• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so

Saa nnuhuam yi yɛ deɛ ɛha yɛn apɔmuden yie, nanso yɛbu yɛn ani gu so

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/24/2022
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so
0
SHARES
96
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛtaa wɔ nsɛnkaeɛ bi sɛ; “Ma w’adidie nnyɛ w’aduro.” Nanso ɛrekame ayɛ sɛ yɛn ani ku sɛdeɛ aduane no bɛsi ayɛ fɛ afa, ne ɛdɛ a yɛbɛte no wɔ yɛn tɛkyerɛma so no ho sene yɛn apɔmuden.

Mpɛn pii no, yɛtaa ka sɛ, wowɔ nkwa a wowɔ ade. Nanso nkwa a ahoɔden nni mu deɛ, fanyinam owuo.

Sɛ yɛtwa yɛn ani hwɛ yɛn ho hyia a, nyarewa bi te sɛ, mogyaborosoɔ, asikyire yareɛ, tipaeɛ, yafunu yareɛ, akoma yareɛ mmogya mu nyarewa ahodoɔ, yafunu keka, ayamtuo, atridinini, ntehyeewa, kokoram, kɛse bɔne ne deɛ ɛkeka ho pii na ɛredi nnipa nya. Yɛabisa yɛn ho pɛn sɛ ɛdeɛn na ɛde saa nyarewa yi ba? Daabi!

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ saa nyarewa yi mu fa kɛseɛ no ara firi nneɛma a yɛdie ne deɛ yɛnom mu, kakraa bi na ɛfiri yɛ nneyɛɛ nketewa bi mu. Sɛ yɛhwɛ Ghana akuafoɔ dwumadie a, wɔde nnuro sɛe nnuane no wɔ asase no so ansa na wɔatwa aba ama yɛadi. Na abɛduru fie a ɛsɛ sɛ yɛn nso pɛ kwan bi so ma saa nnuro a ɛwɔ aduane no mu no so teɛ no, na yɛn nso akɔtotɔ nnuhuam a nnipa de nnuro ahoɔdoɔ bi a ɛfiri nnipa nnwuma mu ayɛ de abɛgugu yɛn nnuane a yɛyɛ no wɔ fie ne mmɔntene soɔ no mu. Yɛn ankasa yɛto yɛn ho aduro.

Abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ a wɔhwɛ nnuanesɛm soɔ no nam wɔn nhwehwɛmu so akyerɛ sɛ, saa nnuhuam a ɛfiri nnipa nnwuma mu yi yɛ deɛ ɛkita nnuro bi a ɛha nnipa apɔmuden. Wɔkyerɛ sɛ nnuhuam no bi wɔ nnuro a ɛmu nkyene wɔ soro pa ara, a sɛ wodi no waano waano a ɛtumi ma wonya mogyaborosoɔ.

Berɛ korɔ no ara mu no ɛbi di sradeɛ ho dwuma, a sɛ wodi a ɛtumi ma woyɛ kɛse na wo mu sradeɛ no dɔɔso. Berɛ a sradeɛ no redɔɔso no, na ɛresisi wo ntini no mu kwan, na ɛmma mmogya nsene nkɔ akoma de adwene no mu yie. ℇnam wei so ma yɛnya akomayareɛ ne adwene mu haw a ɛtumi de nnwodwoɔ mpo ba.

Saa nnuhuam yi bi wɔ hɔ a ɛsesa aduane no ani ma no yɛ kɔkɔɔ ne deɛ ɛkeka ho. Ebi nso ma aduane no yɛ hwam na ɛyɛ deɛ. ℇbi so nsunsuansoɔ no hyɛ aseɛ firi berɛ a wode bɛka w’ano no ara, ebi nso kyɛre ansa na anya nsunsuansoɔ. Nanso saa nsunsuansoɔ yi bɛtumi adi wo awu wo nkwa nna nyinaa. Yɛnya nyare a yɛabobɔ soɔ yinom nyinaa bi wɔ saa nnuhuam yinom mu.

