• Twi
  • Fante
29:04:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

DWONSƆTOA A ƐKYI NSUO KA ƆBARIMA AHOBAA NSUO HO NO AHONHONO.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
11/20/2022
wɔ Adesua
0 0
0
DWONSƆTOA A ƐKYI NSUO KA ƆBARIMA AHOBAA NSUO HO NO AHONHONO.
0
SHARES
173
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Bɔ nsɛm yi tie:

https://akannews.com/storage/2022/12/PKT101TW5-Dwonsotoa-a-ekyi-nsuo.mp3

Woyɛ ɔbarima? Ɛnneɛ saa apɔmuden adesua yi ho hia wo  papaapa. Woyɛ ɔbaa? Ɛnneɛ wo kunu anaa wo papa nti, wo nso yere wo ho sua.

Yɛka sɛ dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono a, ɛyɛ yadeɛ a ɛtaa yɛ mmarima berɛ a wɔn mfeɛ rekɔ anim no. Kane no deɛ na ɛtaa yɛ mmarima a wɔn mfeɛ no firi 65 rekɔka 80, nanso ɛnnɛ deɛ, nneɛma asesa ama ɛfiri mfeɛ 40 rekɔ soro no nyinaa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Dwonsɔtwaa (akwaa a emu abue kɛseɛ no) Dwonsɔtoa (akwaa kɔkɔɔ pa ara a ɛhyɛ dwonsɔtwaa no ase pɛɛ no.) Drobɛn (deɛ ayɛ sɛ ahoma a ɛfiri dwonsɔtwaa no ase bɛfa dwonsɔtoa no mu, sane kɔfa ɔbarima no barima mu no.)

Honam akwaa a yɛreka ho asɛm yi yɛ mmarima deɛ a ɛhyɛ wɔn dwonsɔtwaa, deɛ broni bɛbɔ din sɛ blada no ase anaa ano pɛɛ. Dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo yi ara mu na drobɛn a dwonsɔ ne ahobaa nsuo fa mu no nam kɔpue sɛbe, ɔbarima no barima mu.

Ma Yɛnhwɛ Yadeɛ Ahodoɔ Binom a Ɛtumi Ka Dwonsɔtwoa a Ɛkyi Nsuo No.

Yadeɛ ahodoɔ nnan na ɛtumi ka dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no. Ɛnonom na ɛdidi soɔ yi:

1. Dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono a ɛnkyɛ. (Saa yadeɛ yi farebae yɛ yadeɛ mmoawa nketenkete a broni frɛ no ‘bacteria’.)

2. Dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono a ɛkyɛ. (Wei nso farebae firi yadeɛ mmoawa nketenkete no saa ara.)

3. Dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono a ɛfiri nsesaeɛ a ɛba nsuo a ɛkyi gu dwonsɔtoa so no mu.

4. Kokoram a ɛyɛ dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no. (Wei nso nam nkwammoa a awuwu, na ɛdɔre pii a anosie yɛ den no so na ɛba.)

Yadeɛ ahodoɔ nnan a yɛabobɔ soɔ no mu mmiɛnsa a ɛdi kan no nyɛ kokoram yadeɛ, mmom nnan a ɛtwa toɔ no yɛ kokoram yadeɛ.

Dwonsɔtoa a Ɛkyi Nsuo No Ahonhono a Ɛfiri Nsesaeɛ a Ɛba Nsuo a Ɛkyi Gu Dwonsɔtoa So No Mu.

Yɛrentumi nhwɛ yadeɛ ahodoɔ nnan a ɛtumi yɛ dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no nyinaa, mmom adesua yi bɛma yɛn kwan ama yɛahwɛ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no.

Yɛadi kan aka sɛ dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no mu na drobɛn a dwonsɔ ne ahobaa nsuo fa mu no nam kɔpue ɔbarima no barima mu.

Berɛ a mmarima mfeɛ rekɔ anim no, na dwonsɔtoa no reyɛ kɛse. Yei nti berɛ biara a dwonsɔtoa no bɛyɛ kɛse no, ɛka mia drobɛn a dwonsɔ ne mmarima ahobaa nsuo fa mu no ma emu kwan no yɛ ketewa. Ɛkɔba saa a, ɛyɛ den sɛ dwonsɔ anaa ahobaa nsuo no bɛtumi afa mu akɔduru ɔbarima no barima ho, ɛno nti yɛka sɛ wanya dwonsɔ mu haw.

Dwonsɔtoa a ɛwɔ apɔmuden pa ne deɛ ahonhono ama no amia drobɛn no.

