• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Babaso, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ, nneɛma ahodoɔ ɛbɔ kwan ma no tumi ba ne ɔhaw afoforɔ a ɛno nso tumi de ba.

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
05/28/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Babaso, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ, nneɛma ahodoɔ ɛbɔ kwan ma no tumi ba ne ɔhaw afoforɔ a ɛno nso tumi de ba.
0
SHARES
245
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Babaso yɛ nsaneyadeɛ a yɛnya firi titiri nna mu nkitahodie mu na ɛtumi sane mmaa ne mmarima nyinaa. Mmeaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ nipadua no mu a babaso yadeɛ yi tumi da adi wɔ hɔ ne drobɛn a dwonsɔ fam, yɛn to kwan ano anaa yɛn menem. Sɛ ɛba mmaa mu a, yadeɛ yi sane tumi da adi wɔ wɔn awodeɛ ano. Yɛtaa nya babaso firi nna mu, ɛno akyi, mmɔfra tɔtɔfeewa nso tumi nya bi firi wɔn maamenom a wɔanya bi nkyɛn wɔ awoɔ mu. Mmɔfra saa no, yadeɛ yi tumi ha wɔn ani.

Mmaa a wɔnyem na wɔwɔ babaso yi bi no tumi de ma wɔn mma wɔ awoɔ mu.

Hyɛ no nso sɛ, adeɛ baako a ɛma babaso yadeɛ yi yɛ hu ne sɛ ɛntaa mmɔ nkaeɛ, nanso sɛ wo tiri yɛ yie a nsɛnkyerɛnneɛ mmienu anaa mmiɛnsa bi tumi da adi ma yɛhunu sɛ yadeɛ yi bi wɔ wo nipadua mu. Ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ momma yɛnhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtaa da adi.

1. Babaso mmoa yi tumi ma obi te yea wɔ ne barima anaa ne baa mu, na emu nso tumi hyehye no berɛ korɔ no ara mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

2. Nsuo a ani yɛ fitaa, akokɔsradeɛ anaa ahahamono tumi firi nipa no barima anaa ne baa mu.

Nsuo fitaa tumi firi ɔbarima no barima anaa ɔbaa no baa mu.

3. Mmaa binom wɔ hɔ nso a, ɛtumi ma wɔte yea anaasɛ mogya tu wɔn berɛ a wɔrenya nna mu nkitahodie no.

4. Mmaa binom nso taa te yea pa ara wɔ wɔn ayaase.

5. Ɛtumi de kuro ba wɔn mene mu ma ɛhɔ tumi hono anaa biribi bɛfua hɔ.

6. Sɛbe, ɛto kwan ano hɔ no tumi yɛ hene, na nsuo fitaa bi nso tumi firi hɔ ba.

7. Babaso mmoa no tumi ha obi ani ma nsuo mann bi tumi firi ebinom ani ase ba.

8. Mmarima mu no, ɛtumi ma yea ba sɛbe wɔn hwoa mmadwoa no mu baako, anaa ɛtumi hono.

Mmarima a wɔwɔ babaso no tumi te yea wɔ wɔn barima mu.

Nneɛma ahodoɔ a ɛbɔ kwan ma obi tumi nya babaso yadeɛ yi ntɛm so.

1. Wɔn a wɔne mmaa anaa mmarima bɛboro baako nya nna mu nhyiamudie.

2. Wɔn a wɔanya babaso yadeɛ yi bi pɛn.

3. Sɛ obi wɔ nna mu yadeɛ bi.

4. Sɛ obi yɛ ɔbabunu, ɛsiane sɛ saa berɛ no na n’akɔnnɔ wɔ soro pii a sɛ wanhyɛ ne ho so a, ɔbɛtumi ne ɔfoforɔ anya nkitahodie wɔ nna mu ama ne tiri anyɛ yie a yadeɛ yi bi bɛbɔ no.

5. Sɛ obi ne nipa foforɔ koraa renya nna mu nkitahodie. Wone obi a wonnim n’apɔmuden ho biribiara renya nna mu nkitahodie no nso tumi bɔ kwan ma wonya saa yadeɛ yi bi.

Babaso yɛ nna mu yadeɛ. Ma w’ani nna hɔ wɔ nipa a wo ne no nya nna mu nkitahodie ho.

Ɔhaw foforɔ a babaso tumi kɔfa ba

1. Ɛtumi si ɔbaarima anaa ɔbaa awoɔ ho kwan.

2. Yadeɛ mmoa yi tumi terɛ kɔ yɛn apɔ so apɔ so ma ɛtumi de yea ba hɔ.

3. Ɛtumi bɔ kwan ma akwanya a ɛwɔ hɔ sɛ obi nya babaso wɛmfoɔ nso kɔ soro.

4. Mmɔfra a wɔtaa nya babaso firi wɔn awofoɔ hɔ nso, ɛtumi wie wɔn anifira ne honam ani nsaa nsaa.

Apemfoɔ a wɔwɔ babaso no tumi de ma wɔn mmɔfra no wɔ awoɔ mu, na ɛtumi bɔ wɔn anifira.

5. Ɛtumi ma mmarima binom nso mmarima so te yɛ ketewa.

Ebia woahunu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ yi bi wɔ wo ho nanso w’adwene nkɔɔ so. Yɛ no ntɛm kɔhunu wo dɔkota animanim yi ara na ɔnhunu mmoa a ɔbɛtumi de aboa wo. Afei, wobɛtumi akyɛ ama afoforɔ nso nsa aka nimdeɛ yi, na wɔada wɔn ho so.

Tags: anifiradɔkotaNna mu nkitahodieNna mu nyarewansuo fitaaƆpemfoɔ
Deɛ atwam

Nneԑma nnum binom a yԑyԑ no wᴐ adidie akyi a ԑnya nsunsuanso bᴐne wᴐ yԑn apᴐmuden so

Deɛ ɛdi hɔ

Dwonsɔ akwaa mu haw, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛ ɛtumi bɔ kwan ma no ba

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Dwonsɔ akwaa mu haw, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛ ɛtumi bɔ kwan ma no ba

Dwonsɔ akwaa mu haw, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛ ɛtumi bɔ kwan ma no ba

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?