• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ntεnkyεm ne nsεnkyerεnne a sε obi nya bi a εda adi

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
03/13/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Ntεnkyεm ne nsεnkyerεnne a sε obi nya bi a εda adi
0
SHARES
34
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ntεnkyεm yε mmᴐfra yareε a ntεnkyεm mmoawa no na εde ba.  Sε obi a wanya mmoawa no bi bᴐ wa gu mframa mu anaa adeε so a, wᴐn a atwa ahyia no tumi nya bi. Mmoawa yi tumi tena mframa no mu dᴐnhwere 1. Mpεn pii no, yεhunu no sε εyε mmᴐfra yareε deε, nanso mpanimfoᴐ nso tumi nya saa nyarewa yi bi. Ↄpanin a n’apᴐmuden no nsi pi tumi hunu amane wᴐ saa yareε yi nsam. Ano tumi yε den pa ara. Nyarewa ahodoᴐ pii tumi bᴐ mmᴐfra a wᴐnnyaa mfeε 5 ne mpanimfoᴐ a wᴐn mfeε no boro 20 εsiane ntεnkyεm yi. Yareε yi aduro a wᴐde fa mpaneε mu no rekame ayε sε εno na εtumi brε ano ase kakra.

Ntεnkyεm a wᴐsane frε no rubella yi yε adeε a εterε ntεm pa ara, na ano nso tumi yε den ma mmᴐfra, na mpo etumi ma wᴐhwere wᴐn akra. Ɛwom sε εsiane sε wiase afanan mu mmᴐfra dodoᴐ no ara nya mpaneε no bi bᴐ nti, ama ntεnkyεm yarewuo so ate deε, nanso afe biara, nnipa bεboro 200,000 na wᴐhwere wᴐn nkwa εsiane ntεnkyεm.

Sε obi nya ntεnkyεm a, εmu nneyεeε ne nsεnkyerεnne no hyε aseε bεyε nna 10 de rekᴐ 14 berε a onipa no ne ntεnkyεm aboa no anya nhyiamudie no mu. Nneyεeε ne nsεnkyerεnne ahodoᴐ a mpεn pii εtaa da adi no bi ne sε onipa no nya abunu ne ahobene, ᴐbᴐ wa, ne hwene mu sᴐne nsuo, menemkuro nso tumi yε no, n’ani ase tumi honhono anaa εtaatae, nsaa nketewa bi a ano ahyε nsuo mfitaa mfitaa tumi gu onipa no afono mu wᴐ n’anum, honam ani nsaa anaa εborᴐ a εterε na εtumi tu bom gu onipa no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Sε obi nya saa yareε mmoawa yi bi a, n’adida no yε nnidisoᴐ a εsi bεyε nnawᴐtwe 2 de rekᴐ 3 mu.

  • Deε εdi kan yε berε a onipa no ne mmoawa no bεdi ahyia ne mmerε dodoᴐ a εbεdidi nnipa no mu ansa na ada adi. Firi nna 10 de rekᴐ 14 a εdi kan no mu no, nneyεeε anaa nsεnkyerεne biara nna adi mma obiara nhunu. Ɛbεnenam nnipadua no mu ara aterε afa nipadua akwaa no nyinaa mu.
  • Deε εtᴐ so ne sε, nneyεeε bεda adi, nanso εnsi no pi mma onipa no anaa wᴐn a wᴐatwa ne ho ahyia nhunu sε wanya ntεnkyεm mmoawa no bi. Abunu ne nyarewa nketewa bi te sε εwa, ne hwenem nsuo a εsᴐne, ne ani ase a εtaatae ne menemkuro a εdi kan ba onipa no soᴐ no nyε adeε a ano nhyε da nyε den. Saa yareε yi tumi bᴐ nipa no bεyε nnanu anaa nnansa.
  • Yareε no ano yε den, na nsaa hyε aseε gu onipa no saa berε yi. Nsaa a εmu abere kᴐᴐ na εbi mu soso hyε aseε pue onipa no ho. Ɛhyε aseε firi n’anim kane ma n’anim sesa. Nna kakra bi ntam no, nsaa to trε ba onipa no nsa ho, ne bo so, n’akyi, ne serε ho, ne nan ho ne ne nan ase nyinaa. Berε korᴐ no ara mu no, ne ho tumi bene te sε egya ma mpεn pii no, ano den wᴐ afidie a wᴐde sese ahobene no so no tumi duru 40C anaa 41C.
  • Deε εtwa toᴐ εyε ahotᴐ. Sε onipa no nya ayarehwε na wᴐbᴐ no mpaneε a, ntεnkyεm nsaa no tumi di bεyε nna nson. Nsaa no hyε aseε yera firi onipa no anim, na ne nan ase ne ne nan ho atwa toᴐ. Berε a nyarewa a ntεnkyεm yi de baeε no rekorᴐ no, εwa no ne sε onipa no honam rehwane anaa εredane ayε tuntum no bεwᴐ hᴐ bεyε nna 10 ansa na εno nso afiri hᴐ.

Onipa a wanya ntεnkyεm tumi de mmoawa no terε nna nwᴐtwe ntam a, εno ne nna nnan a εbεba ansa na nsaa no apue ne honam ani, εnna sε nsaa no pue a, ne nna na akyi.

Ntεnkyεm yε yareε kodiawuo a εredi amansan ne mmusua nya. Bᴐ wo ne w’abusua ho ban. Bᴐ paneε no bi, na sε wo ho nnipa bi nya bi a, mma no nkᴐ nnipa mu, na afei kᴐhunu wo dᴐkota.

Tags: MmᴐfraMpanimfoᴐNhyiamudieNsεnkyerεnneNtεnkyεmYareε kodiawuo
Deɛ atwam

Abibiman mu nnua a εwᴐ asasepεsεε soᴐ no ntumi mfa kaabᴐn dodo nsie te sε kane no- Nhwehwεmu bi mu nsεm

Deɛ ɛdi hɔ

Yɛn kasa ho nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ yɛne afoforɔ so.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Yɛn kasa ho nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ yɛne afoforɔ so.

Yɛn kasa ho nsunsuansoɔ papa ne bɔne wɔ yɛne afoforɔ so.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?