• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Yɛn kasa ho nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ yɛne afoforɔ so.

Tɛkrɛma no te sɛ ogya a ɛkum.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/13/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Yɛn kasa ho nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ yɛne afoforɔ so.
0
SHARES
74
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Tumi kɛseɛ wɔ tɛkrɛma anaa kasa mu. Asɛm biara a ɛpue firi yɛn anom ba no kɔwie wɔ papa anaa bɔne mu. Nnipa binom nam wɔn tɛkrɛma so ama afoforɔ redi yea, rebrɛ sane rekɔ ahohiahia mu wɔ abrabɔ mu, ebinom nso nam tɛkrɛma yi ara so ama afoforɔ redi yie. Yɛnam akenkan yi so bɛhunu akwan ahodoɔ a yɛn kasa nya nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ afoforɔ so.

Tɛkrɛma no te sɛ ogya, yɛamfa anni dwuma yie a ɛsɛe adeɛ.

*  Yɛtaa te sɛ, ano a ɛdi mako ne nkyene no, ɛno ara na yɛde dome. Berɛ biara a yɛka nnome nsɛm to yɛn ankasa anaa afoforɔ abrabɔ so no, ɛyɛ adwuma saa pɛpɛɛpɛ. Ankorɛankorɛ bi tumi se ne ho sɛ, ‘Yadeɛ wei ara na ɛde me bɛkɔ owuo mu’, ‘Nti mfasoɔ bi wɔ me so?’ ‘Mebaa wiase koraa bɛyɛɛ deɛn ni?’ ‘Nti abrabɔ yi bɛyɛ yie ni?’ Hyɛ no nso sɛ mprɛ dodoɔ woreka saa nsɛm yi kyerɛ wo ho no, mprɛ dodoɔ no ara na na ɛrenya nsunsuansoɔ bɔne wɔ wo so, na woanhwɛ yie a saa yadeɛ no ara nso de wo bɛkɔ owuo mu, mfasoɔ biara mma wo so da, worehunu deɛ nti a wowɔ asase yi so, na abrabɔ no nso renyɛ yie da. Awofoɔ binom nso de wɔn kasa dome wɔn mmɔfra dabiara. Wɔtumi se wɔn ankasa yafunu mu ba sɛ ‘Wo deɛ wobɛbrɛ pa ara’, ‘Ɛrensi wo yie’, Wonya mfeɛ aduasa wɔ asase yi so koraa a anka sere me.’ Wɔn werɛ firi sɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn mma daa no bɛyɛ adwuma da bi. Nnome nsɛm a ɛtete sei no tumi di nipakorɔ no akyi mfeɛ pii. Ɔwofoɔ, so w’ani bɛgye sɛ nnome nsɛm a woka too w’abɔfra so no reba mu pɛpɛɛpɛ anaa?

*  Nsɛm a afoforɔ ka fa obi ho no tumi bu n’abam, na ɔbu ne ho abomfia sɛ ɔrentumi nyɛ biribi. Nnipakuo bi yɛ anokorɔ se ɔfoforɔ sɛ n’adwene awu, ne ho nyɛ fɛ, mfasoɔ nni ne so, biribiara nni hɔ a ɔbɛtumi ayɛ na wayɛ no yie a, ɛma saa nsɛm no di saa nipa no adwene so. Ebia anka nneɛma a wɔrese no sɛ ɔrentumi nyɛ no nyinaa no yɛ deɛ ɔbɛtumi ayɛ ama no aboro so mpo, nanso ɛsiane sɛ akɔba no sei na n’adwene agye atom nti no, daa ɔhunu ne ho sɛ biribiara nni hɔ a ɔbɛtumi ayɛ. Yɛyi ka a afoforɔ reka saa nsɛm yi afa obi ho no firi hɔ a, ankorɛankorɛ bi nso tumi se wɔn ho saa ara. Wɔtumi hwɛ wɔn ho anim wɔ ahwehwɛ mu se wɔn ho sɛ ‘Me deɛ me ho nyɛ fɛ, me deɛ mennim adeɛ.’ Ɛkɔba sei a ɛnam sɛ wohunu wo ho sɛ wo ho nyɛ fɛ na wonnim adeɛ nti no wohwere akokoɔduro wɔ badwam, na wo ho popo mpo sɛ wobɛkyerɛ w’adwene berɛ a moresusu biribi ho no. Wei ma akokoɔduro ne gyidie a wowɔ no wɔ wo mu nyinaa yera.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Kasa bɔne kum sunsum.

*  Kasa bɔne tumi di awu. Adɛn ntira? Woredi obi ho fɛw na worebu no animtia mprɛ pii no ma no tumi hunu ne ho sɛ mfasoɔ biara nni ne so wɔ asase yi so, ɛte saa deɛ a ɛnneɛ na wuo na ɛtwa sɛ owuo. Nsɛm a ɛtete sei taa kɔ so wɔ yɛn mantam ahodoɔ mu. Nnipakuo bi tumi de asɛm bi a ɛnyɛ nokorɛ fa obi ho teene baabiara ma nipa no gye ne ho a ɛnye. Ebinom tumi mia wɔn ani fa saa ateetee yi mu, nanso wɔn a wɔntumi no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛgye wɔn kra afiri wɔn nsam ɛsiane sɛ yea no so sene wɔn.

