Ɛbↄ da a ɛtↄ so 4 wↄ 2022 mu no, Bolingo de intanɛte so kaseɛ a wↄfrↄ no Akan Kaseɛbↄ bɛbↄↄ ade (www.akannews.com) wↄ Akan kasa nkorabata mmienu mu: Asante Twi ne Mfantse. Akan Kaseɛbↄ a n’asekyerɛ ne “Akan News” wↄ borↄfo mu no yɛ intanɛte simpie a wↄakyerɛ nsɛm ahodoↄ a ɛwↄ so nyinaa de akↄ Akan kasa mu, na ɛma wↄn a wↄka Asante ne Mfantse no akwanya ma wↄnya nsɛm a adesuadeɛ ne anigyeɛ ahyɛ mu ma wↄ wↄn ankasa kasa mu. Bolingo ne asuafoↄ a wↄwiee wↄn adesua wↄ Simpa Suapↄn no nkorabata a ɛwↄ Ajumako a wↄsua Ghana kasahodoↄ no mu bi na aka abↄ mu, na wↄboa twerɛ kaseɛ no wↄ simpie yi so.
Akan yɛ Tano mfimfini fam kasa (Niger-Congo kasakuo no nkorabata no bi), a ɛyɛ Akanfoↄ a wↄwↄ Ghana no kasa a wↄde twaa wↄn funuma. Mma a ɛkyerɛ dodoↄ a ɛfiri nhwehwɛmu mu kyerɛ sɛ, afe 2021 mu no, Akan kasa a ɛgu ahodoↄ bebree a ɛbi ne Mfantse, Akuapem, Akyem, Ahafo ne Asante na ɛyɛ kasahodoↄ a ɛwↄ Ghana no mu deɛ na wↄka no kɛse pa ara. Ɛnna nnipa ↄpepem nkron ne akyire yi na na wↄka Akan wↄ ↄman yi mu. Nnipa a wↄwↄ Ghana no mu bɛyɛ 80% na wↄtumi ka kasa yi sɛ wↄn ankasa kasa a wↄde twaa wↄn funuma anaa sɛ wↄasua.

Bolingo botaeɛ a ɛnne sɛ wↄbɛbue kasahodoↄ a ɛwↄ Abibirem akokoↄduro so no nti, hyɛ a wↄrehyɛ biribi te sei ase no ho hia pa ara. Akan kasa no ka kↄ nkan sene ne twerɛ wↄ Ghana. Radio ne tɛlɛvihyian simpie pii wↄ Ghana ha a wↄde Akan kasa no di dwuma wↄ wↄn kaseɛbↄ ka ne wↄn dwumadie ahodoↄ no mu, nanso borↄfo kasa na wↄde tintim wↄn nsɛm a wↄde to dwa no. Sɛ mpo, wↄtu anammↄn sɛ wↄbɛtintim wↄn nsɛm no bi wↄ Akan Kasa no mu a, berɛ biara no, ɛyɛ a na mfomsoↄ wowↄ mu, na afei nso wↄntumi mfa atwerɛmma a ɛda nso a ɛnonom ne,“ɛ” ne “ↄ” no nni dwuma wↄ ne kwan so. Yei kyerɛ pefee sɛ ɛwↄ nsunsuansoↄ wↄ kaseɛ ahodoↄ a wↄatwerɛ no wↄ kasa no mu, ne sɛdeɛ wↄde kasa no di dwuma wↄ intanɛte so no so.

Berɛ a na Ady Namaran, a ↄhwɛ sɛ adwumakuo yi dwumadie bɛkↄ so tↄↄtee no repa Akan Kaseɛbↄ ho ntoma no, ↄde saa nsɛm yi too dwa: “Sɛ woba Bolingo a, yɛgye di yie sɛ, sɛ yɛde Akan kasa no bɛdi dwuma wↄ intanɛte so no ho hia pa ara, sɛdeɛ ɛbɛboa ama kasa no anyini na akↄ so ara atena hↄ. Wei bɛtumi nso aboa ama kasa no dwumadie a ɛdi mu na ɛtↄ asom, ne sɛ wↄrenya nsɛm a ɛho hia yie wↄ wↄn ara wↄn kasa mu wↄ intanɛte so no atu mpↄn.”
Bolingo yɛ adwumakuo a wↄdi kasahodoↄ ho dwuma na wↄkita abodin krataa wↄ adwuma pa ho ntotoeɛ nsɛm ho (ISO:9001:2015) ne nsɛm a ɛfa bammↄ dwumadie ntotoeɛ ho (ISO/IEC 27001:2013.) Yɛn ahoↄden gyina kasa nkyerɛaseɛ; deɛ wↄatintim, anaa ano kasa, ne nsɛntwerɛ adwuma a ɛwↄ yɛn deɛ mu ne kasa ho dwumadie mu.
Sɛ worepɛ nkyerɛkyerɛmu ne asɛmmisa biara anoyie a: info@bolingoconsult.com
AWIEEƐ










