Wo ho mfa wo ama ɛno nti woaduru ayaresabea rekɔhwɛ wo ho yadeɛ. Ɛdeɛn na wo ho bɛyɛ wo berɛ a dɔkota no bɛse wo sɛ wowɔ nufoɔ mu kokoram? Megye di sɛ wo yam bɛgye wo pram! Ɛnneɛ na:
Ɛdeɛn koraa ne kokoram? Deɛn na wonim fa nufoɔ mu kokoram ho? Ɛdeɛn na ɛde ba? Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛda adi wɔ ho?
Megye di sɛ nsɛmmisa ahodoɔ yinom rekɔ so wɔ w’adwene mu a worepɛ ho mmuaeɛ. Ɛnneɛ ma yɛmmɔ hwii nkɔ mu yie.
Kokoram
Animdefoɔ kyerɛ mu sɛ, kokoram yɛ nkwammoa a ɛnyɛ papa wɔ nnipadua no mu a ɛnyini na ɛdɔre boro so, ɛterɛterɛ kɔ nnipadua akwaa ahodoɔ no mu, na ano kwansie yɛ den. Kokoram tumi firi aseɛ wɔ honam akwaa no mu baabiara a nkwammoa pii wɔ.
Ne papa mu no, anka ɛsɛ sɛ nkwammoa a ɛwɔ nnipadua no mu nyini, na afei ɛkyekyɛ ne mu dane nkwammoa foforɔ bi a nnipadua no hia. Nkwammoa nyini yɛ dada anaasɛ ɛho te kyema a, ɛwu ma foforɔ bɛsi no anan. Nanso ɛtɔ da a saa nhyehyɛeɛ yi sesa wɔ nnipadua no mu ma nkwammoa a ɛho ate kyema no mmom dɔre wɔ nnipadua no mu. Ɛno kɔfa ahonhono a yɛfrɛ no wɔ brɔfo kasa mu sɛ “tumour” ɛba. Saa ahonhono yi wɔ akuo mmienu: adehono a ɛtumi de kokoram ɛba, ne deɛ ɛmfa kokoram mma.
Kokoram yɛ yadeɛ kɛseɛ baako a ɛyɛ hu na ne ko nso yɛ den yie. Saa yadeɛ bɔne yi tumi tɔ onipa yafunu mu, ne honam ani, n’ahrawa mu, ne nufu mu, ne mogya mu ne mmeaeɛ pii a ɛkeka ho. Yeinom mu biara ho hia sɛ yɛdɔ mu asukɔ pɛ ho nimdeɛ kɔ akyiri ankasa, mmom bosome a yɛwɔ mu no mma yɛn kwan sɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ biara nka nufuo mu kokoram ho.



Nufoɔ mu kokoram
Nufoɔ mu kokoram yɛ berɛ a nkwammoa a ɛwɔ nufuo no mu dɔre boro so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa ɔpepe 1.7 na wɔnya nufoɔ mu kokoram afe biara, na emu 522,000 na hwere wɔn nkwa afe no. Yɛtaa hunu nufoɔ mu kokoram wɔ mmaa ho, nanso wei nkyerɛ sɛ mmarima rentumi nnya bi.
Ɛdeɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ obi anya nufoɔ mu kokoram?
Yadeɛ biara nni hɔ a ɛfiti prɛko pɛ hyɛ aseɛ a ɛnwoso no ho wɔ kwan bi so. Ɛyɛ dɛn a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bi da adi. Ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛda adi wɔ nufoɔ mu kokoram ho?

- Wohunu badwoa wɔ wo nufo no mu anaa w’amɔtoɔm ase. Wei ne ɛho mpopoeɛ baako a ɛkyerɛ sɛ woreyɛ anya nufoɔ mu kokoram. Mmom adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛnyɛ badwoa biara na ɛyɛ kokoram yadeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu wo gyinabea ntɛm nti, bɔ mmɔden hunu wo dɔkota ntɛm so berɛ a wobɛhunu badwoa yi no, na woatumi ako atia yadeɛ no ntɛm so.
- Afei wotumi te yea wɔ wo nufo mu. Wofiri aseɛ sɛ worete yea wɔ wo nufo mu nso a tu ho anammɔn. Nsusu sɛ yɛ ara na ɛyɛ wo ya kɛkɛ na ɛntena wo to so.
- Nufoɔ no ho tumi totɔm, anaasɛ ɛho no tumi memem kɔ mu kakra.
