• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ayamtim

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
12/12/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Ayamtim
0
SHARES
112
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yadeɛ binom abɔ apata ne yɛn abɛtena nti ɛyɛ a yɛntaa nkan wɔn nka yadeɛ ho. Nanso nokorɛ no, yadeɛ a ɛtete saa no nso tumi di yɛn nipadua nya. Yadeɛ baako a ɛne yɛn abɛtena pa ara na yɛmmu no ade kɛseɛ biara ne ayamtim.

Yɛka sɛ ayamtim a, ɛyɛ ɔhaw a ɛsi titiri wɔ nsono kɛseɛ no mu. Yɛdidi na aduane no yam wie a, ɛmu deɛ nipadua no nhia no fa nsono ketewa no mu sane kɔfa kɛseɛ no. Ɛduru nsono kɛseɛ hɔ no a ɛdi mmerɛ kakra wɔ hɔ kɔsi sɛ ne berɛ bɛso sɛ ɛba abɔntene sɛ sɛbe, agyanan. Ne berɛ so sɛ ɛba abɔntene a, adwene no kanyan nsono no ma ɛpia agyanan no firi nipadua no mu. Ɛtwa sɛ onipa a ɔte apɔ biara gya ne nan mprɛnsa rekɔ soro nnawɔtwe biara. Mmom ɛboro so pii nso a na ɛreyɛ akɔyɛ yadeɛ foforɔ. Sei na ɛtwa sɛ ɛkɔ so wɔ onipa biara mu. Nanso obi a ɔwɔ ayamtim no agyanan a ɔkɔ no nnawɔtwe biara mu no nnuru mprenu.

Nsono ketewa (Deɛ abobɔ bebree hyɛ mfimfini no) Nsono kɛseɛ (Deɛ atwa nsono ketewa no ho ahyia no)Kɔkɔbo (Adeɛ kɔkɔɔ pii a ɛwɔ aseɛ koraa no)

Ayamtim gu mu ahodoɔ mmienu

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  1. Deɛ ɛnkyɛ – Ayamtim a ɛte sei no di abosome mmiɛnsa kɔpem nsia pɛ. Ɛno akyiri no nipadua no tumi si ne dada mu bio, anaa ayamtim no to twa koraa.
  2. Deɛ ɛkyɛ – Ayamtim a ɛte sei no nso di ɛfiri abosome nsia rekɔ soro. Saa ayamtim yi tumi kɔ deɛ, nanso ɛnkyɛ biara na asane abɛtena nipa no so.

Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛda adi ama obi ahunu sɛ ɔwɔ ayamtim?

  • Sɛdeɛ yɛadi kan aka ho asɛm no, obi a ɔwɔ ayamtim no agyanan dodoɔ a ɔkɔ no nnawɔtwe biara mu no nnuru mmiɛnsa.
  • Ɛtwa sɛ anka agyanan biara yɛ deɛ ɛmu go kakra, nanso obi a ɔwɔ ayamtim no agyanan mu yɛ den yie.
  • Mpɛn pii no, ɛsiane sɛ agyanan no mu ayɛ den yie ɛnam nsuo a afiri mu nti no, ɛma nipa no kyem kɛse ansa na sɛbe, tiafi no abɛsene akɔ.
  • Nipa no sisi akyi tumi yɛ no duru. Beaeɛ a agyanan no kɔtaa ansa na aba abɔntene no de kɔkɔbo. Na ɛnam sɛ agyanan no ataa hɔ nna pii a ɛmmɛsene nkɔeɛ nti no, ɛma nipa no te nka sɛ ne sisi akyi ne n’ayaase yɛ ne duru.
  • Afei nipa no gya ne nan wie a, ɔkɔ so ara te nka sɛ agyanan no bi aka mu.
Ɔgya ne nan wie a ɔte nka sɛ ɛbi aka mu.
  • Ebinom nso wɔ hɔ a ɛnam agyanan no den a ayɛ aboro so nti, ɛpue abɔntene koraa no a ɛntumi nnye ne ho gye sɛ nipa no de n’ankasa nsa abu afiri hɔ ansa. Anaasɛ ɛtɔ da a gye sɛ ɔde ne nsa miamia n’ayaase ansa.

Deɛ ɛde ayamtim ba.

