• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra

Adesua yi firi Owura Gideon Acheampong nkyεn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/17/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra
0
SHARES
314
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mmɔfra awoɔ yε mmerε a εmu yε den yie εnam dwumadie ahodoɔ a εwɔ mu nti. Nneεma ahodoɔ pii wɔ hɔ a εsε sε ɔwofoɔ no yε, sε ebia din a ɔbεdwene ho de ama abɔfra no, abɔfra no ntaadeε a εbεyε krado ne kwan a ɔbεfa so ahwε abɔfra no yie ho adwennwene. Mmom, ade titire baako a εsε sε ɔwofoɔ biara adwene kɔ so yie yε abɔfra no aduanedie.

Nofosuo wɔ nnuanennuro ahodoɔ a abɔfra no hia nyinaa bi. Ɛnyε adeε a εho nso yε den sε nnuane a wɔtɔ no abɔntene ma abɔfra no.

Abosome mmeεnsa a εdi kan no deε, εho hia pa ara sε wode nofosuo nko ara bεma abɔfra no. Ɛno yε pii sene mmɔfra nnuane ne meleke ahodoɔ a wobεtumi atɔ ama no nyinaa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Ɛyε sε abɔfra no bεnom afiri ne maame nofo ano asene sε ɔbεnom afiri toa mu.

Wo susu sε deεn nti na nofosuo ho hia?

  1. Deε εdi kan no, εyam yie. Mmɔfra a wɔnom nofosuo firi wɔn maamenom nkyεn no mfe sεdeε wɔn a wɔnom nneεma afoforɔ firi ntoa mu no feε no, na wɔn agyanan nso nyε nsuonsuo.
  2. Ɛbɔ wɔn ho ban firi ayamtuo anaa ayamhwie ho. Nofosuo ho te. Nsuo a εbεtumi ayε deε efi wɔ mu biara mfra a εbεma abɔfra no yam ahwie.
  3. Ɛbɔ abɔfra no ho ban firi tipaeε ne aso yadeε ho. Mmɔfra a wɔnom nofoɔ no ntaa nnya tipaeε ne asoyadeε.
  4. Adɔkotafoɔ kyerε sε mmɔfra a wɔnom nofoɔ no ntaa nnya kokoram ne yadeε a εyε hu, mpo wɔ berε a wɔayε mpanimfoɔ no.
  5. Mmɔfra a wɔnom meleke a εfiri mmoa mu no taa nya honam ani yadeε te sε εkorɔ ne nsaansaa. Mmom wɔn a wɔnom nofoɔ no ntaa nnya saa haw yi.
  6. Wei nyinaa da nkyεn a, nofoɔma boa abɔfra no ne ne maame ma wɔnya nkitahodie soronko bi. Wei ma abɔfra no anigyeε wie pεyε, na εbεtumi nso aboa no ama ɔne afoforɔ nkitahodie ayε kama berε a ɔrenyini no.

Nofosuo a εdi kan

Abaatan binom gyae nofoɔ a wɔde ma wɔn mma no ntεm εsiane sε wɔsusu sε wɔn nofoɔ no nko ara nyε mma abɔfra no, anaasε wɔsusu sε wɔn nofosuo no nnɔɔso a εbεso abɔfra no. Nofosuo yε ma abɔfra no pa ara, sε ɔbaatan a ɔrema nofoɔ no yɛ teatea anaa kεseε.

Ansa na abɔfra no bεba wiase no, maame no nofoɔ firi aseε siesie “nofosuo a εdi kan”. Saa nofosoɔ soronko yi ahosoɔ sesa firi deε yεnim dada no ho, εno ani te sε akokɔsradeε. Saa nofosuo a εdi kan yi ne adeε a abɔfra no hia wɔ nna kakra a εdi kan no mu berε a afei waba asase so no. Ɛwɔ nnepa ahodoɔ pii a εbɔ abɔfra no ho ban firi yadeε ho.

Wɔwo abɔfra foforɔ a, wɔde no to ne maame koko mu.