Kasa bɔne tumi de awudie ba.

*  Kasa bɔne sane tumi de ntetemu ba. Mennye nni sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ obi ne ɔfoforɔ a ɔreka nsɛmmɔne fa ne ho daa, na ɔrebu n’abam daa no bɛnya ayɔnkofa soronko bi. Wei da nkyɛn a, nnipa binom nam wɔn kasa so tete afoforɔ ntam. Daa wɔka nsɛmmɔne, wɔn ani kyiri asomdwoeɛ.

Yɛnim sɛ kasa bɔne bɛtumi anya nsunsuansoɔ bɔne wɔ yɛne afoforɔ so a, ɛnneɛ na deɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

*  Ka nsɛm pa fa wo ho dabiara. Berɛ biara a wobɛgyina ahwehwɛ mu no, se wo ho sɛ, ‘A, adɛn na me ho yɛ fɛ saa, mɛtumi ayɛ biribiara, menim adeɛ, me yadeɛ yi bɛfiri me so, abrabɔ no bɛyɛ yie.’ Hunu wo ho sɛ nipa a ɔsom bo pa ara. Saa nsɛm yi hyɛ wo den, na ɛma wo ahoɔden a wode bɛyɛ daa daa dwumadie.

Hunu wo ho sɛ woyɛ nipa a wo sombo.

Awofoɔ, momma mo kasa nyɛ nhyira mma mo mma. Monse wɔn sɛ, ‘Daakye mobɛdi yie, mobɛnyini akyɛ, deɛ mobɛyɛ biara nsi mo yie.’ Ɛkɔba sei a, ebia na ɛnyɛ deɛ nanso wo nsɛm no bɛdane nhyira a ɛbɛdi abɔfra no akyi afebɔɔ.

Awofoɔ, momma mo anom nsɛm nyɛ nhyira deɛ wɔ mo mma so.

*  Kasa pa de nkuranhyɛ ba. Berɛ a yɛbɛhunu sɛ afoforɔ rekɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu no, kasa a ɛyɛ dɛ na wɔhia no wɔn asom yɛ nkuranhyɛsɛm. Mpanimfoɔ se, ‘Akyea na ɛmmuiɛ, ɛsene abɛbuo nyinaa dɛ.’ Tɛkyerɛma dɛ, kasadɛ anaa nkuranhyɛsɛm tumi sesa obi adwene firi di a ɔbɛdi ne ho awuo anaa nsusuiɛ bɔne bi ho.

Akyerɛkyerɛfoɔ, mommɔ mmɔden sɛ mode nkuranhyɛ bɛdi dwuma wɔ moadekyerɛ mu. Mpo, berɛ a osuani bi ama mmuaeɛ a ɛnyɛ nokorɛ wɔ w’asɛmmisa ho wɔ adesuaberɛ mu no, fa kasadɛ tenetene no kɔsi sɛ ɔbɛduru susudua a worehwehwɛ no ho sene sɛ wode nsɛmyea bɛkum ne sunsum. Ɛkɔba no saa, ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ adesua biara mu a ɔnnya haw biara.

*  Mpɛn pii nso, deɛ afoforɔ hia ne sɛ obi bɛbɔ wɔn aba so wɔ biribia pa bi a wɔayɛ ho, anaa wɔbɛkyerɛ sɛ biribi a wɔde ayɛ wɔn ho no yɛ fɛ. Ɛno nko ara de anigyeɛ kɛseɛ bi wura wɔn mu. Ɛno nti ɛho hia sɛ ɛtɔ da a wobɛse wo yɔnko anaa wo nua bi sɛ, ‘wo tirinwi a woabɔ yi yɛ me fɛ, wo ho ayɛ fɛ papa, wobɔɔ wo ho mmɔden wɔ wo dwumadie no mu, woayɛ adeɛ.’ Nsɛm a ɛtete sei no ma nipa no hunu sɛ kakra a ɔyɔeɛ no nso obi ani gye ho. Na ɛma no bɔ ne ho mmɔden kɛse sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Nanso, nhwehwɛ sɛ afoforɔ bɛbɔ wo aba so na wɔahyɛ wo nkuran daa. Wo ankasa sua ɔkwan a wobɛfa so anya wo mu gyidie na woahyɛ wo ho nkuran wɔ biribiara mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a abammuo biara mma berɛ a afoforɔ anhunu deɛ woayɛ no.

Nya wo mu gyidie sɛ wobɛtumi ayɛ biribiara.

Hyɛ no nso sɛ kasa tumi ma nkwa, na ɛsane nso tumi kum. Bɔ mmɔden sɛ wonam wo kasa so bɛhyɛ nkuran na woagye nkwa berɛ biara. Ma afoforɔ nnya anidasoɔ, anigyeɛ ne akokoɔduro wɔ wo kasa mu.

Tags: abammuo.akokoɔduroakyerɛkyerɛfoɔAwofoɔkasakasadɛnkuranhyɛ
Deɛ atwam

Ntεnkyεm ne nsεnkyerεnne a sε obi nya bi a εda adi

Deɛ ɛdi hɔ

Ahosiesie mapa.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ahosiesie mapa.

Ahosiesie mapa.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?