Akanman mu deɛ, awia nna nyɛ biribi a nnipa dodoɔ no ara ani gye ho saa. Adeɛ yi, daa na nnipa gu nnwuma so nti, ɛbɛyɛ dɛn na wɔanya berɛ mpo ada awia? Nanso nokwasɛm ne sɛ, nhwehwɛmu ada no adi sɛ, sɛ onipa nya berɛ kakra yi n’ani so berɛ tiawa bi wɔ da no mu ansa na adeɛ asa a, mfasoɔ wɔ so pa ara.
Ɛwom sɛ Abibirem ha deɛ, ɛsiane ahokyerɛ a ɛwɔ ha nti, sɛ onipa nsa bɛtumi akɔ n’ano a, gye sɛ ɔbere ne mogya ani yɛ adwumaden. Yei nti, sɛ obi da awia a, yɛbu no sɛ gyama ɔyɛ kwadwofoɔ bi ara kwa nanso ɛnnɛ adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahunu sɛ ɛnte saa koraa.
Awia nna ho mfasoɔ baako pa ara ne sɛ, ɛtumi boa ma onipa adwene yɛ adwuma yie. Nhwehwɛmu pii ada no adi sɛ, sɛ onipa tumi yi n’ani so awia a, ɛboa no ma ɔtumi kae nneɛma ntɛm, ɔtumi dwene yie na ɔtumi nso susu nneɛma ho kɔ akyiri. Yei bɛtumi aboa nnipa a wɔn nnwuma dɔɔso anaa wɔresua adeɛ akɔtwerɛ wɔn nsɔhwɛ ama wɔatumi de wɔn adwene asi deɛ wɔreyɛ no so na wɔatumi nso ayɛ no yie.
Bio, awia nna boa ma nipadua no tumi yɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ, na ɛma onipa nya apɔmuden pa nso. Nhwehwɛmu ama no ada adi sɛ, awia nna tumi boa ma onipa akoma yɛ adwuma yie, mogya tumi di aforosiane wɔ nipadua no mu sɛdeɛ ɛsɛ, na ɛno ma nipa tumi kwati yareɛ binom te sɛ akomayareɛ ne mogyaborosoɔ. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, sɛ obi da awia a, ɛma ne nipadua no tumi dwodwo ne ho, na nipadua akwaa ahodoɔ binom te sɛ akoma ne deɛ ɛkeka ho no tumi yɛ adwuma yie pa ara.
Afei nso, awia nna bɛtumi aboa ama onipa ho abae no, na ɛtumi nso yi adwennwene bebrebe firi onipa so. Ɛsiane sɛ onipa da awia a ɛboa ma n’adwene no tumi yɛ adwuma yie nti, ɛma onipa no ho dwo no fɔmm, na ɛno boa ma obi a nsɛm ahyɛ ne so no adwennwene so tumi te. Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ, awia nna tumi boa ma ɛduru anadwo a onipa tumi da hatee ɛfiri sɛ, nipadua no tumi nya berɛ dwodwo ne ho sɛdeɛ ɛsɛ.
Mfasoɔ foforɔ a onipa nya firi awia nna so ne sɛ, ɛboa ma nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ agokansie binom te sɛ bɔɔlobɔ, mmirikatuo, ne deɛ ɛkeka ho mu no tumi nya ahoɔden si akan yie. Nnipa binom a wɔtu mmirika anaa wɔbɔ bɔɔlo ada no adi sɛ, sɛ wɔrekɔtu mmirika anaa wɔrekɔbɔ bɔɔlo na wɔda awia a, ɛboa wɔn pa ara ma wɔtumi yere wɔn ho yɛ deɛ wɔreyɛ biara ɛfiri sɛ, wɔnte berɛ ntɛm. Nnipa a wɔyɛ nnwumaden binom nso bɛtumi anya mfasoɔ korɔ yi ara bi afiri awia nna mu.
Deɛ adesua yi aboa yɛn ama yɛabɛhunu nyinaa ne sɛ, awia nna nyɛ berɛ sɛeɛ anaa biribi a ɛnyɛ sɛdeɛ nnipa binom susu no. Mmom, sɛ onipa gye berɛ tiawa bi yi n’ani so a, ɔnya so mfasoɔ pa ara. Awia nna so mfasoɔ ahodoɔ a yɛbɛhunu no binom ne sɛ, ɛboa ma onipa adwene no tumi yɛ adwuma yie, ɛboa ma akoma no nso tumi yɛ adwuma yie, na mogya tumi di aforosiane wɔ nipadua no mu sɛdeɛ ɛsɛ, ɛnna ɛsane nso boa ma onipa nya ahoɔden de yɛ nnwuma binom a ɛyɛ den pa ara.