• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mogyaborosoɔ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
11/23/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Mogyaborosoɔ
0
SHARES
131
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Bɔ nsɛm yi tie:

https://akannews.com/storage/2022/12/PKT101TW6-Mogyabrosoc.mp3

Obiara nni asase yi so a ne yɔnko brɛboɔ ne yadeɛ. Wei kyerɛ sɛ ɔdasani biara pɛ apɔmuden pa. Yadeɛ a ɛka nipa to hɔ deɛ, buburugyaa, mmom wonya ebinom ho nimdeɛ a, ɛbɛtumi ama woahwɛ wo kwan yie na yadeɛ bi anni wo so.

Yadeɛ baako a ɛyɛ hu na ɛtumi ka nnipa to hɔ mpofrim baako ne mogyaborosoɔ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

‘Mogyaborosoɔ yɛ sɛ wo mogya no aboro so wɔ nnipadua no mu.’ Wei yɛ adwene a na mewɔ fa ho berɛ a na meyɛ abɔfra no. Ɛte sei deɛ a ɛnneɛ anka ɛyɛ papaapa, ɛfiri sɛ hwan na ɔmpɛ mogya dodoɔ? Sɛ mogyaborosoɔ ɛnyɛ sɛ wo mogya na aboro so a, ɛnneɛ na ɛdeɛn koraa ne yadeɛ mogyaborosoɔ yi? Momma yɛnhwɛ mu yie ɛ!

https://akannews.com/storage/2022/11/VID-20221123-WA0008.mp4

Mogyaborosoɔ gyina sɛdeɛ akoma no si fa yɛ n’adwuma so. Yɛnim dada sɛ akoma no na ɛbɔ mogya kɔ akwaa ahodoɔ no nyinaa mu. Mpɛn dodoɔ a mogya no rebɔ kɔ akwaa ahodoɔ no nyinaa mu no, mpɛn dodoɔ no ara na na mogya no mu nkwammoa nso renya ahoɔden. Akoma no bɔ mogya no a, ɛde ahoɔden a ɛso pa ara na ɛbɔ, sɛdeɛ ɛbɛtumi akyini nnipadua no akwaa nyinaa so asane aba akoma no ho ntɛm. Akɔneaba a mogya no di firi akoma no ho kɔ akwaa ahodoɔ no ho, na ɛsane kɔ akoma no ho na yɛka no sɛ mogya no redi aforosianeɛ.

https://akannews.com/storage/2022/11/VID-20221123-WA0007.mp4

Ahoɔden a ɛde bɔ mogya no na broni frɛ no sɛ prɛhya no. Akoma no bɔ mogya no a, ɛwɔ ntini a ɛnam mu. Ɛsɛ sɛ ntini no mu tumi da hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akoma no bɔ mogya no a ɛbɛtumi akɔ baabiara. Sei na ɛkɔ so wɔ obiara a ɔnnyaa mogyaborosoɔ no mu.

Ɛba no wɔn a wɔwɔ mogyaborosoɔ no a, ɛno ne sɛ ntini a mogya no nam mu no resisi. Ɛmu hyɛ aseɛ sɛ ɛresisi a, ɛbɛtumi aba sɛ ɛnam nipa no nnuane a ɔdi na ama sradeɛ akɔtetare mu. Ɛkɔba no saa nso a ɛma ntini no mu kwan bɛyɛ ketewa, wei ma akoma no ahoɔden a ɛde bɔ mogya no yɛ kɛse, sɛdeɛ ɛbɛtumi ahyɛ mogya ama atumi afa ntini a ɛmu resisi no mu. Wei nti, mprɛ dodoɔ a ntini no mu resisi, na akoma no nso ahoɔden a ɛde bɔ no rekɔ soro aboro so de apia mogya no na yɛfrɛ no sɛ mogyaborosoɔ. 

Ɛbɛyɛ dɛn na obi ahunu sɛ ɔwɔ mogyaborosoɔ?

Abɛɛfo fidie bi wɔ hɔ a wɔde kyekyere obi nsa hwɛ sɛ ɔwɔ mogyaborosoɔ anaa daabi. Saa afidie yi din ne figmomanomita. Ne papa mu no, ɛtwa sɛ anka obiara nya 120/80 berɛ a ɔde afidie no akyekyere ne nsa awie no. Mmom, nipa no mfeɛ na ɛkyerɛ nɔma a ɔnya a, ɛyɛ ma no. Obi a ɔwɔ mfeɛ 15-30 kɔhwɛ ne deɛ na ɔnya ɛfiri 100/60 kɔsi 120/80 a, yɛhunu no sɛ ɛyɛ, mmom ɛkɔ soro kɔduru 130/90 a, yɛka sɛ n’ahoɔden a ɛde bɔ mogya no kɔ soro. Saa ara nso na wɔn a wɔn mfeɛ no firi 40-50 no nya 140/90 a,  yɛhunu no sɛ ɛyɛ. Ɛkɔba sei ɛfiri sɛ mpɛn dodoɔ a nipa renyini no, na ne ntini no reyɛ mmerɛ, na akoma no ahoɔden a ɛde bɔ no nso reba fam.

