• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Klɛptomania: Korɔnobɔ yadeɛ

So, wonim sɛ korɔnobɔ nso tumi yɛ yadeɛ a ɛda obi so?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
04/12/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Klɛptomania: Korɔnobɔ yadeɛ
0
SHARES
311
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Wonim sɛ korɔnobɔ binom yɛ yadeɛ? Mennye nni sɛ dodoɔ no ara nim wei. Ghana mmara, ɔsom ahodoɔ, sukuu ahodoɔ ne akuo pii kasa tia korɔnobɔ. Obiara nim sɛ obi a ɔbɔ korɔno biara no hyɛ da ara tena ase dwene deɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔwia ne kwan a ɔbɛfa so ho, na afei watu ho anammɔn. Nanso wonim sɛ ɛnyɛ korɔno biara na obi boapa bɔ? Aane, ebi yɛ yadeɛ a ɛda nipa no so. Ɛno ne klɛptomania, korɔnobɔ yadeɛ. Momma yɛnkenkan pii mfa ho.

Klɛptomania a ɛyɛ korɔnobɔ yadeɛ yi yɛ adwene mu haw a ɛmma obi ntumi nhyɛ ne ho so wɔ nneɛma a ɔnhia ho korɔnobɔ mu. Nneɛma a wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi bi taa wia no yɛ nneɛma a ɛso nhyɛ da nni mfasoɔ biara a ɛno nti, wodwene ho a wobɛtumi ate wɔn ase kakra mpo wɔ deɛ nti a wɔbɔɔ ho korɔno. Mpɛn pii no nso nneɛma a wɔtaa bɔ ho korɔno no yɛ deɛ wɔn ankasa bɛtumi de wɔn sika atɔ mpo.

Maame yi reda klɛptomania ho nsɛnkyerɛnneɛ adi. Bisa wo ho sɛ mpaboa fa yi a wawia yi koraa, ɔde rekɔyɛ deɛn?

Korɔnobɔ yadeɛ yi ntaa nni nnipa pii so deɛ, nanso ɛyɛ hu pa ara ma wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi. Wɔn a wɔwɔ saa haw yi no apɔmuden wɔ wɔn atenka mu no wɔ fam ɛsiane sɛ yadeɛ yi bɛyɛ adesoa ne animguaseɛ ma wɔn ne mpo wɔn mmusua. Ɛwom, aduro biara nni hɔ a ɛbɛtumi asi ano kwan seesei deɛ, mmom nnuro a ɛtumi hyɛ atenka so no boa wɔn a wɔte saa no sosɔ yadeɛ yi ano nkakrankakra.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi sɛ obi wɔ korɔnobɔ yadeɛ yi bi.

  • Obi a ɔwɔ yadeɛ yi bi no ntumi nhyɛ ne korɔnobɔ atenka so. Ɔnya korɔnobɔ ho atenka kɛseɛ pa ara ma no didi mu kɔwie korɔnobɔ no ankasa.
  • Ɔbɔ nneɛma ahodoɔ a ɛho nhia no, na mpo ɔbɛtumi atɔ no ho korɔno. Saa nneɛma yi bi tumi yɛ borɔniba, obi mpaboa fa, atere ne deɛ ɛkeka ho.
  • N’ani gye ne ho kɛse berɛ a ɔrebɔ korɔno no.
  • Korɔnobɔ no akyi no, ehu bɔ no, ne yam hye no, ɔnu ne ho, ɔtan ne ho, na ɔnya ayamhyehyeɛ sɛ apolisifoɔ nsa bɛka no.
  • Deɛ yɛadi kan abobɔ so yi nyinaa sane hyɛ aseɛ bio.
Wɔnu wɔn ho wɔ korɔnobɔ no akyi.

Esu a ɛwɔ wɔn a wɔwɔ klɛptomania yi ho.

