• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
12/31/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.
0
SHARES
86
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Daa yɛsua nnepa a ɛbɛboa yɛn apɔmuden, ɛsiane sɛ wowɔ nkwa a na wowɔ ade. Yɛgu so ara rehwɛ mogya mu nhwehwɛmu ahodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔatu awadeɛ ho anammɔn. Megye di sɛ wokae gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a yɛadi kan asua ho adeɛ no.

Foforɔ a yɛrebɛhwɛ no ɛnnɛ nso yɛ Resose mogya mu nhwehwɛmu a broni frɛ no sɛ “Rhesus factor”. Megye di sɛ w’adwene mu ayɛ wo keserennee, nanso nsuro. Wonkenkan biribiara nwie no na nteaseɛ ayɛ adwuma. Momma yɛnkɔ so ɛ! Yɛka sɛ Resose mogya mu nhwehwɛmu a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛn koraa?

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Resose mogya mu nhwehwɛmu yɛ nhwehwɛmu ahodoɔ no bi a ɛkyerɛ ma yɛhunu sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi mogya hyia a ɛno nti ɛtumi ma wɔn kwan wɔ awareɛ mu wɔ berɛ a ɛrenya nsunsuansoɔ biara wɔ mmɔfra wɔbɛwo wɔn no so. Ɛyɛ biribi a yɛbɛtumi ahunu no wɔ nnipa binom mogya nkwammoa ho, ɛno na yɛfrɛ no sɛ antegen no. Sɛ obi kɔ ayaresabea kɔyɛ resose mogya yi mu nhwehwɛmu na sɛ saa antegen yi bi wɔ ne mogya nkwammoa no ho a, adɔkotafoɔ twerɛ no sɛ ɔyɛ ‘positive’. Ebi nni ho nso a wɔtwerɛ no sɛ ɔyɛ ‘negative’.

Ɛba awareɛ mu a, mpɛn pii no yɛka sɛ ɔbaa bi yɛ resose ‘negative’ a, na ɛkyerɛ sɛ ne mogya mu nkwammoa no rentumi nnya sɔretia biara wɔ abɔfra a wɔbɛwo wɔn no awoɔ mu berɛ a ɔne ɔbarima a ɔno nso nkwammoa no antegen yɛ ‘negative’ no anya nhyiamu.

Saa ara nso na sɛ ɔbaa bi mogya mu nkwammoa yɛ resose ‘negative’, na sɛ ɔne ɔbarima a ɔyɛ resose ‘positive’ nya nhyiamu a, awoɔ mu no ɔbaa no mogya nkwammoa no tumi nya sɔretia wɔ abɔfra no mogya nkwammoa so berɛ a abɔfra no nso mogya nkwammoa yɛ resose ‘positive’.

Hyɛ no nso sɛ mmɔfra taa nya wɔn resose mogya firi wɔn agyanom hɔ, sɛ ɛyɛ ‘positive’ anaa ‘negative’. Yei nti sɛ agya no yɛ ‘positive’ a, ɛtaa ba sɛ abɔfra no nso bɛyɛ ‘positive’, saa ara na sɛ agya no yɛ ‘negative’ a, ɛtaa si sɛ abɔfra no nso bɛyɛ ‘negative’.

Momma yɛnhwɛ nhwɛsoɔ wei ɛ, sɛ maame bi mogya nkwammoa yɛ resose ‘negative’, na papa no nso deɛ yɛ ‘positive’ a, abɔfra no tumi bɛyɛ ‘positive’. Sɛ ɛkɔba no saa a, maame no mogya mu nkwammoa ‘negative’ no tumi tra kɔ awodeɛ no mu, faako a abɔfra no da no kɔnya nsunsuansoɔ bɔne wɔ abɔfra no mogya nkwammoa so ɛfiri sɛ, maame no mogya nkwammoa no tumi nya sɔretia wɔ abɔfra no deɛ so. Ɛkɔba saa a, maame no nyinsɛn a ɛdi kan no deɛ saa abɔfra no ho nka. Mmom mmɔfra a ɛdi akyire no awoɔ mu na sɔretia no bɛba. Wosusu sɛ deɛn ntira? Abɔfra a ɔdi kan no nnya sɔretia biara ɛfiri sɛ saa berɛ no na maame no mogya nkwammoa no nhunuu abɔfra no deɛ no sɛ tamfo a ɔbɛtumi anya sɔretia wɔ ne so. Mmom ɛnnuru mmɔfra a ɛdidi soɔ no awoɔ so deɛ, na maame no mogya nkwammoa no atumi ahunu abɔfra no nkwammoa no sɛ tamfo a ɔsɔre tia no a ɛyɛ yie. Sɛ ɛkɔba no saa a, ɔhaw kɛseɛ a ɛde ba saa mmɔfra a wɔdidi soɔ no so ne sɛ, maame no mogya nkwammoa no tumi ma abɔfra no deɛ no sɛe ntɛntɛm so, wei ma abɔfra no mogya nso we ntɛntɛm anaasɛ ɛtumi ma abɔfra no wu mpo.

Maame no mogya nkwammoa a ɛretra akɔ awodeɛ no mu akɔko atia abɔfra no mogya nkwammoa no.

Wei yɛ awerɛhosɛm kɛseɛ, nanso anidasoɔ ne anigyesɛm a ɛwɔ hɔ seesei ne sɛ, ɔbaa bi kɔyɛ ne resose mogya mu nhwehwɛmu na ɔhunu sɛ ɔhaw a yɛaka ho asɛm wɔ soro hɔ yi bi bɛtumi asi wɔ n’awoɔ mu a, adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ wɔbɛtumi awɔ no paneɛ wɔ berɛ a nyinsɛn no anya nnawɔtwe aduonu nnwɔtwe rekɔ aduasa mmienu de asi ɔhaw a anka maame no nkwammoa bɛnya wɔ abɔfra no deɛ so no ho kwan. Adɔkotafoɔ frɛ saa paneɛ yi sɛ ‘RhoGam’.

Me nua, ɛyɛ sɛ wobɛyɛ saa nhwehwɛmu yi ntɛm so, apɛ ho anosie ntɛm sene sɛ wobɛhwere wo ba bi wɔ bu a wobɛbu w’ani agu so no mu. Wei yɛ nhwehwɛmu a ɛho hia yie, nti fa no asɛnhia.

Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛkyɛ ama no aso wo nua ne wo yɔnko no so. Kenkan no yie pɛ mu nteaseɛ yie, na ka ho asɛm.

Tags: Apɔmudenawadeɛgyɛnotaeponkwammoa
Deɛ atwam

Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Deɛ ɛdi hɔ

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?