• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nwa so mfasoɔ wɔ nipadua no mu

Nnuane ne apɔmuden

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
04/19/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nwa so mfasoɔ wɔ nipadua no mu
0
SHARES
206
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nwa ka ɛnam ahodoɔ a na yɛn nananom taa di no tete no ho. Ɛyɛ ɛnam bi a na wɔntoto no ase koraa. Yei nti, na wɔde yɛ nkwan binom te sɛ abunuabunu ne abɛnkwan. Ɛtɔ da mpo a, na wɔtumi de nkyene gu mu toto we no saa ara.

Nwa biara yɛ nwa deɛ, nanso na wɔwɔ nwa mu ahodoɔ binom a ɛsono wɔn mu biara. Nwa yinom ne nwa pa, pobire, quatre-vingt(ɛyɛ French kasa a ɛkyerɛ 80). Deɛ nti  a wɔfrɛ saa nwa yi quatre-vingt ne sɛ, wɔkyerɛ sɛ saa nwa yinom firi Ivory Coast bɛpuee Ghana 1980 mu. Ɛno nti na wɔfrɛ wɔn quatre-vingt no.

Nsase a nwa taa tena so pa ara yɛ nsase a ɛso yɛ nwunu pa ara. Ɛbɛtumi ayɛ kwaeɛbirentuo bi mu, asuo ho, kookoo nnua ase, abɛfuo mu, ne deɛ ɛkeka ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nnipa binom adwene yɛ wɔn sɛ, nwa nyɛ nam papa biara a ɛsɛ sɛ wɔha wɔn ho te wɔn sika tɔ anaa wɔhyɛ da te wɔn ho gu nwuram sɛ wɔrekɔpɛ bi abɛyɛ aduane adi. Nanso, tete no deɛ, na yɛn nananom de kanea kɔ wuram anadwo dasuom kɔhwehwɛ nwa ɛfiri sɛ, saa berɛ no pa ara na nwa taa pue bɛdidi.

Ɛnnɛ adesua yi mu no, yɛrebɛhwɛ mfasoɔ ahodoɔ binom a sɛ yɛdi nwa a yɛnya wɔ yɛn nipadua mu.

Nwanam ne ɛho nsuo no tumi ko tia nnwodwoeɛ

Nwanam ne ɛho nsuo yɛ aduro a ɛboa nipadua no pa ara. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, ɛnyɛ sɛ ɛbɔ onipa ho ban firi nnwodwoeɛ yareɛ no ho kɛkɛ na mmom, ɛtumi boa ma obi a wadwodwo tumi kentene ne ho bio. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, wɔkyerɛ sɛ, sɛ wodi nwa a ɛboa ma w’adwene no tumi yɛ adwuma bɔkɔɔ sɛdeɛ nipadua no hia.

Nwa ho nsuo no nso tumi ko tia mogyaborosoɔ. Nhwehwɛmufoɔ ka sɛ, sɛ onipa mogya yɛ adwuma ntɛntɛm ma no boro sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ no so a, ɛtumi de nnwodwoeɛ ba. Yei nti, wodi nwa a, ɛboa ma mogya di aforosiane wɔ nipadua no mu wɔ ɔkwan a ɛfata so na amma woannya nnwodwoeɛ yareɛ no bi. Ɛno nti, sɛ wodi nwa na wonom ɛho nsuo no a, mfasoɔ kɛseɛ wɔ so pa ara.

Nwanam bɔ w’akoma ho ban firi akomayareɛ ho

Ɛsiane sɛ nwa boa ma mogya di aforosiane wɔ nipadua no mu sɛdeɛ ɛsɛ nti, sɛ wodi nwa na wonom ɛho nsuo no a, ɛboa ma w’akoma nso yɛ adwuma yie pa ara.

Afei nso, ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no Omega 3 a ɛbɔ nipadua no ho ban firi akomayareɛ ne nnwodwoeɛ ho no ahyɛ nwa mu ma.

