• Twi
  • Fante
18:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwenkyerɛ

Bronya reba

Hwɛ wo sikayie yie wɔ saa afahyɛ berɛ yi mu na ahokyerɛ anto anhyɛ wo so

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/08/2022
wɔ Adwenkyerɛ
0 0
0
Bronya reba
0
SHARES
77
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛasi Ↄpɛnimma bosome a yɛtaa frɛ no bronya bosome no mu. Saa bosome yi de anigyedeɛ pi na ɛberɛ amansan, ɛsiane sɛ Akristofoɔ de kae wɔn afedida kɛseɛ a ɛyɛ Agyenkwa no awoɔ no. ℇnkyɛre biara, apontoɔ, anigyeɛ, osebɔ, ahurusie, “yɛmpie yɛmpie” ne anigyedeɛ nyinaa rebɛba. Sɛ yɛto yɛn ani hwɛ yɛn ho hyia a wɔn a wɔnni afahyɛ yi ho nimdeɛ na wɔnnim deɛ ɛkyerɛ mpo na wɔbɔ ho aho kɛse.

Aka bɛyɛ nnawɔtwe mmienu na nna akɛseɛ yi aduru, ne saa nti nnipa ahyɛ aseɛ reboaboa wɔn ho. Sɛ wo fa baabiara wɔ ɔman yi mu a, deɛ obiara reka ne sɛ ɔman no mu ayɛ den, abrabɔ ayɛ twann, nanso ɔkwan biara a nnipa bɛfa so anya sika bronya berɛ yi de agye wɔn ani, atotɔ ntadeɛ ahyɛ, atɔ bi ahyɛ wɔn mma, atɔ adeɛ akye deɛ, obiara nnim.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmabunu de ɔhyɛ a ɛfiri nnamfosɛm mu, abɛɛfosɛm, ne deɛ ɛyɛ wɔn ani so fɛ bɛbɔ bra biara, apɛ kwan biara so anya sika, anaa anya deɛ wɔpɛ.

Sɛ yeahwɛ no yie a, ɛyɛ a na adwumayɛfoɔ pii nya atenka sɛ Ↄpɛpɔn bosome no a yɛtaa frɛ no bronya akyi bosome no yɛ bosome a ɛnkɔ ntɛm na ɛkyɛre yie ansa na aba awieeɛ. ℇbinom hunu no sɛ saa bosome pɔtee no boro nna aduoson mpo. Nnanso yɛn nyinaa bɛdi adanseɛ sɛ, bosome biara nni hɔ a ɛboro nna aduasa baako.

Deɛ ɛkɔba ne sɛ, ɛfiri Ↄpɛnimma 24 de rekɔ Ↄpɛpɔn 1 mu no, sikayie bebree kɔ so. Nneɛma a yɛnyɛɛ ho nhyehyɛeɛ pii bɛbɔ yɛn nhyehyɛeɛ mu, adekyɛ kɔ so ɛsiane sɛ nnipa hunu no sɛ saa berɛ no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyɛ adeɛ, anigyeɛ ne apiepie pii nso di ahim. Weinom nyinaa didi wura adwumayɛfoɔ akatua ne wɔn sikasɛm mu. Enti sɛ yɛsi Ↄpɛpɔn no mu a na wɔn ho repre wɔn sɛ ɛbɛwu ntɛm ama wɔasane agye akatua foforɔ ɛsiane sɛ wɔadi deɛ ɛwɔ hɔ no awie. Yɛnhyɛ no nso nso sɛ, ahokyerɛ ma nnipa ho yerayera no na ɛma nnipa ho pere no wɔ nneɛma binom ho.

Afei momma yɛnhwɛ deɛ ɛdidi soɔ yinom, na aboa yɛn ama yɛahwɛ yɛn sikayie yie wɔ bosome yi ne deɛ ɛdi yɛn anim yi mu, na sɛ ahokyerɛ bɛba mpo a, amma ammoro yɛn ahoɔden so.

Deɛ ɛdi kan, momma yɛnnya nhyehyɛeɛ mma yɛn sikasɛm dwumadie wɔ nna a ɛdi yɛn anim yi mu titire; momma yɛmfa twerɛdua ne krataa nto sika biara a yɛbɛyie ho, na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛbu yɛn ani agu biribiara a ɛnni yɛn nhyehyɛeɛ no mu a ɛbɛba abɛbɔ mu so. Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛmma wo nhyehyɛeɛ mu, nanso ɛho hia. Sɛ yɛhwɛ saa nneɛma no a, ɛmmoro so biara saa, enti ɛno deɛ, yɛbɛtumi adane yɛn ani ahwɛ. Nnipa binom wɔ hɔ a wɔnni nhyehyɛeɛ biara ma wɔn sikasɛm dwumadie, ne saa nti wɔn ho kyere wɔn wɔ biribiara a wɔyɛ mu. ℇbinom nso wɔ hɔ a wɔwɔ bi deɛ, nanso fanyinam sɛ wɔni bie. Momma yɛntwe yɛn adwene nsi wei so, na sɛ yɛwɔ bi nso a, yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi soɔ.

