• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Amanyɔsɛm ne adesua

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
wɔ Adesua, Amanyɔsɛm
0 0
0
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Asraafoɔ akannifoɔ binom a wɔatu wɔn aban agu

0
SHARES
263
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Afeha a ɛtɔ so aduonu baako yi mu deɛ, ɛsiane sɛ aman dodoɔ no ade wɔn ho afiri nkoasom mu na anibue nso aba nti, tumidie aperepere so ate kakra. Ɛno da nkyɛn a, nwomasua ne nimdeɛ a adɔɔso nti, aman dodoɔ no ara abɛhunu sɛ, sɛ wɔfa ka-ma-menka-bi so to aba yi wɔn mampanin a ɛboa pa ara.

Yei aboa ama basabasayɛ ne ntɔkwa a tumidie aperepere de ba no so ate koraa wɔ Abibirem ne wiase afanan nyinaa.

Nanso, ɛfiri afe 2019 mu reba no, asraafoɔ binom atu aban ahodoɔ agu wɔ Abibirem aman ahodoɔ binom so wɔ Afrika Apueeɛ fam. Aman a asraafoɔ atu wɔn aban agu wɔ so wɔ Abibirem Apueeɛ fam no mu binom ne; Mali, Guinea, Burkina Faso, ne Niger.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Aman yinom so no, asraafoɔ no afa kwan bi so agye tumi afiri wɔn aban no nsam. Ɛno nti, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔda saa ɛdɔm yinom ano no na wɔabɛyɛ aman mpanimfoɔ a wɔredi wɔn man no so.

Onipa biara nni hɔ a ɔmpɛ asomdwoeɛ anaa ahotɔ. Ntɔkwa anaa ɔko deɛ, obiara kra kyiri koraa. Nanso, ɛsiane nneɛma binom a asraafoɔ yinom susu sɛ antwa yie nti, wɔde tumi ahyɛ wɔn nsam rebu wɔn man. Ɛwom sɛ basabasayɛ a ano yɛ den anaa ɛtumi bɔ ɔman biara nkɔɔ so wɔ saa aman yinom so deɛ, nanso ɛte sɛ nea wɔn asomdwoeɛ nwie pɛyɛ.

Berɛ a asraafoɔ yinom firiii aseɛ gyee tumidie firii wɔn aban ahodoɔ no nsam no, nnipa dodoɔ no ara a aman ahodoɔ a ɛwɔ Abibirem ha mpanimfoɔ ka ho akasa atia saa nneyɛɛ yi, nanso ɛde rebɛsi ɛnnɛ yi nyinaa, yɛda so ara suro sɛ anhwɛ a na foforɔ asi bio.

Mpanimfoɔ se, deɛ ɔdi mmara soɔ no nsuro polisini, ɛnna deɛ ɔforo dua pa nso na yɛpia no. Nsɛm yinom nyinaa di adanseɛ sɛ, bibiribi pɔtee binom a antwa yie wɔ aman ahodoɔ yinom so nti na ama asraafoɔ no agye tumi afiri wɔn aban nsam no.

Nneɛma binom a ama asraafoɔ atu aban binom agu wɔ Abibirem Apueeɛ

Ɛwom sɛ Abibiman ahodoɔ no ade wɔn ho afiri aborɔfo nkoasom mu deɛ, nanso wɔn mu dodoɔ no ara mfa ka-bi-ma-menka-bi nhyehyɛeɛ no nyɛ adwuma sɛdeɛ wɔn man mmara kyerɛ. Aban ahodoɔ no nyinaa adaeɛso ara ne sɛ wɔbɛtumi anya tumi abɛdi ɔman no so, na sɛ wɔn nsa ka saa tumi yi nso a, ɛsiane pɛsɛmenkomenya nti, na wɔde reyɛ nneɛma a ɛbɛboa wɔn nko ara. Yei ama ɔmanfoɔ no te nka sɛ aban no mmu wɔn anaasɛ wɔnnwene wɔn ho.

Bio, bɔhyɛ ahodoɔ a aban no hyehyɛ ɔmanfoɔ no ma wɔde wɔn werɛ hyɛ ne mu sɛ, sɛ wɔbɛdi wɔn so a wɔbɛma wɔn ho ahenhan wɔn, nanso wɔba aban mu a, wɔnkae wɔn nsɛm no bio anaasɛ wɔnni ne nyinaa so sɛdeɛ wɔhyɛɛ ɔmanfoɔ no bɔ no.

