• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mmɔntohɔ yɛ mmusuo – Sɛdeɛ wobɛtumi adi so.

Sɛdeɛ wobɛtumi adi wo berɛ so

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/23/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mmɔntohɔ yɛ mmusuo – Sɛdeɛ wobɛtumi adi so.
0
SHARES
50
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mpanimfoɔ kaa sɛ, “Mmɔntohɔ yɛ mmusuo” no, ɛwɔ nnyinasoɔ pa ara. Mmɔntohɔ bɛtumi ama yɛagogo yɛn ho wɔ nneɛma a anka ɛsɛ sɛ yɛbɔ mu mmɔden no ho, na yei bɛtumi ama yɛn yiedie nso aka akyi wɔ abrabɔ mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ kɔkɔsakyi anomaa aka sɛ, ɔkyena mɛyɛ sɛɛ anaa sɛɛ berɛ a anka yɛwɔ berɛ ne ahoɔden a yɛde bɛyɛ no anim anim yi ara.

Mmɔntohɔ deɛ, anka ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ onipa sosɔ so wɔ n’asetenam koraa nanso, nneɛma binom nti, nipa tumi yɛ mmɔntohɔ. Nneɛma a ɛma yɛtumi yɛ mmɔntohɔ no binom ne, osuro anaa ehu, akwadworɔ anaa aniha, abasamtuo anaa abammuo, ne deɛ ɛkeka ho. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ a yɛreyɛ mmɔntohɔ no, na berɛ korɔ no ara yɛrepia yɛn daakye ne yɛn yiedie nso kɔ akyiri.

Adesua yi rebɛkyerɛ yɛn nneɛma a ɛde mmɔntohɔ ba a yɛadi kan abobɔ so no ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne nyinaa so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adeɛ baako pa ara nti a nnipa yɛ mmɔntohɔ ne osuro anaasɛ ehu. Ɛtɔ da a, nnwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ho suro bɛtumi ama ehu aka yɛn! Yɛtumi te nka sɛ adwuma no yɛ den dodo anaasɛ ɛgye berɛ dodo nti, yɛtumi bɔ to hɔ yɛ nnwuma afoforɔ binom a yɛsusu sɛ ɛno deɛ ɛnsɛe yɛn berɛ anaasɛ yɛmmrɛ pii. Awerɛhosɛm ne sɛ, berɛ tenten a yɛgyae nnwuma a ɛtete saa gugu hɔ no, na nnwuma no ho hu a atɔ yɛn so no reyɛ kɛse. Ne saa nti, ɛbɛma no ayɛ den pa ara sɛ yɛbɛtumi anya akokoɔduro ayɛ nnwuma a ɛtete saa.

Bio, akwadworɔ anaasɛ aniha nso tumi ma onipa yɛ mmɔntohɔ. Nnipa binom wɔ hɔ a, nneɛma tumi twetwe wɔn adwene ntɛntɛm pa ara. Ɛsiane sɛ nneɛma a ɛtwetwe nnipa adwene bebree atwa yɛn ho ahyia ɛnnɛ nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn adwene bɛtumi afiri nneɛma a ɛho hia pa ara no so ama yɛakɔdi nneɛma a ɛho nhia no akyi. Yɛbɛtumi asɛe berɛ pii ahwɛ T.V., akyini intanɛt so anaasɛ yɛabɔ kɔmpiita so agodie ahodoɔ. Saa nneɛma yinom nyinaa bɛtumi ama yɛn ani aha sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛho hia pa ara no. Yɛkɔ so yɛ saa a, yɛrentumi mmɔ mmɔden wɔ asetenam na ɛno mma yɛrentumi nya abrabɔ mu nkɔanim biara nso.

