• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Wobɛyɛ dɛn adi adwennwene so? Nneɛma du binom a wobɛtumi ayɛ.

Hwɛ sɛdeɛ saa akwan du yinom bɛtumi aboa wo ama woadi adwennwene so.

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/28/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Wobɛyɛ dɛn adi adwennwene so? Nneɛma du binom a wobɛtumi ayɛ.
0
SHARES
50
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnansa yi, ɛyɛ den pa ara sɛ wobɛtumi ayi w’adwene afiri adwennwene bebrebe so. Adwuma mu nsɛnsɛm, abusua mu nsɛm ne asetenam nsɛnnennen ahodoɔ no nyinaa tumi dane kɔdaanna kɛseɛ pa ara wɔ nnipa so. Yɛanyɛ biribi amfa adwennwene bebrebe ne ɔhaw ahodoɔ a ɛhyɛ nnipa so no ho a, ɛbɛtumi akɔfa nyarewa bebree abrɛ yɛn. Yei nti adesua yi mu no, yɛrebɛhwɛ akwan ahodoɔ du binom a yɛbɛtumi afa so adi adwennwene so.

Ka wo haw no ho asɛm

Nsɛm hyɛ wo so anaasɛ asetenam nsɛnnennen binom nti w’abam bu a, berɛ a woreka wo haw no ho asɛm akyerɛ obi a wogye no di pa ara no, ɛbɛtumi aboa wo ama woayi w’adwene afiri ɔhaw no so kakra. Woka wo dadwene ho asɛm a, ɛboa wo ma wonya wo mu ahotɔsoɔ ɛfiri sɛ, berɛ a worekasa no nyinaa na woreyi nsɛm a ahyɛ wo so no bi pue. Wonni onipa biara a wobɛtumi anya ne mu ahotɔsoɔ aka wo kokoam nsɛm akyerɛ no nso a, wobɛtumi ahwehwɛ mmoa afiri animdefoɔ a wɔtu nkurɔfoɔ fo fa adwennwene ho no hɔ. Ɛtɔ da mpo a, wobɛtumi akasa akyerɛ wo ho nanso ɛsɛ sɛ nsɛm a woka kyerɛ wo ho no yɛ nsɛm a ɛhyɛ nkuran pa ara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nya berɛ gye w’ahome

Wobɛtumi ayi w’adwene afiri dadwene bebrebe no so a, adeɛ foforɔ a wobɛtumi ayɛ ne sɛ wobɛpɛ berɛ agye w’ahome na woatoto wo nneɛma yie. Nneɛma binom a wobɛtumi ayɛ ama w’akoma atɔ wo yam na amma dadwene bebrebe anhyɛ wo so no binom ne sɛ wobɛkenkan nwoma, wobɛpɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn atena, wobɛyi w’adwene afiri biribiara so na woakaekae mmerɛ pa woafam pɛn, wobɛtie nnwom a w’ani gye ho pa ara, wobɛtetee w’apɔm, anaasɛ wobɛtu mpasa kakra.

Gu ahome

Wote nka sɛ nsɛm ahyɛ wo so ama wonhunu deɛ wonyɛ wo ho a, gyae biribiara mu na gu ahome kɛseɛ baako sɛdeɛ wobɛtumi ayi w’adwene afiri nneɛma a ahyɛ wo so no so. Yei nyɛ biribi a ɛyɛ foforɔ biara, nanso sɛ wotumi yɛ a, wobɛhunu sɛdeɛ ɛbɛtumi aboa wo yie pa ara ama woagyina nsɛnnennen no ano. Sɛdeɛ wobɛyɛ no nie, pɛ baabi tena na dwodwo wo ho, ka w’ani gu so na yi w’adwene firi adwennwene no so, afei susu mmerɛ pa a woafa no ho tiawa, twe mframa kc wo mu, na gu ahome kɛseɛ baako. Wotumi yɛ yei a, wobɛte nka sɛ adesoa kɛseɛ bi afiri wo so.

Dwodwo wo ho

Nsɛm hyɛ wo so ma wobɔ hu a, wo ntini mu tumi yere tann. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ woboa ma wo nipadua no ho tumi dwodwo no fɔmm na ama woanya wo ara wo mu ahotɔsoɔ. Nneɛma a wobɛtumi ayɛ de adwodwo wo ho no bi ne sɛ, wobɛtetee w’apɔm, wobɛma obi amiamia wo anaasɛ wobɛnoa nsuo ama no ayɛ dedɛɛdedɛɛ na wode adware. Wotumi da ntɛm nso a, ɛbɛtumi ama wo ho abae wo yie pa ara.