Mfeɛ ahodoɔ ne sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛmu biara akoma no ahoɔden yɛ, ne deɛ ɛkyerɛ sɛ ɔhaw wɔ ho.
Nɔma a ɛwɔ akokɔsradeɛ hɔ no kyerɛ sɛ akoma no ahoɔden kɔ fam koraa, ahahanmono hɔ deɛ no yɛ deɛ asɛm biara nni ho, kɔkɔɔ hɔ deɛ no nso yɛ deɛ ɛkyerɛ akɔ soro pa ara.

Nɔma a Figmomanomita Da No Adi No Kyerɛ Sɛn?

Nɔma ahodoɔ mmienu na figmomanomita no da no adi berɛ a yɛde akyekyere yɛn nsa no.

1. Nɔma a ɛdi kan no de , sistoleke. Wei kyerɛ ahoɔden a ɛkɔ so wɔ ntini no mu berɛ a akoma no rebɔ no.

2. Deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ daesotɔleke. Wei nso kyerɛ ahoɔden a ɛkɔ so wɔ ntini no mu berɛ a akoma no rehome anaa ɛretwɛn sɛ mogya a abɛsene kɔ no bɛsane aduru ne nkyɛn no.

Figmomanomita a wɔde kyekyere nsa hunu ahoɔden a akoma no de bɔ no.

Wei nti, obi kɔhwehwɛ ne mogya no ahoɔden na afidie no ma no 120/80 a, na ɛkyerɛ sɛ ahoɔden a ɛbɔ wɔ ne ntini no mu berɛ a akoma no rebɔ yɛ 120, ɛnna ahoɔden a ɛkɔ so wɔ ne ntini no mu berɛ a akoma no rehome atwɛn mogya no sɛ ɛbɛduru ne nkyɛn bio no nso yɛ 80.

Nsɛnkyerɛnneɛ Bɛn Na Ɛda Adi Sɛ Obi Wɔ Mogyaborosoɔ. 

Mogyaborosoɔ yɛ yadeɛ bi a n’awudie ntaa mmɔ nkaeɛ biara ɛsiane sɛ ɛde ne ho sie. Yei nti obi bɛtumi anya no mfeɛ pii a ɔnnim sɛ yadeɛ bi saa te ne so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ yɛyi nnipa a wɔwɔ mogyaborosoɔ du gyina hɔ a, wɔn mu nson nnim sɛ saa yadeɛ no te wɔn so. Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnnuru sɛ wɔnhunu no na wɔrebubu agu hɔ anaa akoma yadeɛ bi de wɔn akɔpue ayaresabea. Ɛno ansa na dɔkotani no ahwehwɛ mu ahunu sɛ mogyaborosoɔ na ɛredi wɔn awu saa no. Mmom ɛtɔ da a saa yadeɛ yi tumi da ne ho adi kakra anaa ɛyi nsɛnkyerɛnneɛ bi adi wɔ obi ho de kyerɛ sɛ ɔno nso hyɛ hɔ.

Nneɛma ahodoɔ a ɛtwe obi adwene si so sɛ ɔwɔ mogyaborosoɔ no binom na ɛdidi soɔ yi:

1. Tipaeɛ – Obi a ɔwɔ mogyaborosoɔ no taa nya tipaeɛ pa ara. Saa tipaeɛ yi taa bɛgyina ne moma so, na ɛma ne ti dwa no.

Saa tipaeɛ yi taa bɛgyina ne moma so.

2. N’ani so yɛ no tumm anaa wisiwisi.

3. Ɛwɔ hɔ ara a n’akoma tumi bɔ ntɛntɛm so, na asane asi ne dada mu.

4. Ɛbɛtumi aba sɛ ne home nsisi so.

5. Ɛbɛtumi nso aba sɛ ne honam nyinaa bɛyɛ no mmerɛ.

6. Ne hwene taa pɔn anaa mogya firi ne hwene mu ba.

Nsɛnkyerɛnneɛ titire pa ara ɛtaa da adi ne tipaeɛ, anisobiri ne akoma a ɛbɔ paripari no.

Deɛ ɛde ba/ Nneɛma a yɛtumi yɛ ma no bɔ kwan ma mogyaborosoɔ ba.

Adɔkotafoɔ ne animdefoɔ kyerɛ sɛ yadeɛ yi nni biribi pɔtee a ɛde ma. Mmom yɛn ankasa yɛn nneyɛeɛ bi tumi bue kwan ma yadeɛ yi bɛtena yɛn so.

Yɛgyina kwan a ɛfa so ba no so a, yɛbɛkyɛ mu mmienu. Mogyaborosoɔ a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu.

1. Mogyaborosoɔ a ɛdi kan – Wei ne deɛ adɔkotafoɔ ka sɛ wɔnnim adeɛ pɔtee a ɛde ba no. Mmom, ɛno ne mmienu no mu deɛ nnipa taa nya pa ara. Nneɛma ahodoɔ a yɛyɛ ma yɛtumi nya deɛ ɛdi kan yi binom ne:

  • Ateetee – Sɛ nsɛm haw, kɔdaanna bi da wo so anaa nsɛm bi hyɛ wo so.
  • Adidie – Woretaa adi nnuane a sradeɛ ayɛ mu ma.
  • Wontaa ntenetene w’apɔm.
  •  Kɛseyɛ mmorosoɔ.
  • Nsa ne anonneɛ ahodoɔ a kafen wɔ mu nom.
  • Woredi nkyene bebree.

