a, honam no ahosuo no dane yε kᴐkᴐᴐ. Yεadi kan aka sε melanin no boa bᴐ honam no ho ban firi nneεma a ano yε hye te sε awia ne egya ne deε εkeka ho, na εma honam no yε mmrε wᴐ honam ani kisikuro ahodoᴐ binom ho. Sε εba saa a εma honam ani kisikuro tu obi ntεm so.

Abᴐdeε mu nyansapεfoᴐ binom gye di sε εma wedeε no nyini ntεm sene sεdeε εsε sε εnyini fa.

Tags: ApᴐmudenHonamHydroquinoneMercuryNsunsuanso bᴐne
Deɛ atwam

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Deɛ ɛdi hɔ

Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra

Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?