  1. Wɔn a wɔwɔ korɔnobɔ yadeɛ yi mmɔ nneɛma ho korɔno ɛnam mfasoɔ a wɔrepɛ afiri so nti. Wɔbɔ korɔno no kɛkɛ ɛnam sɛ wɔntumi nhyɛ saa korɔnobɔ yi atenka so.
  2. Korɔnobɔ atenka yi ba wɔn mu mpofirem, we enti ɛnyɛ adeɛ a wɔboa pa tena ase hyehyɛ ho.
  3. Wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi taa bɔ korɔno wɔ mmeaeɛ a dɔm wɔ te sɛ faako a sotɔɔ pii wowɔ anaa adetɔnbea. Ebinom nso tumi wia firi wɔn nnamfonom ne wɔn abusuafoɔ nkyɛn.
  4. Korɔnobɔ no akyi, wɔtaa to nneɛma a wɔkɔwiaeɛ no gu, wɔde kyɛ afoforɔ, wɔn nnamfonom anaa wɔn abusuafoɔ, ebinom nso wia wɔn ho sane de nneɛma no kɔ faako a wɔkɔfa firiiɛ no.
  5. Saa atenka yi ba sane te kɔ berɛ biara. Ɛtɔ da a atenka no boro so pii, ɛtɔ da nso a ɛba fam kakra.

Wokari wo ho na wohunu sɛ wowɔ saa yadeɛ yi bi a, ntɛm pa ara kɔhunu wo dɔkota na ɔmfa mmoa kakra a ɛwɔ hɔ no mmoa wo. Mpɛn pii no ɛyɛ a wɔn a wɔwɔ saa yadeɛ yi mpɛ sɛ wɔbɛkɔ ayaresabea akɔgye ayaresa. Dodoɔ no ara suro wɔkɔ hɔ a ɛnam nneɛma a wɔakɔwia no nti, adɔkotafoɔ no bɛbɔ apolisifoɔ amanneɛ ama wɔde wɔn akɔto afiase. Nanso ɛntaa nsi sɛ sɛ ɔyaresafoɔ anaa dɔkota a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wo na ɔboa wo si wo yadeɛ ano no de w’asɛm bɛduru apolisifoɔ anim.

Deɛ ɛde yadeɛ yi ba

Hyɛ no nso, saa korɔnobɔ yadeɛ yi nhyɛ da nni adeɛ pɔtee a ɛde ba, ɛno nso ka ho bi nti na ano aduro a ɛbɛtumi asi ano koraa nso nni hɔ yi. Mmom, sɛ saa yadeɛ bi wɔ obi abusua mu, ɛtumi bɔ kwan nso ma afoforɔ a wɔwɔ abusua no mu nya bi saa ara.

Yadeɛ yi nti wɔakyere binom akɔgu afiase.

Ɔhaw a korɔnobɔ yadeɛ yi de ba

Ɛnam sɛ saa nkurɔfoɔ yi nim sɛ korɔnobɔ nyɛ, nanso wɔbɔ korɔno ɛnam sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so nti, wɔyɛ basaa wɔ korɔnobɔ no akyi, na wɔnu wɔn ho.

Saa yadeɛ yi nti wɔakyere ebinom akɔto afiase.

Ɛde adwennwene to wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi so, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho akɔ nnipa mu.

Ebinom ahwere wɔn nkwa ɛnam biribi a wɔkɔfaeɛ maa ɛhɔ nnipa boroo no nti.

Wɔn ankasa nsu tumi dwene ho sɛ wɔbɛgye wɔn nkwa afiri wɔn nsam ɛnam animguaseɛ a ɛde ba no nti.

Wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi abusuafoɔ ne adɔfoɔ

Abusua a wɔn dehyeɛ wɔ saa haw yi bi no mmɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛka abɛn no. Ɛwom, animguaseɛ no bi bɛka wɔn deɛ, nanso wɔnte wɔn busuani no ase sɛ ɛnyɛ ne pɛ, mmom ɛyɛ yadeɛ. Wɔnkyekyere ne werɛ, na wɔmma wɔn ani nkɔ ne ho berɛ biara a wɔne no nam nnipa mu anaa babiara.

Mma hu mmɔ wo, bɔ mmɔden ara kɔhunu wo dɔkota.

Ɔkenkanfoɔ anaa ɔtiefoɔ a wowɔ yadeɛ yi bi nso, mma ehu nhyɛ wo mu na nsuro sɛ wobɛkɔ ayaresabea. Dɔkotani biara nni hɔ a ɔde wo yadeɛ no bɛpue apolisifoɔ anim ama wɔabɛkyere wo. Bɔ wo ho mmɔden nso sɛ wobɛnom nnuro ahodoɔ a wɔde bɛma wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a korɔnobɔ atenka a ɛba ano bɛkɔ fam.

Tags: adwene mu hawafiaseapolisifoɔAyaresabeadɔkotakorɔnobɔ
Deɛ atwam

Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den

Deɛ ɛdi hɔ

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?