2. Mogyaborosoɔ a ɛtɔ so mmienu – Wei nso yɛ mmienu no mu deɛ nnipa ntaa nnya. Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi ma obi nya deɛ ɛtɔ so mmienu yi bi nso nie:

  • Obi wɔ yadeɛ bi dada sɛ ebia ntini mu haw, ahrawa mu haw ne deɛ ɛkeka ho a, ɛtumi kɔtwe mogyaborosoɔ yi ba.
  • Nnuro ahodoɔ binom a yɛnom de te yea a yɛrefam so.
  • Nnubɔnenom.
  • Nnuro ahodoɔ binom a yɛnom de si nyinsɛn kwan no.

3. Nneɛma afoforɔ bi a ɛno nso tumi de mogyaborosoɔ ba.

  • Abusua abakɔsɛm – Obi a mogyaborosoɔ wɔ n’abusua mu no nso tumi nya bi saa ara.
  • Asikyere yadeɛ tumi de ba.
  • Mfeɛ nso saa ara.
  • Nyinsɛn – Nsuo a ɛkyikyi wɔ ɔbaa no mu berɛ a ɔnyem no tumi kɔfa mogyaborosoɔ ba. Mmaa binom mogyaborosoɔ firi wɔn so berɛ a wɔawo awie no, ebinom nso deɛ ka wɔn so anaa ɛtena wɔn so.

Kwan Ahodoɔ a Yɛbɛtumi Afa So Atwe Yɛn Ho Afiri Yadeɛ Yi Ho.

Momma yɛnhyɛ nneɛma ahodoɔ a yɛbɛtumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afiri mogyaborosoɔ ho koraa no nso.

– Gyae nsanom ne tawanom.

– Taa tenetene w’apɔm.

– Te nkyenedie bebree no so.

Kentene wo ho di nnuane a potaaseom ahoɔden wɔ mu.

– Taa di nnuane a potaaseom wɔ mu, sɛ ebia kwadu, pɛɛ, gyeene, ankaa, ntoose ne deɛ ɛkeka ho.

– Sua na hunu kwan pa a wobɛfa so ama no aboa wo berɛ a nsɛm hyɛ wo so no.

Kwan a Yɛbɛtumi Afa So Asɔ Ano.

Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ yadeɛ yi nyɛ deɛ yɛtumi tu aseɛ korakora, mmom nneɛma ahodoɔ bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ de asosɔ ano nkakrankakra.

1. Ma wo nan ntaa nyɛ ntiantia wɔ ayaresabea na kɔhwɛ w’akoma no ahoɔden a ɛde bɔ no.

2. Didi yie – Taa di nnuane a potaaseom wɔ mu, sɛ ebia kwadu, pɛɛ, gyeene, ankaa, ntoose ne deɛ ɛkeka ho.

Menim sɛ wopɛ nkwa. Nkwa ne ahotɔ nso firi apɔmuden pa, nti nyɛ ho akwadworɔ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ w’adidie so yie berɛ biara, na kɔhunu wo dɔkota ntɛm so berɛ a wobɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a yɛadi kan aka ho asɛm bi no.

Ntwɛn sɛ mogyaborosoɔ bɛka wo ato hɔ ansa, mmom hwɛ sɛ wobɛtaa akɔ ayaresabea akɔhwɛ wo gyinabea wɔ ho, na sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ a wɔatumi aboa wo ntɛm ama woasi ano. Hunu sɛ worebɔ wo ho ban afiri ho no yɛ sene sɛ wobɛma no kwan wɔ wo mu awie, na afei woapre apɛ ho nnuro.

Ebia na wo yɔnko bi nso hia saa nimdeɛ yi, adɛn na wonkyɛ mma afoforɔ nso nsa nka bi? Wowie nso a wobɛtumi aka ho asɛm.

Mmeaeɛ ahodoɔ a menyaa mmoa:

https://www.cdc.gov/bloodpressure/about.htm

https://www.who.int/news-room/fact-sheets/detail/hypertension

“High blood pressure (hypertension) – NHS” https://www.nhs.uk/conditions/high-blood-pressure-hypertension/

Lenke ahodoɔ yi da nkyɛn a, mesane nyaa mmoa firii Owura Desmond Manu hɔ.

Tags: Adidi paAkomaAyaresabeaMogyankwammoaNsanomNtini
Deɛ atwam

Aisha Huang Asesa Effah Dartey de alɔyafoɔ mmienu binom asi n’anan mu wɔ asɛnnie a ɛrekɔ so no mu

Deɛ ɛdi hɔ

Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so

Nsunsuansoɔ a yɛnya firi nnuhuam a ɛfiri nnipa nimdeɛ ne ne nnwuma mu so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?