• Twi
  • Fante
09:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/27/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so
0
SHARES
206
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Hwan na ᴐmpԑ aninntᴐnnwi a ԑyԑ tenten, na ԑyԑ fԑ? Anintᴐnnwi ntoasoᴐ yԑ fԑ pa ara, ԑma onipa anim hyerԑn, nanso ne fԑ no nyinaa akyi no, ԑwᴐ nsunsuanso bᴐne sԑdeԑ biribiara a ԑwᴐ nsunsuanso papa wᴐ nsunsuanso bᴐne no ara. Ԑtumi ma ani yadeԑ nketewa, ԑtumi ma nipadua no da nneyԑeԑ bi adi a ԑkyerԑ sԑ wᴐde biribi a ԑmpԑ aka no, ԑnna ԑtᴐ da mpo a ԑma ani yadeԑ a ano yԑ den pa ara. Saa atwerԑ yi bԑbue nneԑma bi a ԑsԑ sԑ yԑhyԑ no nso wᴐ nipadua no ho ansa na yԑahyԑ yԑn aninntᴐnnwi.

Deԑ ԑdi kan ne sԑ ԑwᴐ sԑ yԑhunu sԑ aninntᴐnnwi bᴐ aniwa no ho ban. Yԑn ankasa yԑn aninntᴐnnwi no ho hia ma aniwa no yie pa ara. Onyankopᴐn yԑԑ no sԑdeԑ ԑbԑbᴐ yԑn aniwa no ho ban sԑdeԑ mframa nkᴐ so pii, ԑbᴐ aniwa no ho ban firi nsuo ne mfirire ho, na ԑboa te awia ano den so ma aniwa no. Nsuo a ԑwᴐ aniwa no soᴐ no yԑ ahobammᴐ ma aniwa no, nanso sԑ mframa pii kᴐ so a, nsuo no tumi wo, na ԑma mfuturo ne nneԑma nneԑma binom kwan ma no totᴐ aniwa no so. Sԑ wopԑ sԑ wobᴐ aniwa no ho ban firi mmoawa ne nyarewa nketewa binom ho a, mfa wo nsa fi nkeka w’aniwa, ԑmfa nneԑma a wᴐde siesie wᴐn anim anaa wᴐn aninntᴐnnwi a ayԑ fi nka w’ani.

Afei nsunsuansoᴐ bԑn na sԑ woyԑ aninntᴐnnwi ntoasoᴐ a ԑde brԑ wo? Sԑ wohyԑ w’aninntᴐn anaa woayԑ w’adwene sԑ wobԑhyԑ a, ԑsԑ sԑ wohyԑ no nso sԑ berԑ biara a wode biribi foforᴐ bԑka aniwa no, ԑde nsunsuansuo bᴐne nam. ᴐhaw ahodoᴐ a ԑnyԑ na a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba no bi na ԑdidi soᴐ yi;

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  • Ani nyarewa nketewa

Sԑ wode aninntᴐnnwi ntoasoᴐ yi to hᴐ na wosane fa hyԑ bio, anaa sԑ ԑyԑ mono mpo na wode to adeԑ so anaa baabi ansa na wode ahyԑ w’ani a, ԑyԑ fo ma mmoawa a wᴐn ano yԑ den ne efi sԑ wᴐbԑkᴐ akᴐhyehyԑ mu. Sԑ wᴐkᴐhyehyԑ amaman a wᴐde sᴐ aninntᴐnnwi no anaa enwi no ankasa mu a, wᴐtumi kᴐ aniwa no so ma wonya aniwa nyarewa nketewa. Afei nso sԑ woyi na sԑ woampepa w’ani ase a ԑma mmoawa ba w’ani ase, anaa wo ne adamfoᴐ bi kyԑ hyԑ a ԑtumi ma mmoawa trԑ, na ԑma ani yadeԑ.

  • Nneԑma a honam no mpԑ a ԑka no a ԑda nneyԑeԑ bi adi

Nnipa binom wᴐ hᴐ a ne honam no mpԑ sԑ wᴐde saa amaman a wᴐde sᴐ aninntᴐnnwi ntoasoᴐ no ka no, ԑsiane nnuro binom te sԑ formaldehyde a wᴐde yԑ no nti. Wᴐn mu kakraa bi nso honam mpԑ adeԑ a wᴐde yԑ saa enwi no. Saa adeԑ a ԑda a di wᴐ nipadua no mu no tumi ma w’ani akyi hyehye wo, ԑsoasoa, ԑyԑ kuro, anaa nsaa/ԑborᴐ gugu hᴐ. Sԑ wei ano yԑ den pa ara a, ԑsԑ sԑ wᴐde wo kᴐ ayaresabea ma wᴐhwԑ wo ᴐhare so sԑdeԑ ԑbԑyԑ a w’ani no mfira, anaa wonnya ᴐhaw biara a ԑboro so.

  • Ԑsԑe w’ankasa w’aninntᴐnnwi no

Adeԑ baako a ԑwᴐ mu ne sԑ, sԑ wohyԑ aninntᴐnnwi yi mmorosoᴐ a, ԑtumi ma wohwere w’ankasa wodeԑ no. Sԑ woreyi aninntᴐn nwi ntoasoᴐ no a, ԑtumi tete anaa bubu w’ankasa wodeԑ no so, ԑtumi sԑe deԑ ԑma enwi fifiri wᴐ aniwa no ase no. Sԑ ԑkᴐba no saa a, w’ankasa w’aninntᴐnnwi no ntumi mfu.

  • Ani so kuro

Sԑ wode biribi foforᴐ biara ka aniwa no so a, ԑtumi ma ԑso yԑ kuro. Wei ano bԑtumi ayԑ den pa ara. Sԑ amaman a wᴐde sᴐ no bi mu yԑ duru na ԑbi te tᴐ aniwa no so a, ԑma aniwa no yԑ kuro pa ara. Saa ᴐhaw ahodoᴐ yinom na yԑnya firi aninntᴐnnwi. Awerԑ a ԑdi bԑkyerԑ yԑn ᴐkwan a yԑbԑfa so abᴐ yԑn ho ban afiri ani nyarewa a yԑnya firi aninntᴐnnwi so.

Deɛ atwam

W’apɔmuden ho hia wo?

Deɛ ɛdi hɔ

Sԑdeԑ wobԑsi abᴐ wo ho ban afiri aniwa nyarewa a ԑfiri aninntᴐnnwi ntoasoᴐ so ho

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sԑdeԑ wobԑsi abᴐ wo ho ban afiri aniwa nyarewa a ԑfiri aninntᴐnnwi ntoasoᴐ so ho

Sԑdeԑ wobԑsi abᴐ wo ho ban afiri aniwa nyarewa a ԑfiri aninntᴐnnwi ntoasoᴐ so ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?