Mfasoɔ a Ɛwɔ Dwonsɔtoa a Ɛkyi Nsuo No Ho.

Megye di sɛ wohwɛ kakra a yɛadi kan asua ho adeɛ yi a, wobɛtumi akyerɛ mfasoɔ kakra a ɛwɔ dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no so.

1. Deɛ ɛdi kan, ɛgye dwonsɔ no abaaba firi dwonsɔtwaa no mu de ba abɔntene. Ɛno na ɛtumi ma dwonsɔ no tena dwonsɔtwaa no mu a ɛmfiri mu mma abɔntene prɛko pɛ.

2. Ɛkyi nsuo de boa mmarima ahobaa nsuo no, sɛdeɛ ɛbɛma nkwammoa a ɛwɔ mu no anya ahoɔden.

3. Ɛkyi nsuo fɔ drobɛn no mu. Saa nsuo yi kunkum yadeɛ mmoawa nketenkete a wɔwɔ dwonsɔ no mu a wɔka dorobɛn no mu berɛ a dwonsɔ no bɛsene kɔ no.

Nsɛnkyerɛnneɛ a Ɛda Adi Wɔ Dwonsɔtoa a Ahonhono no Ho.

Ma yɛnhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bi a ɛda adi de bɔ obi nkaeɛ sɛ ne dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono.

1. Berɛ a ɔbarima no agu nsuo awie no, ɔkɔ so ara te nka sɛ dwonsɔ no bi aka mu.

2. Ɔbrɛ ansa na watumi agu nsuo.

3. Ɔdwonsɔ ntɛntɛm.

4. Dwonsɔ no kɔ so ara sosɔ ko ko berɛ a wagu nsuo awie no.

5. Dwonsɔ no nto see sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ no, mmom berɛ a ɔregu nsuo no, dwonsɔ no fa ne barima no ho ma ɛtumi fɔ n’atadeɛ nhyɛaseɛ no mpo.

6. N’ani taa te anadwo ma ɔkɔgu nsuo.

Ɔpanin bi a n’ani ate anadwo ama no akɔgu nsuo aba, na ɔsane te nka sɛ ebi aka mu.

7. Ɔtumi hunu mogya wɔ ne dwonsɔ mu.

8. Deɛ ɛtwa toɔ a ɛyɛ hu nso ne sɛ, dwonsɔ no mma koraa berɛ a ɔte nka sɛ ɔpɛ sɛ ɔgu nsuo no.

Ɔhaw Afoforɔ a Dwonsɔtoa a Ahonhono Yi De Ba.

Mpanimfoɔ se asɛm bi safoa bue asɛm bi pono. Yɛbɛtumi nso aka sɛ yadeɛ bI safoa bue yadeɛ foforɔ pono. Yɛwɔ yadeɛ binom wɔ hɔ a dwonsɔtoa a ahonhono no nti, ɛno nso nya kwan bɛdi adeɛ.

1. Nna mu nkitahodie ho haw.

2. Dwonsɔ mu haw ahodoɔ.

3. Biribi nketenkete te sɛ aboɔ a ɛsisi dwonsɔtwaa no kwan.

4. Saa mu haw.

Deɛ Ɛde Dwonsɔtoa a Ɛkyi Nsuo No Ahonhono Ba.

Adɔkotafoɔ akyerɛ mu sɛ adeɛ pɔtee biara nni hɔ a ɛkɔfa saa yadeɛ yi ba wɔ nipadua no mu. Mmom, wɔgye di sɛ nsesaeɛ a ɛba nsuo a ɛkyi gu dwonsɔtoa no so ma ɛtumi yɛ n’adwuma no no mu na ɛde ba. Nsesaeɛ ba saa nsuo no mu berɛ a ɔbarima no mfeɛ rekɔ anim no.

Nneɛma a Obi Yɛ Na Ɛbɔ Kwan Ma No Nya Yadeɛ Yi  Ntɛntɛm So.

1. Ntenaseɛ dodoɔ: Mmarima a wɔtena faako kyɛ, te sɛ adrɔbafoɔ a wɔkɔ kwan tenten, wɔn a wɔtena kɔmputa anim kyɛ yɛ adwuma, wɔn a wɔtwi sakre kyɛ ne deɛ ɛkeka ho.

