• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

W’apɔmuden ho hia wo?

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
04/26/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
W’apɔmuden ho hia wo?
0
SHARES
193
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛho hia sɛ onipa biara hwehwɛ apɔmuden akyi kwan wɔ n’asetena mu, ɛfiri sɛ wowɔ nkwa a wowɔ ade. Asɛmmisa no ne sɛ, ɛdeɛn koraa ne apɔmuden, na kwan bɛn na obi bɛtumi afa so de abɔ n’apɔmuden ho ban? Megye di sɛ wopɛ sɛ wohunu.

Yɛka sɛ obi wɔ apɔmuden a na ɛkyerɛ sɛ saa nipa no wɔ tebea bi mu a yɛhunu no sɛ ne nipadua no si pi si ta wɔ adwene mu, honhom mu ne asetena mu, na ɛnyɛ sɛ yɛnhunu yadeɛ biara wɔ nipadua no mu nko.

W’ankasa wodwene w’apɔmuden ho deɛ?

Ɛnam sɛ apɔmuden ho hia ma ankorɛankorɛ ne ɔmanmu biara nti, woba yɛn man Ghana mu a, apɔmuden adwumayɛkuo afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔmamfoɔ bɛnya apɔmuden a ɛdi mu. Ɛno nti wɔn asɛm titire a wɔgyina so yɛ adwuma ne sɛ, “W’apɔmuden ho hia yɛn.” So, ɔmanmu no apɔmuden adwumayɛkuo wɔ nnyinasoɔ pa sei fa ne man ho a, sɛn na wosi dwene fa w’ankasa w’apɔmuden ho?

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ woma w’apɔmuden ho hia wo?

1. Adeɛ a ɛhia baako pa ara nti a ɛsɛ sɛ ɛma onipa biara ani kɔ n’apɔmuden ho ne sɛ, nyarewa nwiee sa wɔ yɛn asase yi so. Adeɛ rekye resa nyinaa no na yareɛ foforɔ reyi ne ho adi, na saa nyarewa ahodoɔ yi nyinaa bɛyɛ haw ma nipa a wɔnyɛ anidahɔ wɔ wɔn nipadua so hwɛ. Ne saa nti wompɛ sɛ yadeɛ bɛgye w’anigyeɛ afiri wo nsɛm a, ma w’apɔmuden ho nhia wo.

2. Bio, yɛwɔ nnamfoɔ, abusua ne adɔfoɔ. Obi anhwɛ ne nipadua so yie na yadeɛ ba mu a, saa nipa yi bɛyɛ adesoa wɔ ne nnamfonom, n’abusua ne n’adɔfoɔ so, na ɛmma wɔnnya kwan nkɔ wɔn nnwuma ahodoɔ so ɛnam hwɛ a ɛtwa sɛ wɔtena wɔn nkyɛn hwɛ wɔn nti.

3. Ɛgye berɛ, ɛsiane sɛ wosɛe wo berɛ nyinaa wɔ ayarehwɛ ho. Ne saa nti sɛ obi apɔmuden ho ka a, ne berɛ nyinaa kɔ atwee. Saa berɛ a ɛsɛe kwa yi nka nipa no nko ara, mmom n’abusua ne n’adɔfoɔ nso. Nti sɛ wopɛ sɛ wohwɛ wo berɛ so yie a, hwɛ w’apɔmuden nso yie.

Ɛgye yɛn berɛ, yɛhwere akwannya pii ɛnam yadeɛ bi nti.

4. Ɛsɛe sika. Yɛtaa ka asɛm bi sɛ mmerɛ yɛ sika, ɛno nti mmerɛ dodoɔ a wonyɛ adwuma biara na wode wo mmerɛ nyinaa rehwɛ wo ho yadeɛ no, na sika a anka wobɛnya wɔ adwuma mu no nyinaa abɔ wo no no. Awerɛhosɛm ne sɛ, nipa pii taa nam nnurotɔ so sɛe sika pii wɔ wɔn yadeɛ mu. Wei ma wɔtumi hwere wɔn agyapadeɛ nyinaa.

5. Owuo tetare nhaban so, ne saa nti yɛ a obi anyɛ ahwɛyie wɔ n’apɔmuden so no nam so ma ɔtumi hwere ne nkwa wɔ berɛ a ɛnsɛ sɛ anka ɛba no saa. Nnipa bebree na kɔ kommyɛ mu ɛnam yadeɛ a ɛteetee wɔn nti, ɛno nti metu wo fo sɛ, ma w’apɔmuden ho nhia wo.

Nneɛma bɛn na ɛda adi ma yɛhunu sɛ obi apɔmuden ho hia no?

1. Saa nipa no pɛ apɔmuden ho nimdeɛ akyiri kwan. Ɛnnɛ yi, yɛwɔ akwan bebree a yɛbɛtumi afa so anya apɔmuden ho nimdeɛ. Saa akwan yi bi ne radio so, tv so, abɛɛfo ntentan so, ne soohyia miidia so.

2. Saa nipa no bɔ mmɔden sɛ ne nsa bɛka apɔmuden krataa a ɛma kwan ma wɔhwɛ no yadeɛ kwa a ɔntua sika anaa sika kɛseɛ biara no bi ansa na mpo yadeɛ bi abɛbɔ no.

Bɔ mmɔden sɛ wo nsa bɛka wo NHIS, wonnim da a yadeɛ bi bɛsɔ wo mu mpofirem.

3. Nipa no ani ku biribiara a ɔredi anaasɛ ɔrenom ho. Ɔbɔ mmɔden sɛ aduane anaasɛ anonneɛ biara a ɛkɔ nipadua no mu no yɛ deɛ ɛrekɔma nipadua no ahoɔden, na ɛnyɛ deɛ ɛde yadeɛ bɛba mu.

4. Ɔtaa tenetene n’apɔm.

Taa tenetene w’apɔm.

5. Ɔhyɛ ne ho so wɔ nneɛma bebree mu. Ɛne sɛ, ɔhyɛ ne ho so wɔ nneyɛeɛ ahodoɔ a ɛde ne nipadua bɛkɔ asiane mu anaa yadeɛ mu no ho. Sɛ ebia, ɔmma kwan mma nneɛma nhyɛ ne so bebree, ɔnnom tawa, nsaden ne deɛ ɛkeka ho.

Obi a n’ani ku n’apɔmuden ho biara no twe ne ho firi nneɛma a ɛde ne nipadua bɛkɔ asiane mu no ho.

6. Ɔtwe ne ho firi nna mu nkitahodie basabasa ho. Sɛ ebia, ɔhwɛ ne ho yie sɛ ɔne mmaa ahodoɔ nnya nna mu nhyiamu. Ɔtena ɔbaa koro ho.

Ɛwom, obi nhyɛ da ntwɛn sɛ yadeɛ bi bɛba ne so, anaasɛ ɔnyɛ obiara pɛ me sɛ ɔbɛkɔ mmerɛyɛ mu. Mmom mpɛn pii no yadeɛ ba yɛn so wɔ berɛ a anka yɛbɛtumi asi deɛ ɛde baeɛ no ano kwan. Ne nyinaa gyina deɛ yɛde yɛ yɛn ho ne deɛ yɛde kɔ yɛn mu so. Ma w’apɔmuden nyɛ wo adehia kɛse ɛfiri sɛ, w’apɔmuden ne w’agyapadeɛ.

Tags: ahoɔdenapɔmutenetenemmerɛsɛeɛnnuane paNsadenyadeɛ
Deɛ atwam

Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

Deɛ ɛdi hɔ

Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?