Mono-sodium glutamates wɔ saa nneɛma yino mu, a ɛha apɔmuden yie. Nhwhwɛmu kyerɛ sɛ saa aduro yin a ɛtaa akomayadeɛ, mogyaborosoɔ, akomayadeɛ, sawa/saa mu yareɛ akyiri no, nanso wɔnya nyɛɛ nhwehwɛmu biara a ɛbɛdi ho adanseɛ.

Ↄfa bi mu no, nnuane a wɔayɛ agu ntoa ne nkonkuraa mu nso taa kura nneɛma a ɛha yɛn apɔmuden. Nneɛm a wɔde gu mu kora no ma ɛdi kyɛre no nyinaa yɛ deɛ ɛha adwene yie, nanso baabi a wiase aduru no, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛtimi agyae di, nanso ɛsɛ sɛ yɛtete so.

Kwan foforɔ so no, yɛbɛtumi de abɔdeɛ mu nnuhuam ahodoɔ a atwa yɛn ho ahyia bi te sɛ prɛkɛsɛ, dawadawa, akokɔ mmɛsa, akabɛ (tumeric), hwenteaa, pɛprɛ, wisa, rosemary, wedeɛ aba, galeke, akekaduro ne deɛ ɛkeka ho pii asi saa nneɛma yi anan mu de anoa yɛn nnuane ama ayɛ dɛ ayɛ huam, na ama yɛn apɔmuden asi pi asi ta. Saa nneɛma a yɛbobɔ soɔ yinom bi yɛ nnuro a adɔkotafoɔ di ho adanseɛ ma ayarefoɔ a wɔwɔ nyarewa a mabobɔ soɔ no; ebi sa nyarewa, na ebi ma tebea bi kɔ fam.

Prof. Darkwa, abɔdeɛ mu nyansapɛ pabene bi a ɔhwɛ nnuane mu ahoɔden nsɛm soɔ wɔ UCC de afotuo maa wɔn a wɔyɛ saa nnuhuam yi wɔ n’anodisɛm bi mu sɛ, wɔmfa nneɛma a yɛabobɔ so wɔ soro hɔ yi nni dwuma, na aboa amansan apɔmuden.

ℇno akyiri no sɛ yɛpɛ nnuhuam a ɛbɛma yɛn ɛnam pampan a, yɛbɛtumi anoa ɛnam korɔ a yɛrepɛ ne pampan no nnompe ne ne nkasɛe akyɛre yie, na yɛde atosodeɛ ne nnuhuam papa no agu so. ℇben a, yɛbɛsɔne so ayam ɛman no nnompe no, na yɛhyehyɛ no yie de asi firiigyi mu de ayɛ aduane nkakra nkakra.

Ebia wonkekann wei mpo, na wonim nsunsuansoɔ a saa nnuhuam yi de brɛ w’apɔmuden. Mɛsrɛ sɛ, sɛ yɛntumi nnyae di korakora a, momma yɛnte so ɛfiri sɛ, wonwuiɛ a, wonnim deɛ wobɛnya. ℇwom sɛ owuo nhyɛ da deɛ, nanso sɛ yete so anaa yɛtumi gyae di a, yɛbɛtumi adi mfeɛ kakra aka deɛ Ↄdomfoɔ no de bɛdom yɛn no ho.

Momma yɛnhwɛ yɛn apɔmuden yi; yɛn apɔmuden ne yɛn agyapadeɛ, na ɛgyina yɛn adidie so.

Dɛɛdɛ yɛdeɛ deɛ, nanso nkwa a ahoɔden wɔ mu sene dɛɛdɛ biara.

Tags: ApɔmudenMono-sodium glutamatesNnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwumaNsunsuansoɔ
Deɛ atwam

Mogyaborosoɔ

Deɛ ɛdi hɔ

Aban no de nhyehyɛeɛ ahodoɔ 13 binom a ɔde rebɛtete ɔman no kabɔ so wɔ 2023 abɛto dwa

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Aban no de nhyehyɛeɛ ahodoɔ 13 binom a ɔde rebɛtete ɔman no kabɔ so wɔ 2023 abɛto dwa

Aban no de nhyehyɛeɛ ahodoɔ 13 binom a ɔde rebɛtete ɔman no kabɔ so wɔ 2023 abɛto dwa

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?