• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Edward Akuffo-Ado

Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
02/28/2023
wɔ Adesua, Amanyɔsɛm
0 0
0
Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Edward Akuffo-Ado
0
SHARES
130
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Wɔwoo Edward Akuffo-Addo Ayɛwohomumɔ 26, 1906, ɛnna ɔtoaa nananom wɔ nseɛdo Kitawonsa 17, 1979 mu. Na ɔyɛ mmaranimfoɔ ne amanyɔni. Ɔka nnipa nsia a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu peree faahodie maa Ghana no ho, na na ɔdɔm amanyɔkuo a ɛdi kan  United Gold Coast Convention a wɔtwa no tia frɛ no UGCC no. Ɔbɛyɛɛ Ghana mmarahyɛbadwafie tɛmmuafoɔ kunini firii 1966 kɔsii 1970. Ɛduruu baabi a na Ghana ntoo aba nyii ɔmanpanin biara no, wɔmaa no bɛsomm sɛ ɔmanpanin firii 1970 kɔsii 1972.

Edward Akuffo-Addo ba nimpɔn ne Ghana manpanin Nana Addo Danquah Akuffo-Addo. Ɛsiane sɛ na Edward Akuffo-Addo asua mmara adɔ mu sukɔ abɛyɛ mmaranimfoɔ nti, ɔde ne nimdeɛ no boa peree faahodie maa Ghana. Ɔde nimdeɛ a na ɔwɔ yɛɛ deɛ ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛhwehwɛ faahodie ama ne man. Afei, ɔsane de nimdeɛ no hwehwɛɛ asomdwoeɛ ne pɛpɛɛpɛyɛ maa ɔman no na ɔhwɛɛ sɛ mmara bɛyɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Na Edward Akuffo-Addo awofoɔ ne Owura William Martin Addo-Danquah ne Owurayere Theodora Amuafi. Wɔwoo no wɔ Dodowa a ɛwɔ Nkran Mantam mu. Na n’awofoɔ baanu no nyinaa firi Akropɔn. Edward Akuffo-Addo hyɛɛ n’adesua ase wɔ Akropɔn Baasere Mfitiaseɛ sukuu mu na ɔwieeɛ no, ɔtoaa so kɔɔ Baasere Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteɛ sukuu a ɛwɔ Akropɔn ne Abetifi Nyamesom Nkyerɛkyerɛ sukuu kɔtoaa n’adesua so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Afe 1929 mu no, ɔkɔɔ Akyimɔta Kɔlegyi kɔtoaa n’adesua no so wɔ hɔ na ɛwɔ hɔ na wɔmaa no akwannya sɛ ɔbɛtumi akɔsua adeɛ wɔ Peter’s Kɔlegyi a ɛwɔ Oxford wɔ berɛ a ɔntua adesua ho ka biara. Yei nti, ɔkɔɔ hɔ nso kɔsuaa Nkontaa, Amanyɔsɛm ne Nyansahunu. Afe 1933 mu no, ɔwiee n’adesua no a na ɔkuta abodin wɔ amanyɔsɛm ne nyansahunu mu.

N’adesua yi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no maa no kɔkaa London, UK mmaranimfoɔ kuo no ho wɔ afe 1940 mu. Afe akyi pɛpɛɛpɛ na ɔsan baa Ghana bɛyɛɛ ɔno ara n’adwuma sɛ mmaranimfoɔ wɔ Nkran.

1947 mu no, ɔbɛkaa mpanimfoɔ akukudam a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu tee United Gold Coast Convention (UGCC) amanyɔkuo no ho. Ɛno nti, ɔbɛkaa Ghana adehyeɛ akunini nsia a wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam peree faahodie maa ɔman no ho. Nanso, berɛ a basabasayɛ bi sii wɔ Nkran no, wɔkyeree no too afiase afe 1948 mu. Afe 1949 kɔsi 1950 mu no, wɔyii no sɛ Gold  Coast Mmarahyɛbadwafoɔ kuo no ne Coussey Aman mmara kuo no mu ni.

Ghana nyaa faahodie akyi no, ɔsomm sɛ Ghana kɔɔto kunini no tɛmmuafoɔ panin firii 1962 kɔsii 1964. 1966 kɔsi 1970 mu no, National Liberation Council (NLC) yii no sɛ Ghana mmarahyɛbawafie no tɛmmuafoɔ kunini, na afei wɔsan maa no bɛyɛɛ Otitenani maa ekuo a wɔhyehyɛɛ 1969 aman mmara maa Ghana no.

Ɔbɛyɛɛ Ghana manpanin firii Ɔsanaa 31, 1970 kɔsii sɛ asraafoɔ tuu no adeɛ so Ɔpɛpɔn 13, 1972. Saa berɛ no, na ɔman no tumi nyinaa hyɛ Ɔman soafoɔ Dr Kofi Abrefa Busia nsa. Kitawonsa 17, 1979 mu no, Edward Akuffo-Addo twaa n’ani hwɛɛ ban.

Tags: AbakɔsɛmAkuffo AddoEdward Akuffo-Addo
Deɛ atwam

NHYEHYƐEƐ A ƐBƐMA AHAFO MFASODEƐ APAM NO ABA MU: YƐREHWEHWƐ MPƆTAMU AHOFAMA WƆ NEWMONT SIKA KƆKƆƆ AGUDEƐTUO MU WƆ GHANA

Deɛ ɛdi hɔ

Brɛboɔ mu yadeɛ.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Brɛboɔ mu yadeɛ.

Brɛboɔ mu yadeɛ.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?