Omega 3 so mfasoɔ foforɔ nso ne sɛ,

  • Ɛboa ma mmɔfra adwene tumi yɛ adwuma yie, na ɛma wɔkae adeɛ nso
  • Ɛsi akomayareɛ ano kwan
  • Ɛma mogya di aforosiane wɔ nipadua no mu sɛdeɛ ɛsɛ
  • Ɛboa ma onipa ani tumi hunu adeɛ yie pa ara
  • Apemfoɔ di a, ɛma wɔn mma a wɔbɛwo wɔn no ho yɛ den pa ara na wɔn adwenem bue yie nso
  • Ɛma mmɔfra tumi nyini yie

Ahoɔdennuro a wɔfrɛ no protein ahyɛ nwa mu ma

Yɛka ɛnam a ɛma protein nyinaa bɔ mu a, ɛmu biara nni hɔ a protein a ɛwɔ mu no dɔɔso kyɛn deɛ ɛwɔ nwa mu. Nantwinam o, tuna o, aponkyenam ne deɛ ɛkeka ho nyinaa, protein a ɛwɔ nwa mu no dɔɔso kyɛn wɔn.

Abemfoɔ kyerɛ sɛ, protein boa ma nipadua no tumi hyehyɛ wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɛsane nso boa ma nipadua no nyini frɔmfrɔm. wɔka sɛ, nipadua akwaa biara hia protein na atumi anyini yie. Yei nti, yɛn ntini, yɛn ho nwii, ne yɛn honam nyinaa hia protein.

Sradeɛ a ɛwɔ nwa mu no sua

Ɛsiane sɛ sradeɛ kakraa bi na ɛwɔ nwa mu nti, sɛ wodi nwa a, ɛboa wo yie pa ara. Ɛboa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sradeɛ rennɔ wɔ wo ntini mu mma no nkɔfa nnwodwoeɛ anaa yareɛ foforɔ biara mmrɛ wo. Bio, ɛsane boa ma onipa nyini nkakrankakra, na ɛma ne ho yɛ fɛ nso.

Nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, obi di nwa a, ɛma asikyire a ɛwɔ ne nipadua mu no so te na ɛbɔ wɔn ho ban firi asikyire yareɛ ho.

Ahoɔdennuro te sɛ Vaetamɛn ne afoforɔ binom ahyɛ nwa mu ma

Nwanam so mfasoɔ baako a ɛma no da nso yie pa ara ne sɛ, ahoɔdennuro a ɛwɔ mu no dɔɔso yie pa ara.

Yei kyerɛ sɛ, sɛ onipa di nwa a mfasoɔ wɔ so pa ara. Nwa deɛ, ɔpanin o, abɔfra o, obiara bɛtumi adi bi. Vaetamɛn ahodoɔ a ahyɛ nwa mu ma no binom ne Vaetamɛn A, E, B1, B3, B6 ne B12.

Vaetamɛn E a ɛboa hohoro nipadua no mu no da nkyɛn a, Vaetamɛn  B1, B3, B6 ne B12 nyinaa boa ma nipadua no ko tia asikyire yareɛ.

Vaetamɛn A nso boa ma nipa ani tumi yɛ adwuma yie pa ara.

Vaetamɛn E so mfasoɔ foforɔ nso ne sɛ, ɛbɔ yɛn ani, yɛn honam, yɛn nofo ne yɛn berɛboɔ ho ban.

Mfasoɔ ahodoɔ a yɛnya firi nwa mu a mabobɔ so yinom da nkyɛn a, ahoɔdennuro afoforɔ te sɛ, Selenium, Fosforɔs, Magnisium ne Triptofan ahyɛ nwa mu ma. Saa ahoɔdennuro yinom nyinaa nso ho hia wɔ nipadua no mu pa ara.

Tɔfabɔ

Nsɛm a mabobɔ so yinom nyinaa da no adi sɛ, mfasoɔ wɔ so pa ara sɛ yɛbɛdi nwa da biara. Hyɛ no nso sɛ, nwa yɛ aduane te sɛ ɛnam biara, na mmom ɛnyɛ aduro. Yei nti, sɛ wote nka sɛ woyare a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akɔhunu wo dɔkota ama no aboa wo.

Tags: nwanwa so mfasoɔnwanam so mfasoɔ
Deɛ atwam

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛ ɛmaa yɛbɛnyaa edin nkotommire – Bɔserɛmka bi

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛ ɛmaa yɛbɛnyaa edin nkotommire – Bɔserɛmka bi

Deɛ ɛmaa yɛbɛnyaa edin nkotommire - Bɔserɛmka bi

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?