• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Europe Aman binom a wᴐn nso bεdii Sika Mpoano (Ghana) soᴐ

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
02/20/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Europe Aman binom a wᴐn nso bεdii Sika Mpoano (Ghana) soᴐ
0
SHARES
32
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Europe aman bi te sε Sweden, British, ne Denmark nso baa nkoasom amammuo yi mu bi. Europe adwadifoᴐ yi nso de dwadie botaeε bεsoεε Sika Mpoano, na εberε rekᴐ n’anim a wᴐbεhunuu nnepa a εwᴐ ᴐman no mu no, wᴐn botaeε no sesaeε maa wᴐne wᴐn a wᴐadi kan afa ᴐman no nnomum no koeε maa wᴐtontᴐnoo wᴐn agyapadeε a wᴐayeyε maa wᴐn, na wᴐde ᴐhyε hwimm ebi nso firii wᴐn nsam. Wᴐsisii  Aban ne Ahintabea ahodoᴐ pii wᴐ Mpoano.

Sweden foᴐ bεsoεε Sika Mpoano wᴐ 1650. Sweden foᴐ Adwumakuo bi a wᴐwᴐ Abibirem ha na wᴐsii Osu Aban no wᴐ mfeha 17 no mu wᴐ 1657, yeyεε agyapadeε ahodoᴐ binom kekaa ho. Wᴐdii wᴐn mmerε ara kᴐsii sε Denmark foᴐ bεkyeree nsraban wᴐ Sweden foᴐ Aban ne wᴐn atenaeε kεseε a εwᴐ Oguaa a na wᴐfrε no Carolusburg Aban no ho, dii Sweden foᴐ so nkunim wᴐ ᴐsa no mu gyee amammuo no ne Osu Aban no nyinaa firii wᴐn nsam wᴐ 1663. Heindrick Caelorf a na berε bi a atwam na ᴐyε Sweden Adwumakuo no Kwankyerεfoᴐ na ᴐdii Denmark foᴐ no anim wᴐ ᴐsa no mu maa wᴐbεdii Sweden foᴐ soᴐ.

Denmark–Norway foᴐ nso gye firii Sweden foᴐ nsam no, wᴐtoo no din Guinea Coast. Denmark foᴐ na wᴐdii kan de amanᴐne nnᴐnkᴐ ne nkoa dwadie baeε. Ɛno ne dwadie a εde wᴐn baa ᴐman no mu. Wᴐn na wᴐsii Christianburg Aban a εwᴐ Osu a εda mu fua no. Na εho wᴐ mfasoᴐ pii, na εnnε yi mpo εho da so ara wᴐ mfasoᴐ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Wᴐsii Aban yi a na wᴐfrε no Akristofoᴐ Ahintabea no wᴐ 1652 mu, εnna wᴐde too wᴐn hene Ↄhene Christisan IV. Wᴐdii kan de aboᴐ sii aban korokorowa bi, na akyire yi, wᴐbaee mu yεε no Aban Kεseε. Wᴐde sika kᴐkᴐᴐ gyee asase firii Nkranhene Okaikoi hᴐ wᴐ 1661 mu. Saa Aban yi bεyεε Aban Kεseε de maa Denmark foᴐ a na wᴐyε wᴐn biribiara ne wᴐn dwadie dwumadie nyinaa wᴐ hᴐ.

Amammuo no mu no, Dutch foᴐ ne Denmark foᴐ sesaa ntᴐkwa bᴐᴐ so maa Denmarkfoᴐ dii nkunim, nanso wᴐnam nnaadaa kwan bi so maa Denmark hene no gye too mu sε wᴐadi nkuguo. Ne saa nti ᴐtᴐnnoo wᴐn agyapadeε ne deε wᴐgye firii Sweden foᴐ hᴐ no nyinaa de maa Dutch foᴐ. Denmark foᴐ amammuo no baa awieeε 1850 mu berε a wᴐtᴐnn wᴐn nneεma de ma Dutch foᴐ no.

