• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm

Ahobammɔ ne ahwɛyie

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
03/18/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm
0
SHARES
42
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛwɔ mmerɛ ahodoɔ binom a ewiem tebea tumi sesa wɔ aman ahodoɔ so. Aman binom so no, ɛbɔ akɛseɛ tumi sisi, asɔkɔtwea tumi tɔ firi soro, awɔ a ano yɛ den tumi ba, ne deɛ ɛkeka ho.

Ghana ha deɛ, mmerɛ ahodoɔ atitire mmienu na yɛwɔ. Ɛnonom ne nsutɔ berɛ ne ɔpɛ berɛ. Mpɛn pii no, nsutɔberɛ no tumi hyɛ aseɛ firi Ɔgyefuo bosome no mu kɔsi Kitawonsa bosome no awieeɛ. Ɛduru mmerɛ binom mu mpo a, ɛtumi wura Ɛbɔ ne Obubuo bosome no mu. Bosome a nsuo taa tɔ wɔ mu pa ara ne Ayɛwohomumɔ bosome no mu. Ɛduru saa berɛ no a, nsuo ne mframa a ano yɛ den tumi di afra.

Ɛsiane mframa gyampanturudu a ɛtumi bɔ berɛ a nsuo retotɔ wɔ Ghana nti, ɛho hia pa ara sɛ yɛyɛ nneɛma binom de bɔ yɛn ho ban sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ nsuo no tɔ berɛ a yɛn ani nna a, yɛbɛtumi atwitwa agye yɛn ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adesua yi mu no, yɛrebɛsusu akwan dunum binom a yɛbɛtumi afa so abɔ yɛn ho ban wɔ nsutɔ berɛm.

1. Pɛ nneɛma binom a wobɛtumi de anante nsuom

Ɛduru nsutɔ berɛ a, ɛho hia pa ara sɛ wobɛpɛ nneɛma binom te sɛ kyiniiɛ ne kootu a wɔde nante nsuo mu aka wo ho. Afei nso, wobɛtumi apɛ mpaboa a wobɛtumi de anante atɛkyɛ mu anaasɛ mpaboa a aseɛ nyɛ toro a wobɛtumi ahyɛ de anante nsuom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ woduru baabi a nsuo ayiri a, wobɛtumi atwa no asomdwoeɛm.

2. Wobɛtumi adware nsuohyeɛ

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, sɛ nsuo boro wo ma awɔ te gu wo so a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛdware nsuohyeɛ. Wɔkyerɛ sɛ, yei bɛtumi abɔ wo ho ban na woannya papuu ɛsiane awɔ a awura wo mu no nti.

3. Ɛbɛyɛ yie a, pɛ baabi gyina ma nsuo no ntɔ nwie

Wonam na wohunu sɛ nsuo amuna anaa ɛrepetepete, na mpofirem ara nsuo no gyae gu kitikiti a, mfasoɔ wɔ so pa ara sɛ wobɛdi kan apɛ baabi abɔ wo ho adwaa ama nsuo ate anaasɛ ano abrɛ ase kakra. Deɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ no nso ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohwɛ hunu sɛ baabi a worekɔgyina no nyɛ baabi a nsuo bɛtumi ayiri afa hɔ, anaasɛ apata anaa ɛdan a wogyina aseɛ no nyɛ deɛ mframa fa a ɛbɛtumi abu agu wo so. Yei nti, sɛ wowɔ baabi na wohunu sɛ nsuo afiri aseɛ remuna a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛyɛ no ntɛm akɔ fie anaa woakɔpɛ baabi papa abɔ wo ho adwaa.

4. Hwɛ wo ho yie wɔ ayerɛmoo ne agraada ho

Nyansahyɛ a animdefoɔ de ama ne sɛ, sɛ nsuo retɔ a, ɛnyɛ papa sɛ wode wo ho bɛtwere nnadeɛ anaa wobɛgyinaa baabi a waya bebree gugu ɛfiri sɛ, saa nneɛma no bɛtumi atwe anyinam kanea afiri ayerɛmoo no mu ama no akiki wo. Bio nso, sɛ nsuo retɔ a, ɛnyɛ papa sɛ wobɛgyina nnua ne nnadeɛ a wɔde anyinam nkanea afa so no mu biara ase ɛfiri sɛ, anhwɛ a na ayerɛmoo no ama anyinam kanea no akye wo akum wo.

5. Kata amena biara a ɛwɔ wo fie no so

Ɛduru nsutɔ berɛm a, ɛnyɛ papa sɛ wobɛbuebue amena so wɔ wo fie. Deɛ nti ɛte saa ne sɛ, sɛ nsuo tɔ a, ɛbɛtumi akɔgyina amena no mu ama no apae ntontom. Yɛn nyinaa nso nim sɛ, ntontom yinom na wɔde atiridii yareɛ berɛ nnipa. Yei nti, sɛ amena bi da wo fie na wosi no na sɛ ɛnyɛ yie a, wohunuu sɛ nsuo amuna ara pɛ, pɛ adeɛ kata so.

6. Mfa wo nan ntoto fam nnante nsutɔ berɛm

Nsuo retɔ a, ɛnyɛ papa sɛ wobɛworɔ wo mpaboa de wo nan saa ara anante nsusuan ne atɛkyɛ no mu. Woyɛ saa a, ɛbɛtumi ama biribi awɔ wo. Afei nso, ɛsiane sɛ nneɛmafunu ne agyanan ne dwonsɔ adi fra wɔ nsusuan no mu nti, sɛ wode wo nan sisi mu saa a, mmoawa binom bɛtumi awura wo nipadua mu akɔfa yareɛ koankorɔ binom abrɛ wo.

7. Ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma a wɔde ko ogyahyehyeɛ

Ɛduru nsutɔ berɛm a, ɛho hia pa ara sɛ wonya nneɛma binom a wobɛtumi de ako ogyahyehyeɛ wɔ wo afie anaa w’adwuma mu. Mpɛn pii no, ayerɛmoo a ɛtete ne agradaa a ɛdwa no tumi ma ogya totɔ mmeaeɛ binom. Yei nti, ɛho hia pa ara sɛ wonya nneɛma binom a wobɛtumi de ako ogyahyehyeɛ wɔ wo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ogya tɔ baabi a wowɔ no prɛko pɛ a, wobɛtumi ako kakra ansa na woahwehwɛ mmoa afiri afoforɔ hɔ.

8. Nom nsuo a ɛho te

Ɛduru osutɔ berɛ a, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyie wɔ nnuane ne nsuo a wotɔ no mmɔntene so no ho. Berɛ biara, ɛsɛ sɛ wohwɛ hunu sɛ nneɛma a wodi kɔ wo yam no yɛ deɛ ɛho te na ankɔfa nyarewa biara ammrɛ wo. Sɛ ɛbɛyɛ yie mpo a, ɛsɛ sɛ wote nnuane a wotɔ no abɔntene no so ɛfiri sɛ, nnipa dodoɔ no ara de nsufi a wɔsɔ firii soro no ara na ɛyɛ nnuane bɛtɔn ma nkurɔfoɔ. Yei nti, yɛ ahwɛyie pa ara esiane sɛ sɛ eduru nsutɔ berɛm a, nkurɔfoɔ taa nya nyarewa ahodoɔ a yɛnya firi nsufi mu no bi pa ara.

9. Hohoro wo nsa berɛ ano berɛ ano

Ɛsiane sɛ mmoawa a wɔma nyarewa binom taa tu atese wɔ nsutɔ berɛm nti, ɛsɛ sɛ wohohoro wo nsa berɛ biara ansa na woadidi. Yei bɛtumi abɔ wo ho ban na woannya nyarewa no bi.

10. Tie ewiem tebea ho amannebɔ

Nsutɔ berɛm no, radio ne TV ahodoɔ taa de ewiem tebea ho amannebɔ bɛto dwa nnɔnhwere aduonu-nan ntam ansa na deɛ wɔkaa ho asɛm no asi. Yei nti, sɛ ɛduru saa berɛ no a, ɛsɛ sɛ wotaa tie ewiem tebea ho nsɛm na wohunu deɛ ɛbɛsi sɛdeɛ wobɛtumi ada wo ho so berɛ biara.

11. Pɛ ntaadeɛ a ɛmu yɛ duru a wɔde ko awɔ

Awɔ kɔ mmɔfra ne mpanimfoɔ nyinaa mu a, wɔbɛtumi anya papuu. Yei nti, sɛ ɛduru nsutɔ berɛm a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyna ntaadeɛ a ɛmu yɛ duru a wɔde ko awɔ ama mmɔfra no na wo nso woapɛ bi akata wo ho. Yei bɛtumi aka mo hye na awɔ anwura mo mu ankɔfa ɔhaw biara ammrɛ mo.

12. Pɛ nɔma a mobɛtumi afrɛ ahokyerɛ berɛm

Ɔkwan baako a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm ne sɛ wobɛtwerɛ nɔma bi a mobɛtumi afrɛ berɛ a atoyerɛnkyɛm bi ato mo. Twerɛ saa nɔma no gu adeɛ so na fa tare baabi a obiara bɛhunu. Atoyerɛnkyɛm bi si mpofirem a, yei bɛtumi aboa pa ara.

13. Pɛ kanea bi sie

Ɛduru nsutɔ berɛm a, wɔtaa dunnum nkanea ɛsiane mframa ne ayerɛmoo no nti. Yei nti, ɛbɛyɛ yie a, ɛsɛ sɛ wonya kanea bi a wobɛtumi asɔ berɛ biara a wɔbɛdum kanea wɔ wo fie anaa wo mpɔtam hɔ no. Yei bɛtumi aboa ama moahunu kwan mu atoto nneɛma yie berɛ a osuo retɔ.

14. Di beaeɛ a wote no ni

Nsutɔ berɛm no, adeɛ baako a ɛtaa ma nsuo yiri sɛe nneɛma pa ara ne gota ahodoɔ a nkurɔfoɔ toto nwura gu mu. Yei nti, ɛduru nsutɔ berɛ a, ɛsɛ sɛ wosiesie wo fie de nneɛma gugu yie, na woyiyi gota ne bɔnka ahodoɔ biara a ɛbɛn wo no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ osuo no retɔ a, nsusuan no bɛtumi anya baabi afa, na ankɔfa nsuyiri biara amma.

15. Hwɛ wo nanteɛ mu yie

Nsuo totɔ a, ɛma mmeaeɛ ahodoɔ binom tumi yɛ toro pa ara. Yei nti, ɛho bɛhia pa ara sɛ wobɛhwɛ wo nanteɛ mu yie na woahyɛ mpaboa a aseɛ nyɛ toro. Afei nso, sɛ worenante nsuom a, ɛnsɛ sɛ wopere wo ho. Mmom, ɛsɛ sɛ wotu wo nan nkakrankakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worenhwe ase.

Tɔfabɔ

Ɛduru nsutɔ berɛ a, ɛho hia pa ara sɛ yɛhwɛ yɛn ho yie na yɛboaboa yɛn ho nso na yɛamfa yɛne aforoɔ nkwa anto asiane mu.

Tags: ahobammɔnsutɔ berɛnsutɔ berɛ mu ahobammɔosutɔ berɛ
Deɛ atwam

Monaatoɔ

Deɛ ɛdi hɔ

Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.

Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?