Yei nyinaa ma ɔmanfoɔ no te nka sɛ aban no mfa wɔn nyɛ hwee, anaasɛ aban no yɛ pɛsɛmenkomenya. Ɛno na ama asraafoɔ no nso de tumi ahyɛ wɔn nsam wɔ aman ahodoɔ binom so retu aban ahodoɔ gu no.

Afei nso, Aborɔfo aman binom nso tumi fa kwatilkwan bi so dɛfɛdɛfɛ asraafoɔ binom ma wɔte wɔn aban so atua sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa aman no bɛtumi anya mfasodeɛ binom a wɔrehwehwɛ na akyiri yi wɔatua asraafoɔ no ka.

Aman binom tete sɛ France, Russia, Amerika, China, Germany, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa repere sɛ wɔbɛnya tumi wɔ Abibirem aman binom mu nti, wɔtumi fa kwan bi so ma asraafoɔ yɛ nneɛma binom a ɛbɛboa ama wɔanya saa tumi no. Yei nso ka deɛ nti a asraafoɔ retu aban ahodoɔ gu wɔ Abibirem Apueeɛ no ho.

Adeɛ foforɔ nso a ama asraafoɔ atu aban binom agu wɔ Abibirem Apueeɛ ne sɛ, aban no afa tumidie no sɛ ɛyɛ abusua bi agyapadeɛ nti, wɔmma kwan mma ɔmanfoɔ nto wɔn so aba, nkyerɛ onipa a wɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ wɔn mampanin. Saa aban ahodoɔ a ɛtete saa no mfa mmara a ɛkyerɛ sɛ ɔmanfoɔ wɔ hokwan sɛ wɔyi wɔn mampanin no nyɛ adwuma. Ɛno nti, wɔde tumi no yɛ deɛ wɔpɛ biara ɛfiri sɛ, wɔsusu sɛ obiara rentumi nnye tumi no mfiri wɔn nsam.

Mpanimfoɔ se, “Aboa no ka aniberɛ.” Yei nti, sɛ asraafoɔ no hwɛ aban bi nneyɛɛ, ne sɛdeɛ ɛredi tumi wɔ ɔkwammɔne so no a, wɔtumi de mmara hyɛ wɔn nsam tu no firi aban mu, na ɛno na ɛda so ara rekɔ so wɔ Abibirem Apuueɛ no.

Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi asi ano

Yɛbɛtumi asi aban a asraafoɔ tu gu no ano a, ɛsɛ sɛ ɔman biara ma kwan ma ɔmanfoɔ to aba yi onipa anaa amanyɔkuo a wɔpɛ sɛ wɔdi wɔn so.

Bio, ɛsɛ sɛ aban ahodoɔ no nyinaa di nsɛm a wɔde hyɛ ɔmanfoɔ bɔ no so yie, na wɔde ɔman no agyapadeɛ ne ne sika di dwuma de boa ma ɔmanfoɔ no astena tu mpɔn.

Afei nso, ɛsɛ sɛ Aborɔfo aman ahodoɔ no twe wɔn ho firi Abibirem aman no amanyɔsɛm nyinaa ho, na wɔma kwan ma Abibifoɔ no ara de wɔn mmara ne wɔn nimdeɛ bu wɔn man.

Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, sɛ ɛbɛyɛ yie a, ɛsɛ sɛ ɔman biara de ka-bi-ma-menka-bi nhyehyɛeɛ no di dwuma yie. Ɛno bɛboa ama ɔmanfoɔ no ate nka sɛ wɔn hia aban no, na ɛno bɛma wɔanya akomatɔyam nso.

Tɔfabɔ

Asraafoɔ tumidie ne aban a wɔtu gu no, mpɛn pii no, ɛtumi de basabasayɛ ba ɔman bi mu. Ɛtɔ da mpo a, ɛtumi ma ɔko si, na ɔmanfoɔ tumi hwere wɔn nkwa. Ɔko deɛ, ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛsosɔ anaasɛ yɛhyɛ ho nkuran, nanso sɛ yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ a yɛrehwehwɛ wɔ Abibirem no a, gye sɛ yɛsua sɛ, sɛ yɛyɛ aban o, asraafoɔ o, ɔmanfoɔ o, yɛde tumi bɛdi dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so, na yɛayɛ nneɛma a ɛbɛboa ama onipa biara asetena atu mpɔn.

Tags: Aban a wɔtu guAfrika Apueeɛamanyɔsɛmasraafoɔcoups in AfricaWest Africa Coups
Deɛ atwam

Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Deɛ ɛdi hɔ

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?