Adwenemuhaw yɛ nyarewa ahodoɔ a ɛka adwene no, na ɛde nsesaeɛ ba nipa no atenka, kwan a ɔfa so dwene ne ne nneyɛeɛ mu ma ɛda nso firi nneyɛeɛ a na ɔda no adi kane berɛ a na ɔnnyaa ɔhaw biara no ho.
Ebinom wɔ hɔ a wɔn adwenemuhaw no hyɛ aseɛ firi nsesaeɛ a ɛba wɔn su, wɔn kasa ne wɔn nneyɛeɛ mu ma obiara mpo hunu sɛ saa nipa no renya adwenemuhaw.
Hyɛ no nso sɛ, ɛnyɛ nnipa a wɔnam mmɔntene so abɔ adagya no nko ara na wɔanya adwenemuhaw. Mmom ebinom wɔ hɔ a yɛhunu wɔn sɛ wɔte apɔ ɛnam sɛ wɔmmɔɔ adagya nti, nanso wɔwɔ adwenemuhaw. Ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ momma yɛnhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛda adi ma yɛhunu sɛ obi anya adwenemuhaw. Sane hyɛ no nso wɔ ha sɛ, ɛtwa sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a yɛrebɛka ho asɛm yi mu mmienu anaa deɛ ɛboro saa da adi bɔ mu wɔ obi ho ansa na yɛatumi aka akɔwie sɛ saa nipa no reyɛ anya adwenemuhaw.
1. Obi reyɛ anya adwenemuhaw a, ɔhaw ba n’ahosiesie mu. Ɛno ne sɛ, saa nipa yi tumi hyɛ atadeɛ a ayɛ fi anaasɛ atadeɛ baako pɛ nna pii a ɔnhunu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa no. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔtumi tu wɔn ani si ahosuo pɔtee bi so wɔ wɔn ntaadehyɛ mu. Saa ahosuo yi taa yɛ tuntum anaa kɔkɔɔ, ɛsiane sɛ mpɛn pii no wɔn a wɔanya adwenemuhaw na wɔtaa hyɛ ntadeɛ a n’ahosoɔ te sei no hweree wɔn mudie berɛ a na wɔwɔ ayie mu. Sɛ ebia berɛ a ne dɔfo bi, ne papa anaa ne maame bi firii mu.
2. Nsesaeɛ tumi ba saa nipa no ahonidie mu. Mpɛn pii no, deɛ ɛtaa si ne sɛ, saa nipa no mfa n’ahonidie ho koraa. Sɛ ebia, ɔnnware, ɔntwitwiri ne se, ɔnyi ne tirinwi, ɔmmubu ne mmɔwerɛ ne deɛ ɛkeka ho.

3. Ɔbɛnya gyidie wɔ nneɛma bi mu a ɛnte saa wɔ abrabɔ mu ankasa. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ obi taa de n’abrabɔ mu nneɛma a ɛnkɔ so yie nyinaa rehyɛ abayifoɔ anaa ahonhom bi, obi redwene sɛ ne nipadua akwaa bi nni hɔ, sɛ ebia ne kyenkyenfuro nni hɔ nti ɔrennidi, sɛbe, ne to nni hɔ nti ɔrentena ase.
4. Nipa no werɛ taa firi asɛm ntɛm so. Ɛda adi sɛ, nipa no ntumi nkae nsɛm a asi atwam nna mmienu ne mmiɛnsa ntam, anaasɛ dwuma a ɛwɔ n’anim a ɛsɛ sɛ ɔdi.
5. Ebinom nso de ntimu yɛ adwuma wɔ wɔn kasa mu yie. Ɔtumi si asɛm baako so mpɛn pii a ɔmmerɛ ho.
6. Wɔn nsɛm nyinaa tumi yɛ deɛ nteaseɛ biara nnim nko ara.
Ɛnyɛ deɛ yɛabobɔ so yi nko ara na ɛyɛ adwenemuhaw ho nsɛnkyerɛnneɛ, pii ka ho. Afei nso obiara ne kwan a ne deɛ fa so da adi.

Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ kwan a yɛbɛtumi afa so asi yadeɛ yi ano ne sɛ, wohunu sɛ wo dɔfo bi reda nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a yɛabobɔ so yi mu biara adi a, ntɛm pa ara no fa no kɔ ayaresabea. Ɛfiri sɛ wɔhunu no ntɛm a, wɔbɛtumi asi ano ntɛm so.
Afei hyɛ no nso sɛ, mpɛn pii no obi nya adwenemuhaw a, wɔnam nnuro so sosɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrensane nkɔnya ɔhaw foforɔ biara nka ho.
Yɛrewie koraa no, adɔkotafoɔ aka ama yɛate aseɛ sɛ, onipa biara wɔ adwenemuhaw kakra, mmom deɛ ɛmma dodoɔ no ara deɛ nna adi ne sɛ, ɛyɛ a na biribi a ɛbɛtumi akɔkanyan saa adwenemuhaw yi nkɔɔ wɔn so.

Ɛno nti hwɛ wo ho so yie, susu ma nneɛma nkyere wo so, ma w’ani ngye, na pɛ asomdwoeɛ wɔ tebea biara mu, na ɛho adwennwene pii ankɔfa adwenemuhaw ammerɛ wo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkyɛ ama afoforɔ nso atumi akenkan bi.