• Twi
  • Fante
15:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Ↄhemmaa Elizabeth II ho asɛm, ne mfeɛ ne n’abrabↄ mu nsɛm kakra

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/09/2022
wɔ Amanyɔsɛm, Awerɛhosɛm
0 0
0
Queen Elizabeth with Kufour
0
SHARES
98
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nkaebↄ a ɛbɛtↄↄ dwa nnora a ɛhyetaa baabiara yɛ Ↄhemmaa Elizabeth II a na ↄyɛ United Kindom Hemmaa ho asɛm. Birikyie bↄↄ wiase nyinaa nnora, a yɛante asɛmdɛ. Owuo de ne nsa nwununwunu too Eno yi so maa awↄse guu wiase nnipa nyinaa. Buckingham ahemfie na ɛde asɛm yi too dwa wↄ BBC kaseɛ so, na wↄkyerɛ mu a, ne mfeɛ a ↄdii no asase so no yɛ 96.

Ne din nyinaa de Princess Elizabeth Alexandra Mary Windsor, na deɛ dodoↄ no ara de  nim ne Queen Elizabeth. Wↄwoo no Oforisuo 21 wↄ 1926 mu. Saa berɛ no, na obiara ani nna ne so sɛ ↄbɛtumi abɛdi adeɛ, ɛfiri sɛ na ↄda ne papa ne ne wↄfa akyi mmiɛnsa. Ↄbɛdii adeɛ wↄ 1952 mu. Saa berɛ no, na wadi mfeɛ 25 berɛ a ne papa George VI wuiɛ no. Saa berɛ no, na ↄkↄ aporↄbↄ wↄ Kenya.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Wↄde no sii akonnwa no so wↄ bosome 16 akyi wↄ Ayɛwohomummↄ 2, 1953 wↄ Westminster Abbey. Ↄwaree ne nua, nanso na abusua no yɛ abusua tenten. Na ne kunu no din de Prince Philip a na ↄhwɛ Edinburg so. Wↄn awareɛ no kↄↄ so wↄ 1947 mu. Ne kunu no wuu Oforisuo bosome no mu wↄ 2021 mu, na ↄnyaa mfeɛ 99. Ↄgyefoↄ bosome no da a ɛtↄ so 6 mu wↄ afe yi ara mu no na ↄdii ne mfeɛ aduoson soↄ a ↄde bɛdi akↄnnwa no.

Ↄgyefoↄ da a ɛtↄ so 20 mu wↄ afe yi ara mu no, yɛfirii no hunuu sɛ wanya Covid-19. Wagya mma mu nnan wↄ akyire, na wↄn din ne; Prince Charles a wↄwoo no 1948, Princess Anne a wↄwoo no1950, Prince Andew ne Prince Edward a wↄwoo wↄn 1960 ne 1964 mu, na ne nananom yɛ du mmienu.

Ne berɛ no mu no, ↄkuu ne ho de maa ne man yɛɛ adwuma maa ↄman. Ↄde ne nkwa bↄↄ afↄreɛ maa ne man ne commonwealth. Na ↄwↄ dibea ne abodin pii a seesei, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɛbɛyɛ ne baa a ↄbɛdi adeɛ no dea.

Na ↄno ne panin pa ara ma Commonwealth, na ↄyɛ British asraafoↄ no so panin, na na ↄno na ↄdi asↄre a ɛwↄ England no so. Afei nso na ↄyɛ hwɛsofoↄ ma nnwumakuo a wↄyɛ adↄeɛ ne nnwumakuo ahodoↄ 600.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, seesei ne pa Prince Charles na abɛyɛ ↄman no so difoↄ. Ↄman mu no nyinaa retwa agyaadwo firi seesei ara de kↄsi sɛ wↄbɛyɛ ayie no a yɛrehwɛ anim sɛ wↄbɛyɛ no nnadu akyi. Wↄde amu no bɛkↄ Buckingham ahemfie, na ɛbɛdi hↄ nna nnum.

Aban no nni ho kwan sɛ ↄdi biribiara ho nkↄmmↄ, agye sɛ ɛho yia pa ara na ɛyɛ gya so gya so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wↄbɛtumi atwe adwene nyinaa asi Ↄhemmaa yi so yie.

Sɛ yɛhwɛ ne nnwuma pa a wayɛ de aboa ne mman ne wiase afanan nyinaa a, na ɛyɛ anisↄ pa ara. Ne saa nti adeɛ atↄ wiase nnipa nyinaa ani. Yɛsrɛ Nyankopↄn sɛ Ↄmfa ne kra nsie yie, na yɛhyɛ ne ba no nkuran sɛ ↄbɛtoa ne maame nnwuma pa no so.

Tags: BBCQueen ElizabethUK
Deɛ atwam

ODUPƆN ATUTU

Deɛ ɛdi hɔ

Nsɛnkwaayini Baba Spirit Atoa Nananom

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsɛnkwaayini  Baba Spirit Atoa Nananom

Nsɛnkwaayini Baba Spirit Atoa Nananom

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?