Afei nso, abasamtuo anaa abammuo nso tumi ma yɛyɛ mmɔntohɔ. Deɛ onipa biara rehwehwɛ ne sɛ anka nneɛma bɛkɔ sɛdeɛ ɔrehwehwɛ nanso, ɛnyɛ deɛ onipa pɛ biara na ɔnya. Yei nti, sɛ ɛkɔba sɛ yɛbere yɛn mogya ani yɛ biribi anaasɛ yɛsɛe berɛ yɛ adwuma bi na nneɛma ankɔ sɛdeɛ yɛpɛ a, ɛbɛtumi ama yɛn abam abu sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ adekodeɛ no bio. Yɛtumi gyae to hɔ ka sɛ, berɛ foforɔ yɛbɛyɛ nansɛ wobɛhwɛ na adi afe. Ɛno nso mmoa mma yɛntu mpɔn wɔ abrabɔ mu.

Yɛbɛtumi adi saa subammɔne yi so a, ɛho hia pa ara sɛ yɛdi kan hunu ne farebae na yɛatumi atu aseɛ koraa ɛfiri sɛ, dua a ɛnya wo a ɛbɛwɔ w’ani deɛ, yɛtu aseɛ na tɛntwa so! Deɛ ɛdidi soɔ yinom yɛ nneɛma a yɛbɛtumi ayɛ no binom.

1. Kyekyɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ no mu na yɛ no nkakrankakra sɛdeɛ w’ahoɔden bɛtumi. Ɛno bɛma woatumi ayɛ adwuma no a worensɛe berɛ anaa ahoɔden pii. Afei nso, ɛbɛma woatumi aduru wo botaeɛ ho ntɛm, na ɛsiane sɛ woakyekyɛ adwuma no mu nti, ɛmu duro anaa ne kɛseɛ no rentumi nhunahuna wo bio na amma w’abam ammu anaa ehu biara anka wo. Mpanimfoɔ se, “Nkakrankakra na akokɔ de nom nsuo.”

2. Fa botaeɛ pɔtee binom sisi w’ani so na bɔ mmɔden sɛ wobɛduru ho. Wode botaeɛ pɔtee binom sisi w’ani so a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛtumi aduru ho. Wobɛtumi nso ahyɛ mmerɛ pɔtee bi a wopɛ sɛ wowie adwuma no, na ɛno bɛhyɛ wo nkuran ama woayere wo ho pa ara.

3. Ɛbɛyɛ yie a, hunu nneɛma a ɛbɛtumi atwetwe w’adwene no na twe wo ho firi ne nyinaa ho. Ebia na ɛyɛ T.V. a ɛsɛ sɛ wodum no, tɛlɛfon a wode bɛto baabi a ɛrentumi ntwetwe w’adwene, intanɛt so dwumadie biara ɛsɛ sɛ wotwe wo firi ho, ne deɛ ɛkeka ho na ama woatumi de w’adwene asi adwuma a woreyɛ no so yie.

4. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ wobɛyɛ nhyehyɛeɛ pa. Wobɛtumi atwerɛ nneɛma a wobɛyɛ no agu krataa so na woadi deɛ ɛho hia pa ara no ho dwuma kɔpem sɛ wobɛwie ne nyinaa.

5. Wobɛtumi ahwehwɛ mmoa afiri afoforɔ hɔ. Ɛbɛyɛ yie a, ka nnwuma a woreyɛ no ho nsɛm kyerɛ obi a ɔbɛn wo, na srɛ no sɛ ɔnhwɛ mma wo sɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ara na woreyɛ no anaa? Anaasɛ wobɛtumi nso asrɛ onipa no sɛ ɔmmoa wo na tumi fa w’adwene si adwuma a woreyɛ no so.

Mpanimfoɔ ka sɛ mehunuiɛ-a-anka, ano nni aduro nanso ɛnnɛ deɛ, woahunu nneɛma binom a wobɛtumi ayɛ na woanka mehunuiɛ-a-anka. Megye di sɛ adesua yi bɛboa wo pa ara ama woatumi adi mmɔntohɔ so na ama w’abrabɔ atu mpɔn.

Tags: how to manage timemmɔtohɔprocrastination
Deɛ atwam

Sɛdeɛ wobɛbɔ w’adwene ho ban – Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so

Deɛ ɛdi hɔ

Awia nna ho ahuntasɛm nnan binom

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awia nna ho ahuntasɛm nnan binom

Awia nna ho ahuntasɛm nnan binom

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?