Hunu nneɛma a ɛma dadwene hyɛ wo so no na tu aseɛ

Mpanimfoɔ se, “Obi ntɔ nsa nhyira ne busuefoɔ.” Menya wo a mɛyɛ wo nso deɛ, ɛno ara ne mada me ho so. Yei nti, sɛ wobɛtumi adi adwennwene bebrebe no so a, ɛsɛ sɛ wohunu nneɛma a ɛtumi twetwe adwennwene no bi na wotu aseɛ. Wotumi hunu saa nneɛma yinom a, hwɛ sɛ wobɛtumi atwe wo ho afiri ho koraa anaaa wobɛtumi ate so. Ebia na ɛyɛ asanom, mofonin anaa sini bi na ɛma woyɛ biribi a ɛde adwennwene no ba. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho firi saa nneɛma yinom ho koraa.

Wo ne nkurɔfoɔ mmɔ

Wɔka sɛ awerɛkyekyerɛ wɔ onipa ho a, ɛyɛ nokorɛ turodoo. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wo ne nkurɔfoɔ nya nkitahodie a ɛyɛ papa a, ɛbɛtumi ama woate nka sɛ wosom bo ma nnipa binom. Yei bɛboa ama adwene biara a ɛma wote nka sɛ wo so nni mfasoɔ no so ate koraa. Afei nso, sɛ wotumi ne nkurɔfoɔ bɔ a, ɛbɛboa ama woayi w’adwene afiri wo dadwene bebrebe no so kakra na ɛbɛtumi ama w’ani agye nso.

Twerɛ nneɛma binom a ɛho hia pa ara no to hɔ

Nhwehwɛmu a wɔayɛ ada no adi sɛ, sɛ obi twerɛ nsɛm binom to hɔ a, ɛboa no ma ɔtumi de n’adwene si asɛm pɔtee bi so, na yei bɛtumi ama nnipa dadwene bebrebe no so ate pa ara. Nsɛm a wobɛtumi atwerɛ ato hɔ no bi ne papa bi a obi ayɛ wo, adeɛ bi a woyɛeɛ a ɛhyɛɛ wo nkuran pa ara, ne botaeɛ ahodoɔ binom a wopɛ sɛ woduru ho. Yeinom bɛboa ama woayi w’adwene afiri nsɛm a ɛbɛtumi asɛe w’adwene no so.

Nya berɛ yɛ nneɛma a ɛma w’ani gye

Wonim nneɛma binom a ɛyɛ papa a wotumi yɛ ma w’ani gye? Wobɛtumi ayɛ saa nneɛma yinom wɔ da no mu sɛdeɛ ɛbɛboa wo ama w’adwennwene bebrebe no so ate. Wopɛ a, wobɛtumi de simma dunum anaa aduonu pɛ mpo ayɛ saa nneɛma yi. Wotumi yɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woayi w’adwene afiri wo haw so kakra na ɛbɛhyɛ wo nkuran nso.

Teetee w’apɔ mu

Apɔmuteetee deɛ, ɛso wɔ mfasoɔ pa ara. Ɛsane yɛ ɔkwan baako a yɛbɛtumi ayi yɛn adwene afiri yɛn haw bebrebe no so. Yɛteetee yɛ apɔm a, ɛboa ma yɛn nipadua ne yɛn adwene tumi yɛ adwuma yie na ɛma yɛn ho sisi yɛn ho so pa ara.

Ma w’anim nyɛ seresere na taa sere kyerɛ nnipa

Wɔtaa ka sɛ sereɛ yɛ aduro, na ɛyɛ nokorɛ nso. Wotumi sere yie firi w’akomam a, ɛma w’adwenem da hɔ na dadwene anhyɛ wo so. Ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ biribi pɔtee a ɛbɛma woasere gidigidgi biara. Mmom, woreyɛ biribi ketewa bi mpo na aseresɛm kakra bi bɛfa mu a, wobɛtumi asere akyerɛ wo ho.

Adwennwene bɛtumi adi wo awu nti hwɛ na si ano kwan anim anim yi ara.

Tags: anxietymental healthpersonal wellbeingreliefStress management
Deɛ atwam

Awia nna ho ahuntasɛm nnan binom

Deɛ ɛdi hɔ

Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.

Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?