• Twi
  • Fante
05:08:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.

Mr.Bean ne Colonel Sanders abrabɔ mu nsɛm kakra.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/28/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.
0
SHARES
101
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Woate edin Mr. Bean pɛn? Na KFC nso ɛ? Wonim deɛ ɔhyɛɛ aseɛ? Wonim sɛ saa nkurɔfoɔ yi nyɛ Ghanafoɔ? Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na wɔn ho asɛm aduru ha yi? Megye di sɛ wɔn yie ho asɛm nko ara na woate, na wɔn brɛ nso ɛ? Wonim sɛ nnipa poo wɔn mprɛ pii wɔ deɛ yɛnim sɛ wɔbɔ mu mmɔden no ho? Momma yɛnkenkan wɔn abrabɔ mu nsɛm no fa bi ɛ. Ɛhyɛ yɛn nkuran, na ɛkyerɛ yɛn nsiyɛ.

Rowan Sebastian Atkinson

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Mr. Bean

Rowan Sebastian Atkinson yɛ nsɛnkwaayifoɔ. Edin a dodoɔ no ara de nim no ne Mr. Bean. N’awofoɔ din ne Ella May ne Eric Atkinson. Wɔwoo no Ɔpɛpɔn 6, 1995 wɔ Newcastle a ɛwɔ England. Ɔne ne n’awofoɔ mma mu deɛ ɔtɔ so nnan ne deɛ ɔtwa toɔ. Na ne papa Eric Atkinson yɛ okuani. Ɔyɛ obi a na ɔhoro so, ɛno nti na asuafoɔ a ɔne wɔn kɔ sukuu korɔ mu no di n’ani yie. Na wɔsane di n’ani ɛsiane sɛ na wɔsusu sɛ ɔnyɛ obi a ne ho yɛ fɛ. Wei maa no bɛyɛɛ obi a ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu na ɔsane fɛre adeɛ nso. Ɛno ara so nti na ɔsane nni nnamfoɔ biara.

Rowan nmeranteberɛ mu.

Ɔduruu Suapɔn mu no, ɔnyaa anigyeɛ wɔ sinitwa mu, nanso ɛnam sɛ na ɔhoro so na ɔntumi nkasa yie nti na ɛmma no nya mu kwan berɛ a biara. Na nipa a ɔde no asi n’ani so a na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔno yɛ nsɛnkwaayifoɔ Charlie Chaplin. Ɛnam nsɛnkwaayie no mu kwan a wannya nti, ɔde n’ani kyerɛɛ mfidie a ɛde anyinam ahoɔden di dwuma no ho adesua ho. Ne nsa kaa wei ho abodin nkrataa wieeɛ ara pɛ, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwɛ ama ne daeɛso aba mu.

Ɔde ne ho kɔbataa nsɛnkwaayifoɔ bi, nanso horo a ɔhoro so no sane sii ne kwan, ɛno nti wɔamfa no. Mmeaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ Tv so a wɔyi nsɛnkwaa wɔ Tv so saa berɛ no nyinaa poo no. Nanso mprɛ dodoɔ a wɔpoo no no nyinaa akyi, wamma gyidie a ɔwɔ wɔ ne mu no anyera. Na ɔnim pefee sɛ ɔbɛtumi abɔ ne ho mmɔden wɔ nsɛnkwaayie mu. Ɔhunuu sɛ horo a ɔhoro so no bɛsi ne kwan wɔ ne daeɛso mu a, ɔbɛtumi de n’anim ne ne nipadua akwaa no bi akasa ama no ayɛ sere wɔ berɛ a ɔremmue n’ano. Ɔde yɛɛ adwuma saa wɔ sini a dodoɔ no ara nim no sɛ ‘Mr. Bean’ mu. Ɛnnɛ, ɛrekame ayɛ sɛ obiara nim edin Mr. Bean, nanso dodoɔ no ara nnim ne din ankasa mpo. Nnipa pii na wɔate sika akɔtɔ nsɛnkwaa ho sini a Rowan ayi no mu bebree ahwɛ, ɛnnɛ nso, dodoɔ no ara kɔ abɛɛfo ntentan so kɔpɛ ne sini ahodoɔ a ɛyɛ anika bi te sɛ ‘The tall guy’, ‘Never say never again’, ‘Johnny English’, ‘Mr. Bean’ a obiara de frɛ no seesei ne afoforɔ pii a ɛkeka ho hwɛ.

Mr. Bean, ne yere(ne benkum so) ne wɔn babaa (ne nifa so).

Ampa ara, deɛ na ɔhoro so a na nnipa mmu noɔ no, ɛnnɛ nnipa pu bɛhwɛ no, wɔhunu no a wɔn ani gye, na ɔka ne ho a, sereɛ hyɛ obiara mfono mu ma. Ne daeɛso no aba mu ampa.