Deɛ ɛdi hɔ, momma yɛntwe yɛn ho mfiri anigyeɛ mmorosoɔ ho; Anigyeɛ yɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn a abrabɔ ho, ɛsiane sɛ yɛwɔ nsɛnkaeɛ bi sɛ “Awerɛhoɔ kum sunsum, adwennwene nso hyɛ ɔkra so.” Deɛ ɔbrɛ nso na ɔdie deɛ, nanso sɛ yɛsi saa nna yi mu a yɛyɛ ma no boro so. Obi wɔ hɔ a n’agorɔ pɛ nhwɛ. Ↄsesa nnamfoɔ de wɔn pie ma wɔkɔgye wɔn ani totɔ nneɛma ma no boro so ma no yɛ ne ka, na sɛ ɔkɔduru fie a wakɔsu; ɔyɛ deɛ ɛbɛsɔ nnipa ani. Momma yɛnnye yɛn ani, nanso momma yɛmma no mmoro so.

Wei kɔ ma mmabunu no, sɛ wohunu na ɛyɛ wo fɛ na sɛ wonni ɛho sika a, bu no anikyie. Mommma yɛmmfa nnamfosɛm ne afɛfɛdeɛ nsi yɛn ani so pii mmɔ bra a ɛnsɛ mfata, ɛfiri sɛ yɛn daakye yɛfɛ sene mprempren yi. Momma yɛmpere mpɛ daakye papa ne deɛ ɛfiri yɛn ankasa yɛn brɛ mu, na yɛn ani agye afebɔɔ. Berɛ bi rebɛba a, sɛ yɛtumi bɔ yɛn bra yie a, yɛbɛtɔ deɛ yɛpɛ biara wɔ berɛ biara mu na ɛnyɛ bronya berɛ nko.

ℇnyɛ mmabunu nko, mmasiriwa ne abaatan nso ka ho. Sɛ wonni a, nhyɛ wo ho. Mmasiriwa no bi yɛ sene mmabunu no mpo. Abaatan no bi hyɛ wɔn ho ara sɛ wɔbɛnya bronya ntadeɛ ama wɔn mma ɛsiane sɛ obi ba ahyɛ anaa bɛhyɛ atadeɛ mono nti. Wɔhyɛ wɔn ho ara sɛ wɔbɛnoa nnuane akɛseɛ ne nnuane a wɔn sika nso mpo. ℇbinom tumi bɔ bosea de di saa dwuma yi a mehunu no sɛ ɛyɛ aniwuo. Sɛ yɛanhwɛ yie a yɛbɛsoa guasohantan berɛ biara. ℇnyɛ bronya berɛ nko ara na yɛdidi anaa yɛhyɛ atadeɛ anaa yɛyɛ nneɛma binom, enti sɛ wonnya no pii a, kakra a da biara wodi anaa wohyɛ no, yɛ no saa ara.

Deɛ ɛtwa toɔ yɛ adekyɛ. Momma yɛnhyɛ no nso sɛ ɛnyɛ bronya berɛ nko ara a wɔayɛ no sɛ yɛnkyɛ adeɛ. Sɛ wode serɛ bɛhyɛ obi afonom a, yɛ no berɛ biara, na ɛnyɛ saa da yi nko. Obi pɛ sɛ yɛhunu no sɛ ɔyɛ ara boro so, ɛno nti kyɛ nneɛma akɛseɛ ma nnipa wɔnhia saa nneɛma no mpo. Yɛnhyɛ no nso sɛ, deɛ yɛyɛ ma nnipa da biara no so nsunsuansoɔ tena hɔ daa sene deɛ yɛyɛ no da koro pɛ.

Menim sɛ woamfa wei anni dwuma wɔ afe yi mu deɛ, nanso mfeɛ a ɛdi yɛn anim mu no, wobɛtumi asɔ ahwɛ; sɛ wopɛ sɛ wokyɛ adeɛ afe no awieeɛ a, hyɛ aseɛ to saa nnipa a wopɛ sɛ wokyɛ wɔn adeɛ no ho susu bosome biara nkakra nkakra. Afe no bɛso no na wanya deɛ wode bɛyɛ adɔeɛ ama no aboro so.

Momma yɛnhwɛ nhunu sɛ, bronya berɛ nnyɛ wiase awieeɛ, enti mommma yɛnnhyɛ yɛn ho wɔ nneɛma binom ho mmma yɛn ho nkyere yɛn. Mmom, sɛ woyɛ Okristoni a, ma asɛm a Kristo awoɔ no de to dwa no nna adi wɔ w’abrabɔ mu nsene biribiara. Wonyɛ Okristoni nso a, toto wo nneɛma yie na wo ho ankyere wo wɔ nna yi mu.

Tags: AhokyerɛBronyaSikayie
Deɛ atwam

Tanzania atwa wɔn fawohodie afedidadie no mu de sika no rebɛsi sukuu adan ama mmɔfra ada mu

Deɛ ɛdi hɔ

Dɔmkuo kɛseɛ no Mmarahyɛbadwafoɔ no sɔre firii aba a wɔto de kyerɛ sɛ obi fata dibea bi anaa sɛ ɔmfata a wɔde retia Ken Ofori-Atta no ase berɛ a na wɔreto aba no

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/25/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Dɔmkuo kɛseɛ no Mmarahyɛbadwafoɔ no sɔre firii aba a wɔto de kyerɛ sɛ obi fata dibea bi anaa sɛ ɔmfata a wɔde retia Ken Ofori-Atta no ase berɛ a na wɔreto aba no

Dɔmkuo kɛseɛ no Mmarahyɛbadwafoɔ no sɔre firii aba a wɔto de kyerɛ sɛ obi fata dibea bi anaa sɛ ɔmfata a wɔde retia Ken Ofori-Atta no ase berɛ a na wɔreto aba no

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?