Berɛ a agyanan no kyɛre wɔ nsono kɛseɛ no mu a ɛntumi mma abɔntene berɛ a ɛsɛ mu no, ɛma ɛmu nsuo no twetwe firi mu. Ɛnneɛ na ɛdeɛn na ɛma agyanan no tumi kyɛre yie wɔ nsono kɛseɛ no mu?

  1. Nsono kɛseɛ no mu si koraa a ɛtumi de saa ɔhaw yi ba.
  2. Kokoram a ɛtɔ nsono kɛseɛ no mu nso tumi kɔfa ɔhaw wei ba.
  3. Afei nsono a ɛmu gu so ara resi no de nsunsuansoɔ yei ba.
  4. Kokoram a ɛtɔ kɔkɔbo, faako a agyanan kɔtaa no mu no nso de ayamtim ba.
  5. Ntini ahodoɔ a ɛma yɛn atenka wɔ sɛbe, yɛn to ano kwan no ho ka a, ɛtumi de ayamtim ba. Obi akyiri dompe mu ahoma no ho ka anaa ɔdwodwo a ɛtumi de ɔhaw wei ba.

Nneɛma ahodoɔ a yɛyɛ anaa tebea a yɛkɔ mu de bɔ kwan ma ayamtim.

  • Nyini – Berɛ a nipa renyini no, na nsono no ahoɔden a ɛde pia agyanan ba abɔntene no rekɔ fam. Wei ma ayamtim taa ba wɔn a wɔn mfeɛ kɔ anim no so.
  • Mmaa – Mmaa, ne titiri ne wɔn a wɔafa afuro no. Berɛ a abɔfra no reyɛ kɛse wɔ nyinsɛn mu na afuro no reyɛ kɛse no, na ɛreka mia nsono kɛseɛ no. Wei tumi de ayamtim ba.
Apemfoɔ taa nya ayamtim.
  • Obi a ɔntaa nnom nsuo.
  • Obi a ɔntaa nni ntɛtɛ nnuane.
  • Obi a ɔntaa ntenetene n’apɔm.
  • Wɔn a wɔfa nna ho nnuro sɛdeɛ wɔbɛtumi ada ne wɔn a wɔnom mogyaborosoɔ ho nnuro no nso tumi nya ayamtim.
  • Wɔn a wɔtaa de agyanan hyɛ wɔn ho berɛ a ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɛpɛ sɛ ɛpue no.

Ɔhaw afoforɔ a ayamtim tumi de ba.

  • Ntini a mogya nam mu de ba yɛn to kwan ano hɔ no tumi pagyapagya berɛ a nipa no rekyem no. Wei na yɛfrɛ no sɛ kooko no. Mpɛn dodoɔ a nipa no rekyem no, ɛma ntini no tumi pae ma mogya ba.
  • Afei, yɛtaa te sɛ obi kɔkɔbo apue. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ a nipa no rekyem pii no, ne nsono no fa bi tumi bɛtɛ ne to kwan no ano, mmom ɛnyɛ ne kɔkɔbo.

Kwan a yɛbɛtumi afa so asi ayamtim ano.

1. Taa di ntɛtɛ nnuane. Ntɛtɛ boa yiyi nneɛma bɔne a ɛnyɛ no nyinaa firi nipadua no mu. Wei nti mpɛn dodoɔ a yɛredi no, mpɛn dodoɔ no ara na na yɛrede yɛn ho wɔ ayamtim ho.

Di ntɛtɛ nnuane.

2. Bɔ mmɔden na taa tenetene w’apom.

Taa tenetene w’apɔm.

3. Hwɛ sɛ wobɛtaa anom nsuo nso pii.

Taa nom nsuo pii.

4. Bɔ mmɔden sɛ womfa agyanan nhyɛ wo ho berɛ a ɛsɛ sɛ wokɔyi pue no.

Hwɛ sɛ wobɛbɔ wo ho ban afiri ayamtim ho. Ɛno yɛ sene sɛ wobɛya awie a na ɛsane de ɔhaw foforɔ bi koraa asane aba wo so.

Ma wo nua no ne w’adamfo no nso nnya kyɛfa wɔ adesua yi mu. Kenkan no yie, kyɛ na ka ho asɛm.

Tags: ApɔmudenatosodeɛAyamtimmogyaborosoɔnsuonyiniyadeɛ
Deɛ atwam

Bonwire Kentenwenebea. Ɔfa 1

Deɛ ɛdi hɔ

Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 1

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 1

Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 1

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?