• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ↄkwan a mfuturo fa so di nipadua no nya

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
05/18/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Ↄkwan a mfuturo fa so di nipadua no nya
0
SHARES
173
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mfuturo yε adeε a nnipa nyinaa hunu no sε εho yε ahomete, na mmom wᴐnhunu no sε εha nipadua no anaa sε εwᴐ nsunsuanso bᴐne biara wᴐ nipadua no so. Sε yεhwε a, εwᴐ baabiara, enti yεnhyε da mfa yεn adwene nkᴐ so pii, na yεnnim nso sε sε wone mfuturo di ahyia pii wᴐ adwuma mu ne beaeε biara a, εmma w’apᴐmuden no nsi pi. Mfuturo yε adeε a εho yε hu yie pa ara, na εnya nsunsuano bᴐne wᴐ nnipa pii abrabᴐ so.

Yεhunu mfuturo wᴐ baabiara deε, nanso mpεn pii no yεne no di ahyia wᴐ yεn nnwuma mu, na yεntumi nsi ano kwan. Yεn dwumadie ne yεn nneyεeε wᴐ adwumayε mu no de mfuturo ba, na εnne no na εnam. Ɛba saa a, εma mfuturo foro kᴐnenam ewiem. Sε yεhwε mfididwuma ahodoᴐ no mu a, wᴐpepa hᴐ korakora hᴐ berε ano berε ano, nanso weinom nyinaa ntumi nsi mfuturo ano kwan.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Wei kyerε sε adwumayεfoᴐ no nyinaa apᴐmuden da asiane mu, na εma wᴐyε mmrε wᴐ home me aherawa nyarewa, ne honam ani nyarewa ne nyarewa ahodoᴐ binom a εbεtumi adi wᴐn nya wᴐn nkwa nna nyinaa no anim. Akwan ahodoᴐ atitire binom a mfuturo bεtumi de apᴐmuden ato asiane mu wᴐ yεn nnwuma mu na εidi soᴐ yi.

  1. Mfuturo ne Aherawa no

Sε obi ne mfuturo di ahyia boro so a, ᴐtumi nya home mu haw a εbεtumi de home mu yareε a εdi nnipa nya na εde ne nkwa to asiane mu abrε no. Yεtaa home mfuturo ma no kᴐ kwan a yεhome fa mu no ne akwaa a εdi yεn home ho dwuma no mu. Wei tumi boaboa ano gye daberε wᴐ aherawa no mu, na εma yεn bo so akwan no sisi.

Mfuturo tumi nso ma korᴐtoa anaa ntehyeewa kye obi. Ɛma home ho yε den, na εnsisi so. Sε yεhwε mfuturo bi te sε deε εfiri esam, nnuaba, nnua, ne nnuro a yεde hyε nneεma ma n’ahosuo sesa no a, εtumi de εwabᴐ ne hwintie ba, na εma onipa bo so kye. Ntehyeewa a yεtumi nya no wᴐ nnwuma mu no ha adwene deε, nanso home a εtwitwa sisi na εnsisi soᴐ ne aherawa mu nyarewa a mfuturo de brε onipa no ani yε nyan.

Aherawa mu yareε a ano yε den no fa kεseε no ara firi nnwuma mu. Sε wo ne nneεma binom a εha home te sε Respirable Crystalline Silica a wᴐtwa no tia ka no (RCS) no nya nkitaho pii a, εtumi ma wonya yareε bi te sε silicosis ne aherawa mu kisikuro.

Awerεhosεm a εwᴐ mu ne sε aherawa mu yareε a yεnya firi mfuturo mu ne εso nsunsuansoᴐ no yε koankorᴐ. Deε εhia pa ara ne sε yεbεbᴐ yεn ho ban wᴐ mfuturo ho na akᴐfa ᴐhaw a εte sεε ammrε yεn. Ɛsε sε adwuma mu mpanimfoᴐ ne nnuwma wuranom ma wᴐn adwumayεfoᴐ no apᴐmuden yε wᴐn ahiasεm kεseε pa ara na wᴐhwε sε mfuturo ano bεte akᴐ fam koraa wᴐ nnwuma no mu.

  1. Mfuturo ne Honam no

Deε εwᴐ mfuturo ho ne sε εwᴐ sε εgu baabiara, a honam no ani ka ho. Ɛmfa ho ne nneεma a wobεhyehyε de abᴐ honam no ho ban anaa wode bεra soᴐ, honam no bi wᴐ hᴐ a saa nneεma no nyinaa akyi no, εtumi kye mfuturo, na εtumi ma honam no da nsεnkyerεne binom adi a εkyerε sε wode biribi a εmpε aka no. Sε mfuturo kᴐ honam no ani kyε a, εtumi de ahoᴐhene ba, εtumi ma honam no ani hwane, na εtumi nso ma honam no ani ho yε hoyaa.

Mfuturo binom a εfiri mfididwumabea bi nnwuma mu ba no kita nnuro bi a ano yε den a carcinogen wᴐ mu, na εbεtumi ama onipa bi anya honam ani kisikuro a ano yε den.

Saa nneεma yinom yε deε yεn adwene nkᴐᴐ so koraa. Apᴐmuden mu nsunsuanso bᴐne ne nyarewa a yεnya firi mfuturo mu no dᴐᴐso pii. Ɛnyε apᴐmuden nko na mfuturo nya nsunsuansoᴐ wᴐ so, na mmom εtumi nya nsunsuansoᴐ wᴐ adwumayε nso so. Ↄfa mmeinu no bεka adwene no no adwumayε mu haw ho asεm.

Tags: (RCS)AherawaHonamMfuturonipadua
Deɛ atwam

Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

Deɛ ɛdi hɔ

Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu – Kɔkɔbɔ ma mmabunu

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu – Kɔkɔbɔ ma mmabunu

Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu - Kɔkɔbɔ ma mmabunu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?