• Twi
  • Fante
18:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Tanzania atwa wɔn fawohodie afedidadie no mu de sika no rebɛsi sukuu adan ama mmɔfra ada mu

Tanzania atwa wɔn fawohodie afedidadie no mu, na wɔde sika no rebɛsisi adan a mmɔfra da mu wɔ sukuu mu ama sukuu mmɔfra no

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/07/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Mmarahyɛbadwam agye 2023 sikasɛm nhyehyɛeɛ no ne mpuntuo ho mmara no atom
0
SHARES
27
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Tanzania mampanin Samia Suluhu Hassan atwa fawohodie afedidie a wɔahyɛhyɛ sɛ anka ɛrebɛkɔ so Fiada, Ↄpɛnimma 9, 2022 mu no mu, na wɔadane sika a anka wɔde rebɛbɔ saa bra yi sɛ wɔmfa nsisi adan a mmɔfra da mu wɔ sukuu mu no mma mmɔfra a sɛbe wɔhia mmoa soronko no.

Saa afedida yi ne deɛ ɛtɔ so 61 a anka ɛho ka no bɛsi $445,000, nanso wɔkyerɛ mu a, wɔde saa sika yi bɛsisi adan a asukuufoɔ da mu ahodoɔ nnwɔtwe wɔ mfitiaseɛ sukuu ahodoɔ a atwa ɔman no mu ahyia mu.

Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ ɔman no nsɛm soɔ, George Simbachawene kaa no Dwoada, Ↄpɛnimma 5, 2022 no mu sɛ wɔagyae sika no mu a wɔrebɛhyɛ aseɛ de ayɛ saa adwuma no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ↄkyerɛ sɛ, sɛ ɔman no bɛto santene ahodoɔ abɔ dwa dataa adi saa afedida yi deɛ, anka wɔbɛkae afefidadie no wɔ berɛ wɔ a wɔne amansan redi nkɔmmɔ adwennwene ɔman no mpuntuo ho mmom.

Mpɛn pii no, ɛyɛ a anka wɔde santene ne edwabɔ ne anigyeɛ ne apontoɔ na ɛdi fawohodie afedida no. Ↄkaa sɛ wɔbɛhyehyɛ adwentoatoa ne nhyiamu ahodoɔ wɔ mansini ne mantan ahodoɔ no mu ama mansini ne mantam no mu mpanimfoɔ no adi anim ama wɔadi asetena mu dwuma binom wɔ mmeaeɛ binom a hospital mu asiesiee, sukuu mu asiesiee, nkɔkora ne mmera ne nnipa a wɔhia mmoa soronko fie asiesiee nso ka ho.

Sɛ yɛhwɛ a, ɛnyɛ wei ne berɛ a ɛdi kan a Tanzania atwa ne fawohodie afedidadie mu. Afe 2015 mu no, Ↄmampanin John Magufuli a na ɔte adwa so saa berɛ no twaa afedidadie no mu maa wɔdanee sika a anka wɔde redi ho dwuma no maa wɔde yɛ Dar es Salaam kwan. Ↄsane yɛɛ saa wɔ afe 2020 mu maa wɔde sika no kɔtotɔɔ apɔmuden ho nneɛma ne mfidie a ɛhia bɛboaa apɔmuden asoɛeɛ no.

Ↄmampanin a ɔte so seesei a no ne ɔbaa a ɔdi kwan a watena ɔmampanin adwa no so.

ℇkyɛree biara na ɔtwee adwene sii apolisifoɔ a wɔn afuru ayɛ dosoo no so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ mma wɔn so ntete, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛyɛ den wɔ adwuma no mu.

Ansa na ɔrebɛyɛ ɔmampanin nnanoo yi ara no, na ɔyɛ mpuntuo adwuma mu panin wɔ Zanzibar aban no mu mfeɛ bebree a atwam no mu. Na ɔsane nso yɛ UN foɔ dwumadie a ℇhwɛ Wiase Nyinaa Nnuanesɛm soɔ no mu panin. Akyire yi, ɔsane bɛyɛɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin maa adwumakuo a ɛhwɛ nnwumakuo a aban nsa nna soɔ so wɔ Zanzibar.

Nnaano yi ara, ɔyɛɛ adwuma sɛ mmabunu adwumafa, mmɔfra ne mmaa asoeɛ no so soafoɔ, na ɔhyɛɛ Tanzania mmaa mpanimfoɔ ne mmɔfra nkuran sɛ wɔnni wɔn anisoadehunu akyi na wɔnyɛ ho adwuma.

Tags: 61stFawohodie afedidieSukuu adanTanzania
Deɛ atwam

Akufo-Addo ama Ashaiman-Akosombo kwan a wɔrebɛbue mu no ho kwan

Deɛ ɛdi hɔ

Bronya reba

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Bronya reba

Bronya reba

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?