2. Abusua abakɔsɛm: Obi a n’abusua abakɔsɛm kyerɛ sɛ dwonsɔtoa ahonhono ayɛ wɔn mu bi pɛn no nso bɛtumi anya bi.

3. Yadeɛ mmoawa nketenkete a ɛsane: Wei ne nna mu yadeɛ ahodoɔ bi te sɛ kekaeɛ, babaso ne deɛ ɛkeka ho.

4. Adidie bɔne: Wei ho nhwɛsoɔ binom ne nam monoweɛ bebree, asikyire nnuane bebree, kɔfe na kafenom bebree, anonneɛ ahodoɔ binom a yɛnom no bebree pɛ ahoɔden.

Te asikyire nnuanedie so.

5. Asikyerɛyadeɛ ne mogyaborosoɔ.

6. Ntaadeɛ a ɛmia yɛn bebree.

Kwan Ahodoɔ a Obi bɛtumi Afa So Asɔ Dwonsɔtoa a Ɛkyi Nsuo no Ahonhono Ano.

1. Adidipa: Berɛ a obi dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no bɛhonhono no, ɛtwa sɛ ɔma n’ani kɔ n’adidie ho yie, na nnuane no mu ahoɔden atumi asosɔ yadeɛ no ano. Nnuane a ɛbɛtumi aboa dwonsɔtoa no bi ne nkontomire, nsusua, ɛfrɛ aba, gyeene, sesame aba, ntoose, pɛɛ ne deɛ ɛkeka ho.

Di nnuane pa.

2. Ɛtwa sɛ ɔbarima a ɔwɔ saa yadeɛ yi bi no ma n’ani kɔ nnuro ahodoɔ a adɔkotafoɔ de bɛma no sɛ ɔnnom no so yie.

3. Wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi binom nso wɔ hɔ a wɔde sekan ka wɔn, anaa wɔde rɔba hyɛ wɔn barima no mu, na ɛno aboa ama dwonsɔ no atumi abɛsene.

Kwan a Obi Bɛtumi Afa so Abɔ ne Ho ban a Ne Dwonsɔtoa a Ɛkyi Nsuo Ho Nka.

1. Adidipa: Adidi pa ma apɔmuden pa. Woma w’ani kɔ nnuane a wo dwonsɔtoa no hia so na wode ma no a, ɛbɛnya ahoɔden, na ade ne ho afiri yadeɛ yi ho. Nnuane a ɛbɛtumi aboa dwonsɔtoa no bi ne nkontomire, nsusua, ɛfrɛ aba, gyeene, sesame aba, ntoose, pɛɛ ne deɛ ɛkeka ho.

2. Twe wo ho firi nsa bebree ne anonneɛ binom a kɔfe ne kafen wɔm pii no ho. Afei te asikyire nnuanedie nso so.

Twe wo ho firi nsa, kɔfe, kafen ne tawanom bebree ho.

Yei ne kakra a yɛbɛtumi asua afa dwonsɔtoa a ɛkyi nsuo no ahonhono ho. Mesrɛ wo, ma w’apɔmuden ho nhia wo. Berɛ biara a wobɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a yɛadi kan abobɔ soɔ no, ntena wo to so. Yɛ ntɛm kɔhunu wo dɔkota, na watumi de mmoa a wohia no ama wo ntɛm.

Megye di sɛ apɔmuden ho adesua yi aboa wo. Ɛnneɛ adɛn na wonkyɛ mma afoforɔ na wɔn nso nnya mu kyɛfa? Wokyɛ wie a, ka ho asɛm na kyerɛ w’adwene wɔ ho.

Mmeaeɛ ahodoɔ a menyaa mmoa:

https://www.mayoclinic.org/diseases-conditions/benign-prostatic-hyperplasia/symptoms-causes/syc-20370087

https://www.mountsinai.org/health-library/diseases-conditions/enlarged-prostate

https://www.tenethealth.com/healthy-living/corporate-content/what-men-over-40-should-know-about-the-prostate

Lenke ahodoɔ yi da nkyɛn a, mesane nyaa mmoa kɛseɛ firii Owura Desmond Manu hɔ.

Tags: ahonhonoApɔmudenAyaresabeadɔkotammarimankwammoaNsanom
Deɛ atwam

Sɛ yɛkɔ so ara mane nneɛma firi amanɔne a, sidi no ho bɛkɔ so ara akyere no – Ken Ofori-Atta

Deɛ ɛdi hɔ

NIA ahyɛ aseɛ rekyɛ kaade ama ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ a wɔwɔ Ghana

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
NIA ahyɛ aseɛ rekyɛ kaade ama ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ a wɔwɔ Ghana

NIA ahyɛ aseɛ rekyɛ kaade ama ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ a wɔwɔ Ghana

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?