Wɔwo abɔfra foforɔ a, wɔde no to ne maame koko sε bεyε simma aduasa. Ͻnom nofoɔ saa berε no a, ɔnom nofosuo a εdi kan a ani yε akokɔsradeε no, na εbɔ ne ho ban firi nyarewa ho. Nofoɔ a ɔbaatan de ma ne ba no boa ɔbaatan no nipadua no, εma n’awodeε no mu kye sεdeε εbεyε a εbεsi awoɔ no akyi mogya a εretu noɔ no ano. Nna kakra akyi no, nofosuo a εdi kan no twa, afei nofosuo a yεnim no ankasa firi aseε ba. Wei ne aduane a εsom bo a yεbεtumi de ama abɔfra no. Onyankopɔn siesiee nofosuo yi sεdeε εbεboa ama abɔfra no anyini yie na asane abɔ ne ho ban.

Hyε no nso, wei nkyerε sε mmɔfra a wɔnom nofoɔ no rentumi nyare da, mmom wɔwɔ akwannya kεseε sε wɔn ho yε wɔn den sene abɔfra a wɔtotɔɔ nnuane firi abɔntene maa no anaa wɔde nantwie anaa abirekyire meleke maa no.

Ͻbaatan no apɔmuden nso ε?

So, wogye di sε nofosoɔ a abaatan de ma wɔn mma no boa mmɔfra no nko ara anaa? Nofoɔ a ɔbaatan no de ma ne ba no boa ɔno ankasa nso bi.

Nofosuo wɔ mfasoɔ bebree wɔ abɔfra no apɔmuden so.

Mmaa a wɔma wɔn mma nofoɔ no ntaa nnya yadeε a εyε hu bi te sε kokoram.

Wɔn so te, afei wɔn nipadua no si ne dada mu bio ntεm sene wɔn a wɔmma wɔn mma nofoɔ no.

Nofoɔma boa tete ɔbaatan no awoɔ ntam, εnkanka ne sε abɔfra no renom wɔ nofoɔ no ankasa ano sene sε ɔbεnom afiri toa mu.

Deεn na εsε sε agya no yε?

Agya no nso nya mfasoɔ firi so bi. Ɛbɔ ne sika ho ban! Nofosuo a ɔbaatan de ma abɔfra no yε adeε a ne boɔ yε fo, εnhia sika biara.

Ebia, εbεyε agya no sε wei nhyε da mfa ne ho saa, nanso abɔfra no hia ɔno nso. Abɔfra no ani gye sε ne papa anaa abusuafoɔ nso bεgye no na wɔasɔ ne mu. Ɛsε sε agya biara gye berε dabiara wɔ ne ba no ho sεdeε εbεyε a wɔbεhunu wɔn ho yie na wɔadɔ wɔn ho.

Ɛsε sε agyanom nso gye berε ma wɔn mma sεdeε wɔbεnya ayɔnkofa bi na wɔadodɔ wɔn ho.

Mpεn pii no, agya no nsusuiε na εtaa kyerε mmerε tenten a ɔbaatan no de bεtwa abɔfra no nofoɔ. Mmarima binom twe wɔn yere ho ninkunu, anaasε εtaa yε wɔn akoma ya sε ɔbaa no de ne mmerε dodoɔ no ara rema abɔfra no, nanso wɔn werε firi sε εno ne nhyehyεeε pa a εbεboa abusua no nyinaa, titire ne abɔfra no. Ɛsε sε mmarima hyε wɔn yerenom den na wɔboa wɔn nso.

Ͻwofoɔ anaa ɔbaatan, ma wo ba no aduanedie anaa w’ankasa wo nofosuo a wode bεma noɔ no ho nhia wo nsene biribiara. Ɛha na abɔfra no apɔmuden pa mfitiaseε nyinaa gyina. Yere wo ho na brɛ ne ho seesei sene sε εbεka akyi daakye. Afei, kyε ma mmaatan anaa obiara a wonim sε εbεboa no ma ɔnkenkan bi.

Owura Gideon Acheampong nsa na εhyε adesua yi ase.

Tags: apɔmuden panofosuoNyinsεnɔbaatanƆpemfoɔ
Deɛ atwam

So, honam mpᴐeε wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ honam no ne apᴐmuden so?

Deɛ ɛdi hɔ

Nnuro a yεde kanyan nna mu nkitahodie so nsunsuanso bᴐne ne ahintasεm a εwᴐ ho

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nnuro a yεde kanyan nna mu nkitahodie so nsunsuanso bᴐne ne ahintasεm a εwᴐ ho

Nnuro a yεde kanyan nna mu nkitahodie so nsunsuanso bᴐne ne ahintasεm a εwᴐ ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?