• Twi
  • Fante
29:04:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
06/08/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu
0
SHARES
160
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sԑ yԑbᴐ mpenatweԑ ne ayᴐnkofa a ԑtete saa so a, deԑ yԑn mu pii no ara dwene ho ne anisoᴐ anaa mpa mu agodie, na yԑn adwene nkᴐ so sԑ yԑne yԑn adᴐfo ani bԑtumi agye wᴐ yԑn ayᴐnkofa no mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mpue mu. Ԑnyԑ dwumadie ne nneԑma a ԑde mpa mu agodie nam nko ara na ԑde anigyeԑ ba wᴐ mpenatweԑ mu.

Mpenatweԑ a mpa mu agodie nni mu tumi gyina pa ara ma no yԑ yie, na ԑno ne deԑ anka ԑwᴐ sԑ yԑyԑ wᴐ yԑn mpenatweԑ ayᴐnkofa mu. Nneԑma binom a ԑka akoma na ԑde anigyeԑ pii ba wᴐ hᴐ a nnipa a wᴐretwe mpena bԑtumi ayԑ wᴐ berԑ a wᴐmfa mpa mu agodie mma mu, na ԑtumi twe mo mmienu bԑn mo ho mo ho yie ma anigyeԑ ba ayᴐnkofa no mu. Wo mpentweԑ no mu bԑtumi ayԑ anika ne ahomeka ama anigyeԑ aba mo ntam. Saa akwan yi na ԑdidi soᴐ yi.

  • Ԑsԑ sԑ wode w’ano kamfo wo hokani no aberԑ ne aberԑ nyinaa ma no hunu sԑ w’ani gye ne ho. Aberԑ ne aberԑ nyinaa kanfo wo mpena no, na ma ne nhunu sԑ wodᴐ no, na w’ani gye ne ho, na ԑbԑma mo ayᴐnkofa no atu mpᴐn.
  • Ԑsԑ sԑ modi nkᴐmmᴐ fa biribiara ho berԑ biara. Monyԑ wei berԑ ano berԑ ano sԑdeԑ mo ahoᴐden bԑtumi. Mobԑtumi ayԑ wei wᴐ ᴐfrԑ, atwerԑ anaa sԑ morekasa wᴐ intanԑte no so ne deԑ ԑkeka ho pii a ԑboa ma nkitahodi di mu wᴐ ayᴐnkofa mu.
  • Mo mmienu nyi nna bi nsi hᴐ a mode bԑyԑ biribi soronko koraa; sԑ ԑyԑ agodie, mpaebᴐ, anaa sԑ morekᴐgye moani abᴐ mu wᴐ baabi soronko bi wc berԑ soronko bi mu. Saa nna yi mu no, momma mo adwennwene nyԑ ntiantia ne nketenkete, na mommma no nnyԑ kuntann ne bebree sԑdeԑ ԑbԑma mo adwene aba mo ho mo ho so.
  • Ԑsԑ sԑ nkamfoᴐ a mode bԑma mo ho no yԑ adeԑ a ԑyԑ korᴐgyenn a ntorᴐ biara nni mu. Ԑsԑ sԑ nokwaredie yԑ adeԑ a ԑhyԑ mo dᴐ no mu kena. Ma wo nkamfoᴐ no nyԑ deԑ ԑda atenka pa ara a wonya no wᴐ w’akoma mu adi.
  • Ԑno akyi no, ԑsԑ sԑ mo si nsԑm bi ne mo dᴐ a mowᴐ ma mo ho no so dua berԑ ano berԑ ano. Sԑ woresi nsԑm bi so dua anaa woresi no pi no yԑ adeԑ a ԑhyԑ obi nkuran na ԑma ᴐdᴐ sᴐ, na mpo sԑ ne werԑ aho a, ԑtumi ma no nkanyan.
  • Momma mo ho akyԑdeԑ nketenkete binom. Montaa nkyekyԑ mo ho akyԑdeԑ nketenkete a mo ahoᴐden bԑtumi atᴐ. Mmerԑ bi te sԑ moredi mo afedida, mo mu baako redi n’awoda, ne mmerԑ binom a ԑyԑ soronko na ԑsom bo ma mo dᴐ no mu no, mommema mo ho akyԑdeԑ, ԑfiri sԑ akyԑdeԑ nketewa ka nnipa akoma.
  • Akwantuo biara a mobԑtumi akᴐ abᴐ mu no, montaa ntu mmᴐ mu. Mmeaeԑ binom wᴐ asase yi so a mo mu biara nnim. Baabi a mo sika ne mo ahoᴐden bԑtumi akᴐ no, momfa ᴐdᴐ nka mo adwene mmᴐ mu nkᴐhwԑ mo ani so adeԑ wᴐ saa mmeaeԑ yi.

Saa nneԑma yinom yԑ adeԑ a ԑhyԑ ᴐdᴐ mu den, na ԑde anigyeԑ soronko brԑ adᴐfoᴐ. Sᴐ hwԑ na di ho adanseԑ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Tags: Mpa mu agodieMpenatweԑ
Deɛ atwam

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Deɛ ɛdi hɔ

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?