• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ɛdeɛn na wonim fa nnwodwoeɛ yadeɛ ho?

(Deɛ ɛde ba, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne kwan a yɛbɛtumi afa so asi ano kwan.) Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/27/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Ɛdeɛn na wonim fa nnwodwoeɛ yadeɛ ho?
0
SHARES
166
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnwodoweɛ yɛ yadeɛ a ɛsi wɔ adwene no mu. Ɛyɛ berɛ a mogya a ɛnam ntini no mu kɔ adwene no mu kwan asi, sɛ ɛkɔba no saa a mogya no ntumi nkɔ adwene no mu, na ɛtumi ma adwene no nkwammoa wu ɛfiri sɛ ɛnnya mframa pa ne nnuanennuro mfiri mogya a ɛsɛ sɛ ɛdi aforosianeɛ ba hɔ no ho.

Nnwodwoeɛ yadeɛ si wɔ adwene no mu.

Akwan ahodoɔ mmienu na ɛnam so ma nnwodwoeɛ yadeɛ yi si wɔ nipadua no mu. Deɛ ɛdi kan yɛ sɛ mogya ntumi nnya kwan nkɔ adwene no mu ɛnam sɛ biribi asi ntini no kwan nti.

Deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ sɛ ntini a mogya nam mu de kɔ adwene no mu bɛpae ama mogya anwunu agu adwene no ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nnwodwoeɛ yɛ yadeɛ a ɛtwa sɛ yɛtwe yɛn adwene kɔ so ntɛm, na yɛtumi si ano nso ntɛm.

Nsɛnkyerɛnneɛ a nnwodwoeɛ yadeɛ da no adi

Sɛ wo ankasa anaasɛ obi a wonim no nya nnwodwoeɛ yadeɛ a, bɔ mmɔde sɛ wobɛhyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi no nso ɛfiri sɛ wohunu no ntɛm de kɔ ayaresabea ntɛm a, ɛtumi boa ma adɔkotafoɔ hunu kwan a wɔbɛtumi afa so asi ano nso ntɛm. Ma yɛnhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ nnwodwoeɛ yadeɛ yi ho.

1. Nipa a ɔwɔ yadeɛ no nya haw wɔ ne kasa mu. Ne nteaseɛ wɔ asɛm ho kɔ akyire. Ne kasa yɛ nyaa anaasɛ obi kasa ne ho a, ɔte deɛ nanso ɔnnya mu nteaseɛ.

2. Saa nipa yi anim, ne nan anaa ne nsa tumi dwodwo mpofirem. Saa nnwodwoeɛ yi tumi si wɔ nipadua no fa. Obi pɛ sɛ ɔhunu sɛ ɔreyɛ anya nnwodwoeɛ yadeɛ a, ɔbɛtumi ama ne nsa mmienu so akɔ soro, ne nsa no mu deɛ ɛbɛgye ne ho aba fam no bɛkyerɛ sɛ saa nipadua no fa na nnwodwoeɛ reka no no.

Nipa no anim fa tumi dwodwo

3. N’ani baako anaa mmienu no nyinaa hyɛ aseɛ sɛ ɛreyɛ wisiwisi anaa tumm mpofirem. Ebinom nso hunu adeɛ mmienu mmienu.

4. Ebinom tumi nya tipaeɛ a ano yɛ den mpofirem, a ɛtaa kɔfa ɛfeɛ ne anisobiri ba.

5. Nanteɛ ho yɛ no den. Ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔrenante nso a, ɔkɔ afaafa.

Nneɛma ahodoɔ a ɛde nnwodwoeɛ yadeɛ ba

1. Wɔn a wɔwɔ mogyaborosoɔ na wɔntu ho anammɔn anaa wɔnhwɛ so nnum wɔn nnuro tumi ma wɔnya nnwodwoeɛ.

2. Wɔn a wɔn ntini a mogya nam mu no asoa anaa ahono.

3. Wɔn a wɔanya akwanhyia ama wɔn ntini no bi pae.

4. Asikyire yadeɛ tumi kɔfa nnwodwoeɛ ba.

5. Wɔn a wɔnom nnuro a ɛnane mogya a abɔ ntoa wɔ wɔn mu ma no boro so.

Yɛn ankasa nneyɛeɛ anaa nnoɔma ahodoɔ bi a ɛbɔ kwan ma nnwodwoeɛ

1. Kɛseyɛ mmorosoɔ

Kɛseyɛ mmorosoɔ tumi kɔfa nnwodwoeɛ yadeɛ ba.

2. Obi a ɔntaa ntenetene n’apɔm

3. Wɔn a wɔnom nsaden ma no boro so.

4. Wɔn a wɔwɔ mogyaborosoɔ

5. Wɔn a wɔwɔ asikyire yadeɛ

6. Wɔn a wɔtaa di nnuane a sradeɛ wɔ mu na adɔɔso wɔ mogya no mu.

7. Wɔn a wɔwɔ abakɔsɛm fa nnwodwoeɛ yadeɛ ho wɔ wɔn abusua mu.

8. Wɔn a wɔn mfeɛ kɔ anim, ne titire ne wɔn a wɔn mfeɛ no firi aduonum nnum rekɔ soro

Kwan ahodoɔ a yɛbɛtumi afa so asi nnwodwoeɛ yadeɛ ano.

1. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ anom wo nnuro sɛdeɛ dɔkota akyerɛ wo.

2. Hwɛ sɛ wonni nnuane a sradeɛ wɔ mu bebree.

Hwɛ sɛ wobɛte sradeɛ nnuanedie bebree so.

3. Twe wo ho firi nnubɔne bi te sɛ taawa nom ho.

4. Wowɔ asikyire yadeɛ a, nom wo nnuro no berɛ ano berɛ ano sɛdeɛ dɔkota akyerɛ wo.

5. Tenetene wo mpɔm

6. Twe wo ho firi nsaden nom ho.

Wohunu yadeɛ yi ho nsɛnkyerɛnneɛ a yɛabobɔ so no mu biara wɔ wo ho a, yɛ no ntɛm kɔhunu wo dɔkota.

Nnwodwoeɛ yɛ yadeɛ bɔne te sɛ yadeɛ a aka no nyinaa ara. Seesei a wo ho yɛ wo den na wonni mmerɛyɛ biara no, bɔ wo ho mmɔden pa ara sɛ wobɛhyɛ saa akwan ahodoɔ a wobɛtumi de asi ano no nso, na tu ho anammɔn sɛdeɛ sɛ. Ɛyɛ pii sɛ wobɛtu ho anammɔn seesei wɔ asomdwoeɛ mu sene sɛ yadeɛ no bɛbɔ wo awie na wode yea ne ɔbrɛ apɛ ho anosie.

Tags: adwene noApɔmudenapɔmuteneteneasikyire yadeɛMogyamogyaborosoɔNtinisradeɛ nnuane
Deɛ atwam

Awodeԑ ano kokoram mu nnidisoᴐ ne nyinsԑn mu nsԑnsԑm a ԑfa ho

Deɛ ɛdi hɔ

Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie

Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?