• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/22/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???
0
SHARES
210
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

California a εwᴐ US man mu nnipa bi ayε abεεfo honin (robᴐto) a εtumi di asεm, na ne din de DoNotPay. Nhwehwεmu nkyerε sε Josuah Browder a ᴐyε British fa ne America fa, a ᴐyε dwadini ne abεεfo mfidie mu dwumayεni na ᴐde baa afe 2015 mu. Botaeε a εmaa owura yi de baeε ne sε, mmerε bi a atwam mu no, na εboa amanfoᴐ ma wᴐko tia εka a wᴐde bᴐ wᴐn wᴐ mmeaeε bᴐne a wᴐde wᴐn ahyεn sie no ho. Mmerε rekᴐ anim no, adwumakuo no trεε ne dwumadie mu maa no kᴐduruu bεyε 100, a awaregyaeε mu nsεm, agyapadeε ho nsεm, ne sε ᴐreboa amanfoᴐ ama wᴐn nsa aka nnepa biara a aban no wᴐ de ma wᴐn a wᴐnnyε adwuma no ho nsεm nso ka ho. Ne dwumadie no ma obiara  kwan ma wᴐhan lᴐyani wᴐ berε a wᴐnam abεεfo kwan kumaa bi so.

Amanfoᴐ ani gyee wei ho yie, εsiane sε wᴐhunuu no sε mmerε bi a εdi wᴐn anim no, asεnnie bεtumi asesa, na adi mu, εsiane sε na ᴐreboa ᴐmanfoᴐ yie. Wei na nnansa yi ara mu, mmara adwumakuo bi de DoNotPay akᴐ mmara anim. Kwaadu a wᴐde rebᴐ no ne sε ᴐkwan a ᴐfa so di ne dwuma no nnyε mmara kwan so, afei mmara mu afutuo a ᴐde ma ᴐmanfoᴐ no nni mu koraa. Owura bi a wᴐfrε no Jonathon Faridian kyerε sε sεdeε abεεfo honim yi yε ne nneεma no nyε deε mmara foa soᴐ. Wᴐkyerε mu a, deε εdi kan, DoNotPay nyε lᴐyani, anaa mmara adwumakuo biara εsiane sε wamfa alᴐyafoᴐ nteteε biara mu enti ᴐnni abodin biara a εkyerε sε ᴐyε lᴐyani, na lᴐyani biara nhwε ne so ntenetene no.

Jonathon Faridian daa no adi sε, sεdeε ᴐman biara wᴐ kwan a wᴐfa so ne nneεma a ᴐhwehwε firi ne mmaranimfoᴐ hᴐ no, saa ara na California nso teε. Ↄkyerε sε mmaranimfoᴐ kuo no nnye obi a ᴐnni abodin anaa ahyεnsodeε krataa biara a εkyerε sε ᴐyε lᴐyani no nto mu koraa, nanso saa abεεfo honin yi kᴐ so ara yε adwuma ma ᴐmanfoᴐ pii wᴐ kwan a mmara nsa nni mu so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ԑno da nkyεn a, wᴐkyerε sε sε ᴐkᴐ asεnnie mu a, ᴐkeka nneεma bobᴐm, na ᴐnyε no sεdeε εsε, afei ᴐmfa anidie mma kᴐᴐto no. Wᴐkyerε sε obi a ᴐkᴐhanee DoNotPay sε ᴐnni n’asεm mma no, na ᴐkyerεε no sε ᴐnni fᴐ, kyerεε deε nti a ᴐnni fᴐ nyinaa anum asεm kyerε sε, wᴐkᴐduruu kᴐᴐto dan no mu a asεnnie no rekᴐ so no, abεεfo honin yi gyee mfomsoᴐ no too mu kyeεε sε εyε awuraa no mfomsoᴐ, danee asεm no ani koraa maa no dii fᴐ. Afei wᴐbᴐᴐ awuraa no ka $114.

Atwerεfoᴐ binom atwerε atia abεεfo mfidie mu nimdeε a wᴐde di dwuma wᴐ kᴐᴐto dan mu. Ԑbi kyerεε mu sε εnyε adeε a abεεfo ahonin biara bεtumi asi nnipa anan mu wᴐ kᴐᴐto dan mu wᴐ asεnnie mu da. Jonathon Faridian nso adwenkyerε mu no, ᴐhunu no sε sε wᴐde abεεfo mfidie mu nimdeε ka asεnnie ho a na sε wᴐyε no yie a, εbεboa yie, na εbεma obiara nsa aka atεntenenee wᴐ baabiara.

Tags: AbεεfoCaliforniaDoNotPayHoninLᴐyaniMmara adwumakuoUS
Deɛ atwam

Azuma Nelson ho nsɛm

Deɛ ɛdi hɔ

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?