Colonel Harland David Sanders

Colonel Sanders

Colonel Sanders yɛ Amerikani a wɔwoo no wɔ Ɛbɔ 9, 1890. Ɔdii mfeɛ nnum no na ne papa hweree ne nkwa, ɔnyaa mfeɛ du nsia no nso na ɔgyaee sukuukɔ. Ɔnyaa mfeɛ du nson no nso wɔyii no adi firii nnwuma ahodoɔ nnan a na ɔyɛ nyinaa mu. Ɔwareeɛ berɛ a na wanya mfeɛ du nnwɔtwe a na ɔsane yɛ adwuma wɔ keteke hyɛn gyinabea, ɔnyaa mfeɛ du nkron no ɔwoo ɔbabaa. Mfeɛ aduonu na ne yere yi gyaa no awadeɛ de wɔn babaa no kɔeɛ. Ɔnyaa mfeɛ aduonu mmienu no, ɔnyaa kwan wɔ asɔgyafoɔ adwuma mu, ɔtwerɛɛ krataa de pɛɛ mmara ho sukuu kwan, nanso mprɛ dodoɔ a na ɔtwerɛ kɔ biara no na ɔnnya mu kwan, nsane nnya nnwuma ahodoɔ a na ɔtwerɛ kɔ mu no mu kwan. Mmerɛ kakra akyi no, ɔnyaa adwuma wɔ adwumakuo bi a ɔmamfoɔ de wɔn sika sie wɔ hɔ sɛdeɛ wɔn ho kyere wɔn a adwumakuo no bɛboa wɔn mu, a na ɔma wɔn ɛho afotuo.

Ɔnyaa mfeɛ aduosia nnum no, ɔkɔɔ ahomegyeɛm wɔ n’adwumayɛ mu, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na sika a adwumakuo no de gyaa no kwan no sua yie, a na ɛrentumi nhwɛ no ahen biara. Wei haa no yie ma mpo ɔsusuu ho sɛ ɔbɛgye ne nkwa afiri ne nsam, ɛsiane sɛ na ɔnhunu kwan biara a ɔbɛtumi afa so de saa sika ketewa no ahwɛ ne ho bosome biara. Ɔpɛɛ dua bi ase tenaeɛ a na ɔretwerɛ ne wuo ho krataa ne ne nsamanseɛ. Ɛhɔ ara na ɛbɛsii ne tirim sɛ ɔbɛtumi ayɛ biribi na wanya ɛho sika. Ɛno nti na wasi ne bo sɛ ɔbɛhyɛ abrabɔ ase foforɔ wɔ saa mfeɛ no mu. Ɔhunuu sɛ pii na ɔnyɛɛ wɔ n’abrabɔ mu. Adeɛ baako a na ɔgye ne ho di sɛ ɔnim yɛ sene obiara yɛ aduanenua. Deɛ na ɔbɔ ne ho mmɔden pa ara wɔ mu yɛ akokɔnam ho adwuma. Na ɔwɔ akadeɛ ne kwan soronko bi a ɔfa so kye no ma ne dɛ no da nso firi obiara deɛ ho. Ɔpɛɛ bosea de totɔɔ ɛho akadeɛ a ɔbɛhia nyinaa ara, afei ɔhyɛɛ akokɔnamkyeɛ no ase. Deɛ na ɔyɛ ne sɛ, ɔwie biara a na ɔde kɔ afie afie a ɛwɔ ne mpɔtam mu hɔ, Kentucky kɔtɔn. Adidibea ahodoɔ a na ɔpɛ sɛ ɔde n’akokoɔnam yi kɔ hɔ kɔtɔn nso nyinaa ampɛ sɛ wɔne no yɛ adwuma. Adidibea ahodoɔ 1,009 na poo no a wɔannye n’akokɔnam no anto mu.

Adidibea ahodoɔ no mu deɛ ɛtɔ so 1,010 na gye too mu sɛ wɔne no bɛyɛ adwuma. Ɛha na KFC hyɛɛ aseɛ. KFC no gyina hɔ ma ‘Kentucky Fried Chicken’ a ɛkyerɛ sɛ ‘akokɔnam a yɛakye wɔ Kentucky’. Ɔnyaa mfeɛ aduowɔtwe nnwɔtwe no, na saa adwuma no ama no anya sika pii, ama saa adidibea a wɔgyee no too mu no nso mu atrɛ kɛse asane agye din yie. Ɔtɔnn KFC adwumakuo yi saa berɛ no de gyee sika kɛseɛ. Seesei, KFC wɔ nkorabata bɛboro 20,000 wɔ aman ahodoɔ 123 mu a Ghana ka ho bi. Ɔdii mfeɛ aduokron no na ɔhweree ne nkwa wɔ Ɔpɛnimaa 16, 1980. Berɛ biara a yɛbɛtumi abɔ mmɔden akɔ KFC adidibea no, yɛbɛhunu sɛ Colonel Sanders mfoni bɔ adidibea hɔ anaa adeɛ a wɔde deɛ woatɔ no hyɛ mu no ho. Ɛwom sɛ ɔtɔnn KFC no deɛ, nanso ɛsiane sɛ ɛnam ne so baeɛ nti, ne din ne ne mfoni mpa mu da.

Atitire baanu yi abrabɔ mu nsɛm kyerɛ yɛn adeɛ baako, wowɔ deɛ wobɛtumi de adi dwuma na woadi yie anaa woayɛ nkonimdifoɔ. Mma w’abam mmu, mfeɛ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ woaka akyiri wɔ abrabɔ mu ɛno nti worentumi nhyɛ biribi ase. Tu wo daeɛso ho anammɔn seesei, na nya gyidie wɔ deɛ wotumi yɛ mu, mpo wɔ mmerɛ dodoɔ a nnipa anaa adwumakuo ahodoɔ bɛpo wo no akyi. Mma wo werɛ mfiri sɛ, wobɛtumi ayɛ biribiara.

Tags: akokɔnamKFCMr. BeannsɛnkwaaOprah Winfrey
Deɛ atwam

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ebenezer Ako-Adjei

Deɛ ɛdi hɔ

Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu

Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?