- Nsaa bi tumi gugu nufoɔ no ho.
- Afei nufoɔ no honam ani sesa yɛ kɔkɔɔ.
- Nsuo tumi firi nufoɔ no mu ba.
- Afei nufoɔ no ano hyɛ aseɛ ka kɔ mu.
Wohunu yeinom nyinaa a, na ɛkyerɛ sɛ nufoɔ mu kokoram rebɔ wo nkaeɛ. Yɛ ntɛm kɔhunu wo dɔkota.
Deɛ ɛde nufoɔ mu kokoram ɛba
Yɛadi kan akyerɛ sɛ nkwammoa a ɛwɔ nufoɔ mu no dɔre boro so na anosie no yɛ den a, ɛde nufoɔ mu kokoram ba. Nanso ɛno da nkyɛn a, nneɛma afoforɔ nso tumi de saa yadeɛ yi ba yɛn so. Ebinom wɔ hɔ a yɛwɔ ho kwan sɛ yɛtumi sesa no, nanso ebinom wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee.
- Bɔbea: Mmaa ne mmarima nyinaa tumi nya saa yadeɛ yi bi, nanso wɔn a wɔtaa nya saa yadeɛ yi ne mmaa.
- Mfeɛ: Obi tumi nya nufoɔ mu kokoram wɔ mfeɛ biara mu, mmom wɔn a wɔn mfeɛ no yɛ 50 rekɔ soro no nyinaa bɛn saa yadeɛ yi pii.
- Abusua abakɔsɛm: Obi a na n’awofoɔ, ne nua anaa ne busuani bi wɔ nufoɔ mu kokoram yadeɛ yi bi no, ɔno nso tumi nya yadeɛ yi bi ɛnam sɛ ɛda so ara wɔ abusua no mu.
- Tawanom: Tawanom nso tumi de kokoram ahodoɔ nufoɔ mu deɛ ka ho bi nso ba.
- Nsanom: Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn a wɔnom nsa no wɔ akwannya kɛseɛ sɛ wɔbɛnya nufoɔ mu kokoram.
- Kɛseɛ mmoroso: Kɛseyɛ pii tumi de nufoɔ mu kokoram.
- Afei, wɔn nso a wɔde x-ray afidie yi bi ayɛ nhwehwɛmu bi wɔ wɔn ti, wɔn kɔn ho anaa wɔn koko so no nso tumi nya yadeɛ yi bi.
Ɔkwan a yɛn ankasa yɛbɛfa so ahwehwɛ yɛn nufo mu.

1. Gyina ahwehwɛ anim, sɔ wo sisi, na hwɛ wo nufo no wɔ ahwehwɛ no mu. Hwɛ hunu sɛ wo nufo no nyɛɛ kɛseɛ mmoroo so, na hwɛ sɛ nufoɔ no ahosoɔ asesa anaa. Hwɛ sɛ nsaa bi agugu wo nufo no ano, ano no amem akɔ mu, asesa afiri faako a ɛda, anaa ɛho ayɛ kɔkɔɔ.
2. Kɔ so ara gyina ahwehwɛ no mu, ma wo nsa so kɔ soro na hwɛ sɛ wobɛhunu nsesaeɛ a yɛadi kan abobɔ so no ara a.
3. Woda so gyina ahwehwɛ no anim no, kɔ so ara hwɛ wo nufo no sɛ nsu fitaa anaa deɛ ani te sɛ akokɔsradeɛ anaa mogya bi firi wo nufo baako anaa mmienu no mu nyinaa reba anaa.
4. Afei da w’akyi, na fa wo nsateaa mu mmiɛnsa a ɛhyɛ mfimfini wɔ wo nsa nifa no miamia wo nufo benkum no nkakrankakra hwɛ sɛ wobɛte badwoa bi nka wɔ mu anaa. Hyɛ aseɛ firi wo nufo no soro, na hwɛ hunu sɛ wode wo nsatea mmiɛnsa no amiamia wo nufo no ho nyinaa ahyia. Wowie ne saa a, fa wo nsatea a ɛwɔ wo nsa benkum no nso di dwuma korɔ no ara wɔ wo nufo nifa no ho hwɛ sɛ wobɛte badwoa bi nka wɔ mu anaa.
5. Afei sɔre gyina hɔ, yɛ sɛdeɛ yɛaka ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛtɔ so nnan no ara mu wɔ wo nufo no ho.
