• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Brɛboɔ mu yadeɛ.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
02/28/2023
wɔ Adesua
1 0
0
Brɛboɔ mu yadeɛ.
0
SHARES
72
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛhwɛ akwaa ahodoɔ a ɛwɔ nipadua no mu a, adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ brɛboɔ no ne akwaa a ɛso pa ara yie. Yɛyi adwene no firi hɔ a, ɛno na ne dwumadie dɔɔso pa ara. Brɛboɔ no wɔ dwumadie soronko bi a ɛtumi di ma ne ho, ɛno ne sɛ, ɛno ankasa tumi siesie ne ho berɛ a kyemateɛ bi aba ho. Ɛba nipadua no mu a, brɛboɔ no hyɛ yɛn yafunu no nifa so.

Brɛboɔ no hyɛ yɛn yafunu no nifa so.
Mfoni a ɛwɔ soro hɔ no ne brɛboɔ a ahoɔden wɔ mu. Deɛ ɛwɔ aseɛ hɔ no ne brɛboɔ a ɔhaw wɔ ho.

Onipa biara hia brɛboɔ sɛ ɛbɛdi dwuma bebree de aboa nipadua no. Ne tɔfabɔ mu no, dwuma ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi na brɛboɔ no di de boa nipadua no.

1. Brɛboɔ no boa sɔne mogya a ɛgye firi nsono ne akoma mu no so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

2. Brɛboɔ no kyi nsuo bi a yɛfrɛ no sɛ bɔnwono ma no yam nnuane a sradeɛ wɔ mu.

3. Bio, ɛboa sie nnuanennuro bi te sɛ vaetamen A, D, E ɛnna K ɛma nipadua no tumi de di dwuma wɔ berɛ a ɛsɛ mu.

4. Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, brɛboɔ no boa te ɛborɔ a ɛfiri nnuro ne nsa ahodoɔ a yɛnom mu no so, sɛdeɛ ɛrennya nsunsuansoɔ bɔne kɛseɛ wɔ nipadua no so.

Nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛda adi wɔ brɛboɔ mu yadeɛ ho.

Hyɛ no nso, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ brɛboɔ mu yadeɛ ho no taa ne yadeɛ ahodoɔ binom nsɛnkyerɛnneɛ sesɛ, ne saa nti sɛ wohunu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi a, bɔ mmɔden kɔhunu wo dɔkota. Ebia na ɛyɛ brɛboɔ mu yadeɛ anaa yadeɛ foforɔ bi na ɛreda ne ho adi. Afei momma yɛnhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.

1. Obi nya brɛboɔ mu haw a, ɛtumi ma ne bo taa fono no, na ɔsane nso taa fefe.

2. Nipa no ani nkosua fitaa no tumi sesa bɛyɛ sɛ akokɔsradeɛ.

Nipa no ani nkosua tumi sesa yɛ sɛ akokɔsradeɛ.

3. Ne kɔn ntaa nnɔ aduane, na ɛnam ɛno so tumi ma ne so te.

4. Ne dwonsɔ ani tumi sesa. Berɛ a anka ɛsɛ sɛ dwonsɔ no ani yɛ akokɔsradeɛ kakra anaa hoyaa no, ani tumi yɛ tumm anaa dodoeɛ.

Nipa no dwonsɔ ani tumi sesa yɛ tumm anaa dodoeɛ.

5. Ne yafunu tumi yɛ kɛse ma ɔte yea, titire wɔ ne nifa so ɛnam sɛ brɛboa no ahonhono no nti.

6. Ne honam nyinaa tumi yɛ ne mmerɛ, na ɛsane nso yɛ no ya. Ne wedeɛ mu taa yɛ no hodwoo.

7. Ne nan ase tumi pagyapagya, ma ɔde ne nsa mia a ɛtɔ mu.

Ne nan ase tumi pagyapagya.

8. Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, honam ani ahoɔhene tumi te si nipa no so.

Deɛ ɛde brɛboɔ mu yadeɛ ba, anaa nneyɛeɛ a ɛtumi kɔfa brɛboɔ mu yadeɛ ba.

1. Nsane yadeɛ a ɛnam yadeɛ mmoa a wɔn ani yɛ den bi te sɛ barɔso a broni frɛ no sɛ ‘virus’s no tumi ha brɛboɔ no. Saa yadeɛ mmoa yi tumi kɔ nipadua no mu ne titire ne berɛ a nna mu nkitahodie akɔ so no.

2. Nsadenom mmorosoɔ nso tumi sɛe brɛboɔ no.

3. Sradeɛ nnuanedie ne nammonodie bebree tumi ha brɛboɔ no.

4. Nnuro bebree a yɛkɔtɔ nom wɔ berɛ a dɔkota ntwerɛ mmaa yɛn no tumi kɔfa brɛboɔ mu yadeɛ ba. Ne titire ne nnuro a yɛnom de ko nipadua mu yea ne deɛ mmarima taa nom de fa mmaa.

5. Anonneɛ ahodoɔ a yɛtaa nom, ne titire ne deɛ yɛde pɛ ahoɔden.

Anonneɛ ahodoɔ a yɛtaa nom no tumi kɔfa brɛboɔ mu haw ba.

6. Nkyenedie bebree.

7. Kɛseyɛ mmorosoɔ.

Ɔkwan a yɛbɛfa so abɔ yɛn ho ban afiri brɛboɔ mu yadeɛ ho.

1. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho firi nsaden ne tawanom bebree ho.

2. Ɛsɛ sɛ yɛte sradeɛ ne nammono nnuanedie bebree so.

3. Yɛmmɔ mmɔden sɛ aduro biara a yɛde kɔ yɛn nipadua no mu no yɛ deɛ dɔkota atwerɛ ama yɛn.

4. Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri anonneɛ ahodoɔ a yɛnom de pɛ ahoɔden no ho.

5. Yɛnte yɛn nkyenedie so.

6. Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛtenetene yɛn apɔm de asi kɛseyɛ mmorosoɔ ano.

7. Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi nnuane a ntɛtɛ wɔ ho bebree.

Yɛntaa nni nnuane a ntɛtɛ wɔ ho.

8. Afei, yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi nnuane a ɛboa brɛboɔ no apɔmuden, bi te sɛ gyeene, anwoo, akekaduro, akutoɔ ne atosodeɛ ahodoɔ.

Kakra yi ne deɛ yɛbɛtumi ahwɛ afa brɛboɔ mu yadeɛ ho. Ma w’ani nkɔ wo nipadua no mu akwaa biara ho, na wowɔ nkwa a na wowɔ ade. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkyɛ adesua yi ama afoforɔ na wɔn nso anya mu kyɛfa.

Tags: aduane padɔkotakɛseyɛ mmorosoɔ.nipaduansanom bebreentɛtɛyadeɛ
Deɛ atwam

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Edward Akuffo-Ado

Deɛ ɛdi hɔ

Nnuane du binom a ɛsɛ sɛ ɔpemfoɔ biara di

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nnuane du binom a ɛsɛ sɛ ɔpemfoɔ biara di

Nnuane du binom a ɛsɛ sɛ ɔpemfoɔ biara di

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?