Prusian/German nso nkoasom amammuo baeε. Wᴐbεdii Sika Mpoano so frεε no Brandeburger Sika Mpoano firii 1682 de kᴐsii 1720. Amammuo no kᴐᴐ awieeε berε a wᴐn hene, Ↄhene Frederick Willian I tᴐnoo wᴐn agyapadeε maa Dutch Aban.

Dutch foᴐ nso bεgyee wᴐn adwa wᴐ ᴐman yi nkoasom amammuo mu. Wᴐbεsoεε Sika Mpoano wᴐ 1598 mu sε wᴐreba abεdi dwa. Wᴐsisii aban ne ahintabea pii wᴐ mpoano, na deε agye din a yεnim pa ara ne Komenda Aban. Wᴐne Portugal foᴐ dii ako wᴐ 1637 mu, na wᴐgyee Elmina Aban firii wᴐn nsam, εnna wᴐgyee St. Anthony Aban a εwᴐ Axim firii wᴐn nsam wᴐ 1642 mu. Wei nyinaa sii berε a wᴐdii nkunim wᴐ Portuguese-Dutch ᴐsa no mu no. Afe 1872 mu no, na Dutch foᴐ ani nnye Sika Mpoano ho bio, enti wᴐn ara firi wᴐn pε mu dane de maa Britian foᴐ. Dutch foᴐ dii ᴐman no so mfeε 274.

Sika Mpoano bεhyεε Britian foᴐ nkoasom amammuo ase wᴐ 1867 de kᴐsii fawohodie berε, 1957 mu. Wᴐtᴐᴐ Danish foᴐ Sika Mpoano no wᴐ 1850 mu, εnna wᴐtᴐᴐ Dutch foᴐ deε no ne Elmina Ahintabea no nyinaa wᴐ 1872 mu. Britian foᴐ de anieεden trεε wᴐn amammuo no mu de faa amammuo nketewa a na εwᴐ ᴐman yi mu dada no; Asante ne Mfanste amammuo no so. Ansa na Europe nkuro no rebεba ᴐman yi mu no, na Asantefoᴐ di ᴐman yi mu fa kεseε no ara so.

Asantefoᴐ kanyann wᴐn ho, nanso Britian foᴐ yi nam ᴐsa so dii Asantefoᴐ so nkunim maa wᴐkaa Sika Mpoano ne εmu nkuro nyinaa bεhyεε wᴐn ase a wᴐanya koro koraa. Wᴐtwee ᴐman yi mu nnepa te sε sika kᴐkᴐᴐ, kookoo ne nnuane pii de kᴐᴐ amanᴐne. Wᴐyeyεε keteke akwan sεdeε εbεyε a εbεboa wᴐn ama wᴐatwe saa nneεma yinom. Wᴐn ne akwan ne akwantuo ho nsεm kᴐfabaeε.

Sika Mpoano foᴐ nam Ↄsa kεseε a εtᴐ so mmienu so peree dibea wᴐ amammuo no mu wᴐ 1901 mu. Wᴐne Britain foᴐ kyεε amammuo tumi wᴐ 1951-1955 mu, a na wᴐtumi kasa wᴐ amammuo no nsεm mu.

Britian amammuo no baa awieeε 1957 berε a Sika Mpoano foᴐ pere gyee wᴐn ti firii nkoasom aseε no, na wᴐsesaa ᴐnam no din firii Sika Mpoano yεε no Ghana.

Tags: Britian foᴐChristianburg AbanDenmark foDutch foᴐEurope adwadifoᴐPrusian/GermanSweden foᴐ
Deɛ atwam

Ↄman a εdii kan bεdii Ghana so wᴐ nkoasom mu

Deɛ ɛdi hɔ

Asikyire yadeɛ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Asikyire yadeɛ

Asikyire yadeɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?