Bɔ mmɔden sɛ mmerɛ tiaa biara mu no, wobɛdi saa dwuma yi ahwɛ sɛ nsesaeɛ bi aba nufoɔ no ho anaa. Berɛ biara a wobɛhunu nsesaeɛ bi no, ɛntwentwɛn wo nan ase koraa, bɔ mmɔden ma wo ho nyɛ hare, na kɔhunu wo dɔkota.
Hyɛ no nso nso sɛ, ɛnyɛ berɛ biara na badwoa a ɛwɔ nufoɔ mu no de kokoram mmom. Yei nti wohunu bi saa a, mma w’akoma nti pii, mmom kɔhunu wo dɔkota wɔ ho, na woahunu wo gyinaberɛ.
Ɔkwan a Yɛbɛfa So Asi Nufoɔ Mu Kokoram Ano.
Ɔkwan bɛn pa ara na wogye di sɛ yɛbɛtumi de asi nufoɔ mu kokoram ano kwan? Wei mpo, menim yie sɛ yɛaka ho asɛm dada. Yɛtwe yɛn ho firi nneɛma ahodoɔ a yɛadi kan abobɔ soɔ sɛ ɛde nufoɔ mu kokoram ɛba no ho a, yɛbɛtumi ade yɛn ho afiri yadeɛ yi nsam.
Twe wo ho firi nsanom ho, taa tenetene w’apom, hwɛ wo ho so yie na wo kɛseyɛ ammoro so, gye berɛ fa da ma wo ho ntɔ wo, mekyerɛ sɛ, ma wo nna nso wo. Ɔbaatan a woawo, mesrɛ wo pa ara, nya berɛ ma wo ba no na ɔntumi nnom mu nsuo no sɛdeɛ ɛfata. Amma no saa a, ɛtumi de nufoɔ mu kokoram ba. Afei, twe wo ho firi tawanom nso ho. Ɛho hia nso sɛ wobɛhwɛ w’adidie mu yie. Ma nnuaba ne atosodeɛ, (ne titire ne deɛ n’ahosoɔ yɛ ahahanmono no) nnɔso wɔ w’aduane mu.
![]()
Wonim sɛ adɔkotafoɔ hunu wo haw no ntɛm a wɔbɛtumi adi ho dwuma ntɛm atu aseɛ? Ɛkyɛ na yadeɛ no tena wo so mmerɛ piI, na ɛterɛterɛ a, ɛma no kɔhia sɛ wɔtwa nufoɔ no koraa. Ɛduru saa berɛ no a ɛno ne deɛ adɔkotafoɔ no bɛtumi ayɛ de agye wo nkwa. Ɛmma ɛhu nhyɛ wo so pii, nsesaeɛ biara a woahunu wɔ nufo ho no nka nhyɛ. Kɔ na adɔkotafoɔ mfa mamɔgram afidie no nhwehwɛ mu na wɔmmoa wo. Wotenatena ho kyɛ pii a, daakye bi woanhwɛ yie a na woaka sɛ mehunuiɛ a anka, nanso na aka akyirI.

Yɛnam Ahinime nufoɔ mu kokoram ho dawubɔ yi so rehyɛ obi a yadeɛ bi kyeree no anaa akyere no no nkuran. Yadeɛ na ama no aba saa, nanso wo da so ara wɔ nkwa. Ma w’ani nnye na toa w’abrabɔ so sɛ kane no ara, ɛfiri sɛ wiase nnya mmaa n’awieeɛ mmaa wo. Fa wo suahunu no so hyɛ afoforɔ nkuran na tu wɔn fo.
Momma yɛnkɔ so ara mmɔ yɛn nufo ho ban. Ɛho hia yɛn, ɛho hia ma yɛn mma, ɛho hia ma yɛn kununom.
Mmeaeɛ ahodoɔ a menyaa mmoa:
“Breast cancer – Symptoms and causes – Mayo Clinic” https://www.mayoclinic.org/diseases-conditions/breast-cancer/symptoms-causes/syc-20352470
“Breast Cancer Awareness Month in October – Ministry Of Health” https://www.moh.gov.gh/cancer-national-cancer-control-programmes-prevention-early-diagnosis-and-screening-treatment-palliative-care-cancer-country-profiles-breast-cancer-awareness-month-increased-a/
https://www.cancer.gov/about-cancer/understanding/what-is-cancer
“Breast Self-Exam” https://www.breastcancer.org/screening-testing/breast-self-exam-bse










