• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ɔhaw nnum binom a sɛ wodi mako pii a wobɛtumi akɔ mu

Apɔmuden mu nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
03/15/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Ɔhaw nnum binom a sɛ wodi mako pii a wobɛtumi akɔ mu
0
SHARES
52
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛka atommudeɛ ne atosodeɛ ahodoɔ a yɛde noa nnuane ma nnuane tu hwa na ɛyɛ dɛ a, mako di mu akotene pa ara. Wonoa aduane na woamfa mako anto mu a, worentumi nte aduane no dɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Bio nso, sɛ mako nni aduane binom mu a, ɛtumi ma aduane no yɛ nyan pa ara, titire ne nnuane a wɔde nam mono anoa.

Nnipa binom taa de mako noa wɔn nnuane sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ate aduane no dɛ nanso afoforɔ deɛ, sɛ mako a ɛwɔ aduane no mu nnɔɔso a, wɔntumi nni. Ɛno nti, wɔtumi de mako pii noa nnuane no ma no boro so. Enti wohwɛ a, sɛ yɛdi mako pii a, nsunsuansoɔ bi wɔ mu, anaa ɔhaw biara nni ho?

Ansa na yɛbɛyi saa asɛmmisa yi ano no, ma yɛnni kan nka mfasoɔ binom a yɛnya firi mako mu ho asɛm.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, yɛnya nnuanennuro binom te sɛ Kalsium, protein, potasium, magnisium, kabohaedreti, ne Vaetamɛn C ne B6 firi mako mu. Yei nti, mako ho hia wɔ nipadua no mu pa ara. Adeɛ a ɛwɔ mako mu a ɛma ano tumi yɛ hye no, wɔfrɛ no kapsasin.

Mako so mfasoɔ binom ne sɛ:

1. Ɛboa ma akoma no tumi yɛ adwuma yie

2. Ɛma nipa apɔ so yɛ den na ɛtumi sa nnompe mu yaw

3. Ɛtumi ma onipa so te

4. Ɛboa ma onipa kwati yareɛ bi te sɛ kokoram ne afoforɔ binom

5. Ɛma onipa nkwammoa tumi yɛ adwuma yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya apɔmuden pa

Yeinom ne mako so mfasoɔ binom wɔ nipadua no mu. Nanso deɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne sɛ, yɛnya saa mfasoɔ yinom berɛ a yɛadi mako sɛdeɛ ɛsɛ. Mmom, sɛ yɛdi mako pii ma no boro so a, ɔhaw ahodoɔ a ɛbɛtumi de abrɛ yɛn no mu binom na ɛdidi soɔ yi.

1. Yafunu yareɛ

Wodi mako pii a, ɛbɛtumi ama woanya yafunu yareɛ. Mako pii kɔ yafunu no mu a, berɛ a ayam awie no, kapsasin a ɛwɔ mako no mu no tumi fra ased a ɛwɔ wo yafunum no. Ɛkɔba saa na woyɛ obi a wowɔ kuro wɔ wo yafunum a, ɛbɛtumi ama woate yea a ano yɛ den wɔ wo yafunum, na ɛbɛtumi nso ama ekuro a ɛwɔ wo yafunum no atrɛ.

Yei nti, animdefoɔ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ yam kuro nyinaa twe wɔn ho firi mako ho. Wɔka sɛ, wodi mako pii saa a, ɛbɛtumi ama wo yam ayɛ wo ya pa ara, wobɛtumi nso anya ayamtuo, na ɛbɛtumi ama wo to ahyehye wo berɛ a woregya wo nan.

2. Ntehyeewa

Obi yare ntehyeewa na ɔdi mako pii a, ɛbɛtumi ama ne yareɛ no aka ne ho. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, sɛ mako no fa baabi a mframa nam wɔ nipadua no mu a, ɛbɛtumi ama ntehyeewa no ama ne homene so. Ɛba saa na sɛ onipa no nni aduro wɔ ne nkyɛn anaa obiara nni nkyɛn a, ɛbɛma ne ho akyere no pa ara. Yei nti, sɛ obi yare ntehyeewa a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔrenni mako pii.

3. Ɛtumi ma mmarima ahoɔden so te

Ɔbarima bi di mako pii a, ɛbɛtumi ama ne mmarimayɛ ho aba asɛm pa ara. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, adeɛ bi wɔ mako mu a wɔfrɛ no piperine a ɛtumi sɛe mmarima ho nsuo. Wɔkyerɛ mu sɛ, sɛ saa piperine yi wura nipadua no mu a, ɛtumi kɔgyina faako a mmarima ho nsuo gu no na ɛma ahoɔden a ɛwɔ ɔbarima nsuo mu no gyene.

4. Ɛma wonya ɔhaw binom wɔ w’anom

Ɔhaw foforɔ a mako pii a yɛdi no de brɛ yɛn ne sɛ, ɛtumi sɛe nneɛma binom wɔ yɛn anom. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, mako pii a yɛbɛdi no bɛtumi asɛe adeɛ a ɛma yɛte dɛ anaa nwononwono wɔ yɛ anom no. Yɛde yɛn anom a ɛbɛhyehye yɛn, nisuo a ɛtumi firi yɛn ani so ba berɛ a yɛredi mako a ano yɛ hye pa ara ne yɛn hwenem a ɛtumi sɔne nsuo no to nkyɛn a, yɛbɛtumi anya nsuansuansoɔ bɔne binom a ɛbɛtumi adane yɛn koankorɔ wɔ yɛn anom.

5. Ɛma yɛn menem hyehye yɛn

Nhwehwɛmufoɔ ada no adi sɛ, sɛ wogyina wo nan so di mako pii a, ɛbɛtumi ama wo menem ahyehye wo pa ara. Wɔkyerɛ sɛ, yei bɛtumi ama nnipa binom mpo menem ayɛ kuro. Wɔkyerɛ sɛ ɛtɔ da a, saa menem kuro yi ko nna fam koraa.

Wodi mako pii na w’anom hyehye wo na sɛ wonom nsuo a, ɛbɛtumi ama mako no ahyehye wo bebree. Mmom, deɛ wobɛtumi ayɛ ama mako no ano adwo ne sɛ wobɛdi kwadu anaa wobɛnom meleke.

Tɔfabɔ

Mako akɔyɛ te sɛ kokuromoti a yɛnsane ne ho mmɔ pɔ wɔ aduanenoa mu. Nanso, sɛ yɛanni no wɔ ɔkwan a ɛfata so na yɛdi pii ma no boro so a, ɛbɛtumi de ɔhaw bebree abrɛ yɛn nipadua no. Yei nti, ɛho hia pa ara sɛ yɛhwɛ sɛdeɛ yɛdi mako no yie.

Tags: makonsunsuansoɔ a mako de brɛ nipadua noɔhaw a mako pii a yɛdi de brɛ yɛn
Deɛ atwam

Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu

Deɛ ɛdi hɔ

Mfasoɔ a mmaa nya firi karɔto mu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mfasoɔ a mmaa nya firi karɔto mu

Mfasoɔ a mmaa nya firi karɔto mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?